Wiase Nyinaa Ɔsom Akontaabu—Biribi a Ɛma Yɛn Ani Gye
1 Wiase nyinaa ɔsom akontaabu ma 1986 no di adanse pefee sɛ Yehowa nkurɔfo de anigye yɛɛ nea afe asɛm no kae sɛ wɔnyɛ no, sɛ: “Kɔ . . . kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm!” (Luka 9:60) Ɛkyerɛ nso sɛ Yehowa ahyira yɛn mmɔdenbɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no so kɛse. Hwɛ sɛnea yɛn nyinaa ani agye sɛ yɛanya kyɛfa wɔ Yehowa din ho ayeyi ho osebɔ kɛse no mu!—Dw. 95:1, 2.
2 Bere a yɛhwehwɛ 1987 Afe Nhoma akontaabu no mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛka yɛn ma yɛayi Yehowa ayɛ kɛse mpo, na yɛada honhom a ɛwɔ Dawid asɛm a ɔkae a efi honhom mu no adi, sɛ: “[Yehowa], mɛda wo ase me koma nyinaa mu, Megye m’ani na madi ahurusi wɔ wo mu.” (Dw. 9:1, 2) Esiane kwan a Yehowa afa so ayi akwanside ahorow afi hɔ, adi ɔsɔretia so, na ama yɛn som adwuma no adi yiye no nti, ɔfata ayeyi ampa.—1 Kor. 3:6, 7; fa toto Dwom 9:7-11 ho.
ƆSOM AKONTAABU A ƐDA NSOW
3 Yiw, na 1986 ɔsom afe no da nsow wɔ akwan nyinaa so. Yɛmaa nhoma pii sen afe a edii ɛno anim no. Nhoma akɛse a yɛde mae no yɛ ɔha biara mu nkɔanim 23.9, a ne dodow yɛɛ 23,828,314. Susuw nnipa ɔpepem pii a woanya hokwan akenkan Ahenni no ho asɛm a ɛwɔ nhoma ahorow yi mu no kɛse no ho!
4 Yetumi nya sɛnea na Yehowa nkoa ani abere wɔ afe no mu no ho adwene bere a yesusuw nnɔnhwerew 680,837,042 a wɔde yɛɛ asɛnka adwuma no ho no. Ɛno yɛ 1985 de no ɔha biara mu nkɔanim 15. Sɛ wɔkyekyem a, wɔde saa nnɔnhwerew no mu ɔpepem pii yɛɛ ofie Bible adesua 2,726,252 ɔsram biara, ɔha biara mu nkɔanim 14.6 a ɛyɛ anigye kɛse.
5 Tu a ɔsom adwuma yi tu mpɔn wɔ asuafoyɛ mu no da adi pefee. Nnipa 225,868 a wɔbɔɔ wɔn asu no yɛ 1985 de no ɔha biara mu nkɔanim 19. Adawurubɔfo no dodow nso yɛ ɔha biara mu nkɔanim 6.9. Sɛ wɔkyekyem wɔ afe no mu a, na ɔsram biara de yɛ 3,063,289. Ná dodow a ɛsen biara no yɛ 3,229,022. Akwampaefo ɔha biara mu nkɔanim 21.2 a sɛ wɔkyekyem ɔsram biara a wɔyɛ 391,294 no da nsow.
6 Ahenni adawurubɔfo dodow nkɔanim kɛse no maa ɛho behiae sɛ yɛtew asafo afoforo pii wɔ afe no mu. Dodow a ɛwɔ wiase nyinaa no duu 52,177 a ɛyɛ nea ɛboro asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ 1985 mu no so 2,461.
7 Yɛn nyinaa ani begye sɛ yebehu sɛ 8,160,597 na wɔbaa Nkaedi no ase March 24. Eyi yɛ afe a edii ɛno anim de no ɔha biara mu nkɔanim 4.7. Sɛ yesusuw nea yetumi yɛe wɔ nsase 208 so wɔ ɔsom afe a etwaam yi mu ne nkɔso a ebetumi aba no ho a, yɛwɔ biribi kɛse a yebegyina so anya anigye na yɛada Yehowa ase nso wɔ ne papayɛ no ho.—Dw. 22:22.
GHANA AKONTAABU
8 Na Ghana akontaabu no nso ɛ? Sɛ wɔkyekyem a, yenyaa adawurubɔfo 28,635, a ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 9. Yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara wɔ August mu a ɛyɛ 32,211. Dodow a wɔbaa Nkaedi no ase no boro 1985 de no so a ɛyɛ ɔha biara mu nkɔanim 21, na asafo ahorow a ne dodow yɛ 528 na yɛde wiee ɔsom afe no. Nea ɛda nsow titiriw ne akwampaefo a wɔn dodow kɔɔ anim no. Wɔn dodow a na ɛyɛ 2,122 wɔ 1985 ɔsom afe no awiei no kɔɔ soro koduu 2,584 wɔ 1986 ɔsom afe no awiei. Sɛ wɔkyekyem a, asafo adawurubɔfo nso nyaa nnɔnhwerew a ɛsɔ ani na eyi kyerɛ nnamyɛ a yɛakura mu wɔ asɛnka adwuma no mu ne yɛ a yɛyɛ no daa.
NEA ƐDA YƐN ANIM
9 Bere a yɛkɔ yɛn anim wɔ 1987 ɔsom afe no mu no, yɛkɔ so hwɛ Yehowa kwan na ɔde ne nhyira agu yɛn dwumadi nyinaa so. Yɛda so ara wɔ “pii yɛ wɔ Awurade adwuma mu.” (1 Kor. 15:58, NW) Nnipa ɔpepem pii de anigye retie Ahenni asɛm no wɔ baabiara. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ nhoma ahorow no kɔ so ara ka wɔn nsa.—Mat. 5:3, 6.
10 Bere a ɛkɔ so nya Ahenni ho asɛmpa no ka mu kyɛfa kɛse wɔ 1987 mu no, ɛmmra sɛ yɛn afe asɛm a ɛwɔ Yosua 24:15 no bɛkanyan yɛn, sɛ: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa].” Nkɔso ahorow a Yehowa bɛma aba wɔ ɔsom afe yi mu no de ayeyi foforo bɛba ne din no so.