Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/80 kr. 3
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 9/80 kr. 3

Teokrase Nsɛmmansɛmma

◆Nea edi kan koraa wɔ Italy nkontaabu mu no, wɔanya adawurubɔfo bɛboro 80,000, na mprempren adawurubɔfo 81,828 na wobu akontaa. Wɔyɛɛ ofie Bible adesua bɛboro 56,000, na sɛ wɔkyekyɛ mu pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara de nnɔnhwerew 12 kaa asɛm wɔ bosome koro mu.

◆France nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo, ma 68,682 nyaa asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa. Eyi boro afe a etwaam no de so ɔha biara mu nsia.

◆Brazil nyaa ɔha biara mu nkɔanim anum, ma wɔn adawurubɔfo no adu 107,251, nkɔanim a ɛsen biara. Wɔbɔɔ 2,503 asu wɔ ɔsom afe no abosome anum a edi kan no mu, na mprempren wɔyɛ Bible adesua bɛboro 68,000.

◆Japan adu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo a ɛyɛ 52,774. Eyi boro afe a etwaam de so ɔha biara mu du. Adawurubɔfo de nnɔnhwerew 15 kaa asɛm wɔ bosome biako mu nnansa yi. Wɔ saa bosome no mu no, adawurubɔfo no mu ɔha biara mu aduonu-nsia de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma no fã bi mu.

◆Ivory Coast anya adawurubɔfo nkɔanim foforo a ɛsen biara, 1,322. Mprempren wɔyɛ ofie Bible adesua bɛboro 1,600.

◆Mfirihyia abien a atwam ni fi bere a wɔde Akwampaefo Ɔsom Sukuu no sii hɔ wɔ Akim Tafo, March 1978 mu no, akwampaefo 605 akɔ saa sukuu titiriw no bi. Akwampaefo a wɔfata na wobetumi nyinaa akɔ bi. Mprempren de wɔato Tafo sukuu no mu, na efi saa bere yi rekɔ no, wɔbɛyɛ sukuu no bere ne bere mu wɔ ɔmansin ahorow no mu mmeae a akwampaefo wɔ, bere a akwampaefo a wɔdɔɔso sɛnea ɛsɛ a wobetumi de wɔn ayɛ wɔ hɔ.

◆Anuanom a wɔwɔ Akim Tafo ada wɔn anisɔ adi sɛ wɔyɛɛ sukuu no wɔ wɔn asasesin mu, ɛma wonyaa nkɔanim wɔ nnipa dodow a wɔkɔ adesua no mu na ɛma wonyaa adawurubɔfo pii, na esiane sɛ wɔyɛɛ asasesin no mu adwuma ntoatoaso nti, nnipa pii abenya obu ne anisɔ ama nokware no. Ade a ɛda Yehowa nhyira ne n’asomfo anokwafo a wɔde bere nyinaa som no ahofama adi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena