Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/82 kr. 2-4
  • Ɔkwan A Wobɛfa So Anya Ho Mfaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkwan A Wobɛfa So Anya Ho Mfaso
  • Yɛn Ahenni Som—1982
Yɛn Ahenni Som—1982
km 11/82 kr. 2-4

Ɔkwan A Wobɛfa So Anya Ho Mfaso

1 Yegye di sɛ nkaebɔ a wɔde ama sɛ yensua Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye nhoma no wɔ asafo nhoma adesua ase, efi January a ɛreba no bɛma mode anigye ahwɛ kwan. Nanso, ɔkwan bɛn na mobɛfa so anya mfaso kɛse afi adesua no mu? Anaasɛ, sɛ wo na wobɛhwɛ adesua no so a, dɛn na wubetumi ayɛ na obiara anya nhoma no ho mfaso kɛse?

2 Nhoma no da Bible mu nkyerɛkyerɛ atitiriw adi, nanso ɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛyɛ soronko fi nhoma afoforo ho so.

3 Enti, nhoma adesua no ase no, ɔkwan a wɔnam so kyerɛw nhoma no a yɛbɛma atra yɛn adwene mu no ho behia. Sɛ woyɛ nhoma adesua sohwɛfo a, wubetumi aboa denam wo nnianim asɛm ne nsɛm a wode wie adesua no biara ho nhyehyɛe pa a wobɛyɛ no so. Sisi nsentitiriw a ɛte sɛɛ so dua: Nnipa horow bɛn na yebetumi de nea yɛasua no anwummere yi aboa wɔn? Nsentitiriw bɛn na wokae a wubetumi de adi dwuma? Ɔkwan bɛn na wobɛfa so afi saa asɛm yi ho nkɔmmɔbɔ ase na afei wode saa ti yi adi dwuma​—wɔ afie afie asɛnka mu? Wɔ bɔnnɔ so adansedi mu? Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so de saa ti yi afi adesua ase? Dɛn na ɛwɔ ti yi mu a ɛbɛka osuani no koma anaasɛ ɛbɛkanyan no?

4 Esiane sɛ ti ahorow no bi fa nsɛm a anuanom pii nim anaasɛ wogye tom ho nti, adesua sohwɛfo no wɔ adwuma yɛ. So obetumi aboa wɔn nyinaa ma wɔahu bo a asɛm a wɔasua no som ma ɔsom adwuma no? Sɛ́ ɔkyerɛkyerɛfo pa no, so obetumi aboa anuanom no ma wɔasua na wɔakae nsentitiriw ne kyerɛw nsɛm pɔtee a wɔde bedi dwuma no?

5 Bere a yɛredi nsɛm a ɛwɔ Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye nhoma no mu ho dwuma no, adesua no renyɛ nsemmisa ho mmuae ara kwa a wɔhwehwɛ. Mmom no, yebenya hokwan ama nkɔmmɔbɔ pii, na yɛama atra yɛn adwene mu sɛ eyi ne nea mpɛn pii ɛho hia nnipa a saa nhoma yi yɛ nea ɛfata wɔn titiriw no. Efi bere kɔ bere mu no adesua sohwɛfo no bebisa asɛm biako anaa abien de aboa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena