Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 5
Dwom 57
13 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Fa dapɛn awiei asɛnka adwuma mu kyɛfa a wobenya ho nkuranhyɛ ka ho, titiriw Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi. Afei nso, dapɛn a etwa to wɔ December mu no yɛ nea adwumayɛfo pii mfa nkɔ adwuma koraa esiane Buronya no nti. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wode bere no bedi dwuma nyansa mu wɔ asɛnka mu. Dan adwene kɔ nsɛmma nhoma dwumadi so, na hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsɛmma nhomakra a wobenya mmra ntɛm. Ɔkyerɛwfo de nsɛmma nhoma a wɔkra bɛmana Asafo ti no dapɛn biara na wɔn a wɔkra no nsa aka no ntɛm. Di nsɛntitiriw a ɛwɔ “Nsɛmma Nhomakra a Ɛrewu Ho Nhyehyɛe” mu ho dwuma.
17 min: Asɛm “Sɛnkyerɛnne Kwan So ‘Apɔnkɔ’ no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye” ho nsemmisa ne mmuae dwumadi, Hyɛ obiara nkuran ma ɔntwe adwene kɔ nsɛmma nhoma a wɔbɛkra so wɔ December ne January mu, na ɔmfa ‘nnapɔnna’ a ɛreba a wɔremfa nkɔ adwuma no nkyekyɛ nsɛmma nhoma pii.
15 min: Ma ɔpanyin mma ɔkasa a egyina asɛm “Tɛkrɛma a Wɔatete No—‘Na Ahyɛ Wɔn a Wɔahaw Nkuran’” a ɛwɔ June 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 9-14, no ho dwuma. Kyerɛkyerɛ sɛnea yɛn nyinaa betumi de saa afotu yi adi dwuma wɔ mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛboa wɔn a wɔn werɛ ahow mu no mu.
Dwom 95 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 12
Dwom 91
5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne sika nkontaabu.
15 min: “Mmofra—Momfa Nokwaredi Nsom Yehowa.” Nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ nkuran a ɔpanyin di ho dwuma. Ma awofo ne mmofra nkyerɛ sɛnea wobetumi de afotu no adi dwuma. Si asɛyɛde a mmofra wɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn fam de wɔ abusua no mu ne asafo nhyehyɛe horow mu denam osetie a wɔbɛyɛ ne wɔn pɛ mu a wofi benya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no so.
10 min: “Mmofra Bisa sɛ: . . . ” Onua a ne ho akokwaw bɔ sɛnea wobetumi de saa asɛm a ɛwɔ Nyan! mu yi adi dwuma wɔ mo asasesin mu no ho nkɔmmɔ. Yɛ ɔkwan a wobetumi afa so de nsɛmma nhoma ama, denam nsɛmma nhoma a aba nnansa yi mu nsɛntitiriw a ɛwɔ saa asɛm no mu a wɔde bedi dwuma so ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo a wosusua nkuran ma wonnya dapɛn a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa.
15 min: Nokwaredi ma Yehowa wɔ Sukuu Mu. Ɔpanyin bisabisa mmofra nsɛm wɔ sukuu mu tebea horow ho, faako a wohyia nhyɛso horow a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bɛsɛe wɔn gyidi ne wɔn abrabɔ. To nsa frɛ mmofra sɛ wɔnkyerɛkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow a wobesusuw ho bere a nsemmisa ahorow a ɛfa nsɛm a edidi so yi ho sɔre no mu: (1) nhyehyɛe a ɔbarima ne ɔbea yɛ bom fi adi (2) agumadi mu kyɛfa a wobenya. (3) anigyedeyɛ ahorow mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ, (4) amansɛmdi mu nneyɛe ahorow, anaasɛ (5) nsɛm afoforo a ɛtaa sɔre wɔ faako a mowɔ. Dan kɔ Youth nhoma so. ti 8, 16-19.
Dwom 65 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 19
Dwom 45
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma asafo nhu asɛnka adwuma nhyehyɛe horow wɔ Buronya bere no mu. “Momma Yenhuhu Yɛn Ho Yiye.” Wo ne nnipa baanu anaa baasa mmɔ nkɔmmɔ wɔ sɛnea wobehuu nokware no ho. Si nhyira a ɛwom sɛ yebehu yɛn ho yɛn ho denam fekuw a yɛne yɛn ho yɛn ho bɛbɔ sɛnea bere ma kwan no so dua.
15 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Anigye a Yɛbɛdan Akɔ Ahyehyɛde No So—Ɔfã 1.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɔkyerɛkyerɛfo pa, ebia Ɔwɛn-Aban adesua so hwɛfo, kyerɛkyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ka ho wɔ yɛn Bible adesua horow mu no mu. Bere a moresusuw nkyekyem 5 ho no, ma ebinom a wɔyɛ Bible adesua nkyerɛ sɛnea wɔayɛ eyi ma asow aba.
15 min: Akwampae Adwuma—Botae a Ɛfata. To nsa frɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo ma wɔnkyerɛkyerɛ sɛnea wɔte nka sɛ wɔanya mfaso denam mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma no so. Si anigye ne asomdwoe a efi nka a yɛte sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani mu ba no so dua. San ti nyansahyɛ a ɛho wɔ mfaso a wɔde mae wɔ March 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 27, 28 mu no binom mu.
Dwom 32 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 26
Dwom 38
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne nneɛma afoforo a ɛho hia.
20 min: Ɛbo a kokoam adesua som no ho anisɔ a yebenya. Kuw nkɔmmɔbɔ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔ sukuu sohwɛfo no akwankyerɛ ase. Ka mfaso horow a ɛkɔ akyiri a efi adesua su horow a eye mu ba ho asɛm. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso a wɔde ama wɔ School Guidebook, ti 7, no ho. Kuw betumi abɔ nsɛm a edidi so yi ho nkɔmmɔ: (1) Nyansahyɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso bɛn na ɛbɛboa yɛn daa ma yɛasiesie yɛn ho ama asafo nhyiam horow? (2) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akenkan nsɛmma nhoma afoforo a ɛba ne nhoma afoforo no nyinaa. (3) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nhwehwɛmu wɔ Bible mu nsemmisa ahorow ho? Kamfo adesua su horow a eye a ɛma wotumi de bere kakraa bi sua ade ma ɛho ba mfaso pii.
15 min: Ɔkasa a ɔpanyin de ma wɔ “Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ March 15, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu, kratafa 31 ho. Hyɛ Kwasida a edi kan afie afie asɛnka adwuma a wɔbɛyɛ no January 2 no mu kyɛfa a wobenya ho nkuran.
Dwom 31 ne mpaebɔ.
DAPƐN A EFI ASE JANUARY 2
Dwom 59
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow ne Yɛn Ahenni Som mu de.
15 min: Monyɛ ho nhyehyɛe.
20 min: Yɛn Som Adwuma no a Yɛbɛyɛ na Yɛahyɛ no Anuonyam. Nkɔmmɔ a mpanyimfo baanu anaa baasa bɔ. a ɔsom adwuma sohwɛfo yɛ oguamtrani. Ka Baa Krataa mu nsɛm. Ka asafo no asɛnka adwuma wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no afã horow a ɛda nsow titiriw ho asɛm. Kamfo anuanom na fa nyansahyɛ ahorow a ɛfa nea mubetumi ayɛ ma nkɔso aba wɔ afe yi mu ma. Ka nneɛma a ɛhaw adwene na ɛmma wontumi mfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu yiye ho asɛm na hyɛ akwan horow a wɔbɛfa so adi ho dwuma ho nyansa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya Memeneda a ɛto so abien nsɛmma nhoma dwumadi wɔ January 8 mu kyɛfa.
Dwom 107 ne mpaebɔ.