Kɔ So Ka Onyankopɔn Ahenni Ho Asɛm
1 Yɛn nyinaa abɔ mpae sɛ “W’ahenni mmra.” Dɛn na saa” nsɛm a efi yɛn Awurade Mpaebɔ no mu no kyerɛ ma wo? (Mat. 6:10) Yɛn mu binom fi ase susuw nneɛma a ɛbɛka yɛn ankasa, te sɛ ɔyare, owu, ne asase so biribiara a wɔresɛe no a ɛbɛba awiei ho, anaasɛ yesusuw paradise asase a ɛbɛba ho. (Adi. 21:4; Yes. 65:17) So nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a enti yɛbɛpɛ sɛ Ahenni no ba?
2 Onyankopɔn ahenni a ɛbɛba no nso bɛkyerɛ nniso a ɛyɛ pɛ a ɛnam ahene mu Hene no so. Ɛde Yehowa tumidi besi hɔ na ayi Satan nniso afi hɔ. Wiase nhyehyɛe foforo bɛba asase so nyinaa. Adesamma nneyɛe nyinaa bɛda Onyankopɔn dɔ ne yɔnko dɔ adi. Ɛbɛkyerɛ nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn aba asase foforo no so na wɔn adɔfo ayɛ wɔn atuu. (Aso. 24:15) Ɛno bɛyɛ bere a Kristo mfɛfo adedifo 144,000 no anigye bɛda adi wɔ Ahenni no mma ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so a wɔrenyin akɔ pɛyɛ mu no mu.
3 Saa anidaso fɛfɛ yi ho anisɔ a wɔwɔ ne afoforo yiyedi ho anigye a wɔwɔ nti, Yehowa nkurɔfo bɔ ‘ayeyi afɔre, a ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’ (Heb. 13:15) Ɛma yɛde anigye ne nnamyɛ yɛ yɛn afie afie adwuma no bere a yɛhwehwɛ wɔn a ‘wosi apini na wodi nkɔmmɔ’ wɔ nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asase so no ho no. (Hes. 9:4) Sɛ yehu wɔn a, yehu hia a ehia sɛ yɛde nneɛma a yɛn ankasa yɛ de gye yɛn ani to nkyɛn, sɛ ɛho hia a, na yɛboa wɔn ma wosua Ahenni anidaso no ho ade na wɔyɛ nsakrae horow a ɛho hia na wɔabɛyɛ saa nniso no mma.
4 April mu no yɛhyɛɛ wɔn a wɔwɔ ho anigye no nkuran sɛ wɔnkra Ɔwɛn-Aban, no bi, amanaman ntam nsɛmma nhoma a ɛbɔ Yehowa Ahenni ho dawuru. So wuhyiaa obi a n’ani gyei sɛ wokɔɔ ne nkyɛn na ɔkrae? Bere a yɛkɔ so hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnkra wɔ May mu no, ebia wubetumi ayɛ ma atu mpɔn kɛse, afei a woanya osuahu bi no. So wubetumi aboa w’abusua mufo anaa afoforo a wɔwɔ asafo no mu ma wɔanya adwuma no mu kyɛfa May mu? Anaa, ebia obi a ɔwɔ asɛm no ho anigye a wo ne no asua nokware ahorow a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho bere tenten bi no ayɛ krado afei sɛ ɔno ankasa befi ase abɔ Ahenni no ho dawuru wɔ afie afie. So wubetumi aboa no ma wafi ase ɔsram yi? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ bɔ mmɔden.
5 Nea ɛka afie afie adwuma no ho no, mmere afoforo wɔ hɔ a yebetumi aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. So wo ne obi afi nkɔmmɔbɔ ase bere a moapɔn awia rekodidi anaa bere foforo na wode hokwan no aka Ahenni no ho asɛm? Ebinom ne nkurɔfo kasa wɔ mmɔnten so ma ɛho ba mfaso. (Aso. 17:17) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, dɛn nti na womfa nkratawa, nsɛmma nhoma anaa nhoma mpo nhyɛ wo nneɛma mu bere nyinaa. Bere a ɛfata no wo ne afoforo mfi nkɔmmɔbɔ ase. Nnipa pii abehu nokware no denam akwan horow yi a wɔnam so ka Ahenni asɛmpa no so.
SANKƆHWƐ
6 Sɛ woatumi ama obi a ɔwɔ asɛm no ho anigye akra nsɛmma nhoma no bi a, mma wo werɛ mfi aba a woadua no, na mmom san kogugu so nsu na afifi. (1 Kor. 3:6.) Sɛ wosan kɔ a, dɛn ho asɛm na wobɛka? Wubehu nsɛmti ahorow fɛfɛ a wɔahyehyɛ wɔ New World Translation Bible foforo no akyi wɔ Bible mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ ase. Yɛhyɛ mo nkuran sɛ momfa eyinom nni dwuma sɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmmɔbɔ nnyinaso. Twe adwene kɔ saa mmoa fɛfɛ yi so na ofiewura no atumi adi akyi; Ebia eyi bɛboa no ma wanya nsemmisa afoforo a ebia ɔwɔ ho mmuae. Ebia kyerɛw nsɛm a ɛwɔ asɛmti “Ahenni” ase no ho nkɔmmɔbɔ de mo bɛkɔ Bible adesua wɔ “Nokware” nhoma no mu tee.
7 ‘Ɛho hia’ sɛ yɛn nyinaa nya Ahenni asɛnka adwuma no mu kyɛfa. (1 Kor. 9:16) Ɛho hia sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no te Onyankopɔn Ahenni nniso ho asɛmpa no. (Mat. 24:14) Bere a yɛde anigye ne ntɛmpɛ ho adwene a ɛfata ka saa asɛm yi no, Yehowa bɛkɔ so de ne nhyira agu so.