Ka Ahenni Anidaso No Kyerɛ Afoforo
1 Anidaso bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo ka kyerɛ? Ɛda adi sɛ ɛnyɛ amammui kwan so anidaso bi a onipa de ma? Abakɔsɛm kyerɛ sɛ anidaso a ɛtete saa nyinaa yɛ hunu. Nokwarem no, nnipa nhyehyɛe ntumi mma adesamma nneɛma a wohia ne nkwagye a enni awiei. (Dw. 146:3) Anidaso a ɛwɔ hɔ ankasa ne Ahenni a Yesu kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ ho mpae no.—Mat. 6:10.
2 Yiw, ɛfata sɛ yɛka Ahenni anidaso no ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu. Yehowa nkurɔfo nim sɛ Ahenni no na Onyankopɔn nam so beyi Satan ne wɔn a wogyina ne nniso akyi nyinaa afi amansan yi mu. Ahenni no beyi ahohorabɔ a wɔde aba Yehowa din so bɛyɛ mfe 6,000 no nyinaa afi hɔ. Na, anigye so no, Ahenni no de Yesu afɔre no mu ogye tumi no bedi adesamma ho dwuma, ayi amanehunu ne ɛyaw nyinaa afi hɔ. Wɔ ne mfirihyia apem nniso no ase no, wobenyan ɔpepepem pii a mprempren wɔwɔ owu mu no.
FA “LET YOUR KINGDOM COME” DI DWUMA
3 Yesu ka siei sɛ wɔ awiei bere no mu no n’asuafo bɛka “ahenni no ho asɛmpa yi.” (Mat. 24:14) Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛrenya kyɛfa wɔ nea ɛyɛ adesamma anidaso ankasa—Onyankopɔn ahenni—no ho dawuru a wɔbɛbɔ akyerɛ afoforo no mu. Afe a etwaam no mu wɔ yɛn “Ahenni Nokwaredi” ɔmantam Nhyiam horow no ase no yɛn ani gyei sɛ yɛn nsa kaa nhoma foforo a ɛbɛboa yɛn wɔ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn yi mu—nhoma “Let Your Kingdom Come” (anaa “W’ahenni Mmra”) no. July mu no yɛwɔ hokwan fɛfɛ sɛ yɛde bedi dwuma wɔ afie afie asɛnka mu.
4 So woasusuw ɔkwan a wobɛfa so aka Ahenni anidaso no akyerɛ denam nhoma foforo yi so no ho? Ti a edi kan no nkyekyem a edi kan a ɛwɔ nkratafa 5 ne 6, ne mfonini fɛfɛ a ɛtwe adwene kɔ asase so paradise so no bɛyɛ asɛnka a ɛfata. Dɛn nti na wonhwɛ saa nkyekyem yi mu na wompaw nsɛntitiriw a wobɛpɛ sɛ wode di dwuma a ɛne mpaebɔ “W’ahenni mmra” no hyia.
5 Dwuma pa bɛn na yebetumi de Ahenni no ho nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ nnaka ahorow mu wɔ nhoma no mu no adi? Nea ɛwɔ kratafa 11 no asɛmti ne “Paara a Onyankopɔn Ahenni no Yɛ.” Ɛka Ɔhene no, Ɔsoro Yɔnko Adedifo, n’Ahemman, ne Man Mma Nokwaredifo, ne Mmara Horow ne ne Nkyerɛkyerɛ Nhyehyɛe ho asɛm. Hyɛ adaka a ɛwɔ kratafa 25 a n’asɛmti ne “Nea Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ” no nso nsow. Wubetumi abisa ofiewura no asɛm te sɛ, “So wokae nneɛma a Bible kyerɛ sɛ Ahenni no bɛyɛ ama adesamma no binom?” Afei twe adwene kɔ mmuae a ɛwɔ kratafa 25 no so.
6 Mfonini ahorow twetwe adwene bere nyinaa, titiriw mmofra. Nea ɛka paradise mfonini fɛfɛ a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no ho no, mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ nso wɔ nkratafa 52 ne 53, 77, 148 ne 149, 180 ne 181. Wubehu sɛ mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 148 ne 149 no ho wɔ mfaso ma nkɔmmɔbɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu anaasɛ sankɔhwɛ mu, efisɛ ɛda Bible no asɛmti a ɛne Ahenni no adi, a mfonini ahorow a ɛfata ka ho.
7 Eyinom yɛ nhoma foforo “Let Your Kingdom Come” no mu nneɛma a ɛyɛ anigye no kakraa. Wɔakyerɛw no ɔkwan bi so a emu da hɔ nanso ɛyɛ anigye. Nsemmisa ahorow a emu da hɔ a kyerɛw nsɛm ahorow a wɔdan adwene kɔ so ka ho no bɛboa wo ma wo ne ofiewuranom asusuw Onyankopɔn ahenni no ho. Enti momma yɛn nyinaa nnya anigye sɛ yɛde nhoma foforo yi bɛma.
AHOSIESIE PA
8 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi de nhoma no adi dwuma yiye no, ɛho hia sɛ yɛkenkan no yiye. Ebedu saa bere yi de pii ayɛ saa na enti wonim emu nsɛm no. Dodow a wunim wɔ Ahenni anidaso no ho no, dodow ara na wubetumi aka ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ Ahenni anidaso a ɛyɛ nwonwa no kanyan wo koma na wowɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛbam a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wode anigye bɛbɔ no dawuru akyerɛ afoforo.