Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/82 kr. 1-3
  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Krataa a Efi Baa Dwumadibea
  • Yɛn Ahenni Som—1982
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • So Yebetumi Ayɛ Pii Wɔ April 2000 Ɔsram no Mu?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Wiase Nyinaa Ɔsom Akontaabu—Biribi a Ɛma Yɛn Ani Gye
    Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1982
km 5/82 kr. 1-3

Krataa a Efi Baa Dwumadibea

Anuanom Adɔfo:

Hwɛ anigye ara a yenyae wɔ asɛmti ‘Onyankopɔn Asomfo’ a na ɛwɔ March 15, 1981 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no ho. Sɛnea ɛkae wɔ kratafa 18 no: “Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ nyinaa, a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ mmarima anaa mmea, anaasɛ mfe a wɔadi mfa ho, betumi ayɛ adawurubɔfo, asɛnkafo, asomfo, . . . sɛ wɔnam wɔn suban ne wɔn adansedi so kyerɛ eyi a.” Sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no, yɛn nso yɛpɛ sɛ ‘yɛhyɛ yɛn som anuonyam.’ So ɛnyɛ saa na wote nka wɔ ho? Nea ɛne asɛm a wɔada no adi nnansa yi wɔ asɛmti yi ho hyia no, ɛfata sɛ saa kratawa yi din no ba afei wɔ Borɔfo mu sɛ Our Kingdom Ministry.

So woahyɛ asɛmti foforo bi a ɛba Borɔfo Nyan! nsɛmma nhoma no mu, efi January 8, 1982 de no so, no nsow? Efi ɛno so no, Borɔfo Nyan! no da nsɛm atitiriw bi a wɔahyɛ da asiesie ama wɔn a wonnya nnii mfe aduonu ne wɔn a wɔaboro mfe aduonu kakraa bi no. Saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ nsemmisa ahorow a ɛwɔ mmerante ne mmabaa adwene mu mu, enti yebetumi de adi dwuma bere a yɛne wɔn kasa wɔ adansedi mu. Nsɛm a aba dedaw no binom ne: “So Biribi Wɔ Hɔ a Ɛfata Sɛ Wogye Di?” “So Onyankopɔn Dwen Me Ho Ampa?” “Sɛ Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho a Dɛn Nti na Ɔhaw Pii Saa Wɔ Hɔ?” “Nkɔanim​—So Nea Ɛho Hia wɔ Asetra mu Nyinaa Nen?” ne afoforo. Hwɛ sɛ wobɛkɔ dapɛn a efi ase May 9 ɔsom nhyiam no bere a wɔbɛka dwuma a yɛde nsɛm ahorow yi bedi ho asɛm no.

Amerika Baa Dwumadibea no aka akyerɛ yɛn sɛ ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo bɛboro 41,000 a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa no kɔɔ Ahenni Som Sukuu foforo no wɔ asram kakraa a etwa to wɔ afe a etwaam no mu no mu. Ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo a wɔwɔ Ghana no benya hokwan koro no ara efi ɔsram a ɛreba no. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛkanyan adwuma no.

Asram abiɛsa anaa anan bere mu no ɔsom afe no bɛba awiei. So na w’adwene wɔ so saa? Saa afe yi asafo nkontaabu dodow no ara kaa akyi bere nyinaa esiane krataa-mana dwumadi nhyehyɛe a sɛe ara na ɛresɛe no nti. Enti anuanom, monhwɛ sɛ mode mo nkontaabu a edi akyiri no bɛma ntɛm wɔ bosome no da a etwa to. Na mo akyerɛwfo, monhwɛ sɛ mode asafo nkontaabu no bɛmana ntɛm anaasɛ mode bɛbrɛ yɛn ntɛm sɛnea mubetumi.’ Mmeae horow bi wɔ hɔ a ɛbɛka akyi dodo, sɛ mode mana ɔsram no da a ɛto so 6 sɛnea wɔahyɛ nyansa no a. Enti momfa mmana ntɛm! Momma yɛn nyinaa mma asram a aka wɔ 1982 ɔsom afe no mu no nyɛ asram a yɛde bɛyɛ ɔsom adwuma kɛse na yɛabu akontaa ntɛm.

Mo nuanom,

ACCRA BAA DWUMADIBEA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena