Adawurubɔfo Afoforo Ne Wɔn A Wɔasan Afi Ase A Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Asɛnka Adwuma Mu
1 Bere a wudii kan tee hia a ehia sɛ wunya asɛnka adwuma no mu kyɛfa no, ɛda adi sɛ wɔamma wo asasesin ara kwa sɛ kɔka asɛm wom. Dabi, obi fi ayamye mu boaa wo na wufii ase wɔ adwuma a ɛho hia yi mu. So ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ wo nso wode mmoa bɛma obi a ɔyɛ foforo anaasɛ wasan afi asɛnka ase, na wo nso woahu sɛ “ɔma mu wɔ anigye mmom sen ogye” anaa? —Aso. 20:35.
MOA A WƆDE MA NKAKANKAKRA.
2 Ɔkwan bɛn na wobɛfa so aboa obi a ɔte saa? Ade a edi kan a ɛho hia kɛse ne ahosiesie. Mubetumi abom ayɛ eyi denam Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a yɛde di dwuma mprempren anaa nhoma a yɛde ma no mu nsɛntitiriw a mobɛbɔ ho nkɔmmɔ so. Ɛho hia sɛ ɔfoforofo anaa nea wasan afi asɛnka ase bio no hu nhoma a yɛde rema no mu nsɛm na wanya ahotoso wɔ ɔpon no ano.
3 Ade foforo nso a mubetumi ayɛ ne sɛ mobɛbɔ anoyi ahorow a ɛtaa sɔre ne mmuae a mode bɛma ho nkɔmmɔ. Dɛn nti na monsɔ nhwɛ, na mo mu biako nyɛ ne ho te sɛ ofiewura a ɔde anoyi ahorow a yɛtaa hyia ba a ne yɔnko di ho dwuma, na owie a, ɔfoforo no nso ayɛ? Eyi remma ɔnyɛ basaa wɔ asɛnka mu esiane anoyi bi a ɔnhwɛ kwan nti.
4 Ebia mfiase no ehu bɛka wo hokafo no, enti ɛboa sɛ wobɛhyɛ da ayɛ nhyehyɛe sɛ mobɛbom ayɛ adwuma. N’ani begye sɛ obi ne no bɛyɛ adwuma na waboa no, sɛ ɛho hia a. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Mfiase no ebia ɛho bɛba mfaso sɛ mobɛyɛ adwuma wɔ asasesin a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobefi nkɔmmɔbɔ ase wɔ mu mu na watumi anya mu kyɛfa na wanya ahotoso.
5 Akyiri yi, mubetumi abɔ nsrahwɛ ahorow a moyɛe ne nea obetumi ayɛ de akanyan anigye wɔ nsrahwɛ a edi hɔ mu no ho nkɔmmɔ. Kamfo no wɔ mmɔden a wabɔ no ho. (1 Tes. 5:11) Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ mobɛbom ayɛ adwuma bio. Bere rekɔ so no obenya ahotoso wɔ ne mu sɛ, ɛnyɛ ahenni asɛm no nko na obetumi aka wɔ afie afie, na mmom obetumi akyerɛkyerɛ nokware no mu yiye akyerɛ afoforo.
6 Bere a yɛne saafo yi nantew nkakrankakra no, yebetumi ne wɔn abɔ sɛnea wɔde Concordance anaasɛ Bible Mu Nsɛmti ma Nkɔmmɔbɔ di dwuma; sɛnea wɔyɛ nhyehyɛe ma sankɔhwɛ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu; sɛnea wosiesie wɔn ho ma, na wɔyɛ sankɔhwɛ; sɛnea wofi Bible adesua ase ne sɛnea obi nya nkɔso daa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ho nkɔmmɔ. Eyinom nyinaa ne nneɛma a ɛho hia wɔ ɔsom adwuma a ɛsow aba mu.—2 Tim. 4:5.
NHOMA ADESUA SO AHWƐFO
7 Ɛsɛ sɛ nhoma adesua sohwɛfo biara nya wɔn a wɔwɔ ne kuw no mu nyinaa ho anigye ankasa na watumi ahu bere a obi ntaa mma adesua anaasɛ ɔmmɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma mu no. (Mmeb. 27:23) Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔne wɔn mu dodow no ara a obetumi ba bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no afã horow mu, na ɔde mmoa a efi ɔdɔ mu ama bere a ɛho hia anaasɛ bere a wobisa. Dɛn nti na wonhwɛ sɛ ebia wubetumi ne mo nhoma adesua sohwɛfo no anaa adawurubɔfo afoforo bi a wɔn ho akokwaw anantew na woanya wɔn suahu ho mfaso?
8 Enti, “sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho sɛ Onyankopɔn dom ahorow no so afiehwɛfo pa.” Eyi yɛ mu no, yɛnhwehwɛ anuonyam mma yɛn ho, na mmom yɛpɛ sɛ ‘wɔnam Yesu Kristo so bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu.’ Bere a wode saa ‘akyɛde horow’ yi boa afoforo no ɛbɛyɛ ɔkwan foforo a monam so hyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Pet. 4:10, 11.