Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—a Afoforofo Ka Ho
1 Hokwan a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni sɛ yɛwɔ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ yɛn mu! Bere a wɔde wɔn adwene ne nimdeɛ ne osuahu ahorow boa afoforofo pii a wɔsen yuu ba Yehowa ahyehyɛde no mu no, wɔn ho ba asafo no mfaso kɛse. Wotie afotu a efi honhom mu no: “Sɛnea mo nyinaa nyinyaa ɔdom akyɛde no, momfa nsonsom mo ho mo ho.”—1 Pet. 4:10.
2 Wɔn a wogye wɔn tom ne wɔn a wɔabɔ asu foforo no fata nkamfo wɔ wɔn adwumaden wɔ asɛnka adwuma no mu no ho. Nanso, ebia na asɛnka adwuma no fã biako anaa abien bi, te sɛ nsɛmma nhoma kyekyɛ ne bɔnnɔ so adansedi nkutoo na wɔanya mu osuahu. Sɛnea ɛbɛyɛ na saa afoforofo yi nkɔso ada adi no, ehia sɛ wonya ɔsom adwuma no afã horow pii mu kyɛfa sɛnea wobetumi na ama wɔn nnamyɛ sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo no akɔ anim. Sɛ afoforofo ne wɔn a wɔanya osuahu pii no bom yɛ adwuma a, ɛbɛboa wɔn ma wɔabɛyɛ Ahenni asomfo a wɔyɛ nnam.—Ɔsɛnk. 4:9, 10.
FA WO HO MA
3 So wubetumi de wo ho ama de aboa afoforo wɔ ɔsom adwuma no mu? Ɛnyɛ nsɛmma nhoma-ma nkutoo na afoforofo hia sɛ wosua na mmom sɛnea wɔde Bible no bedi dwuma wɔ afie afie som adwuma no mu nso. Ɛho hia sɛ wosua sɛnea wɔne afiewuranom fi nkɔmmɔbɔ ase na wɔtoa so. Ebia obi a onni osuahu pii no bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkɔ sankɔhwɛ na wayɛ Bible adesua. Nanso sɛ wɔn a wɔwɔ ɔpɛ no nya mmoa ne nkuranhyɛ a, wobetumi asua sɛnea wobedi asɛyɛde afoforo yi ho dwuma.
ƆKWAN BƐN SO NA WUBETUMI ABOA?
4 Ɔkwan biako a wubetumi afa so aboa ne sɛ wo ne wɔn a wonnyaa osuahu pii no behyia na moasusuw asɛnka ho nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no ho. Bere a mode Reasoning nhoma no redi dwuma no, paw nnianim nsɛm a ɛfata na mommobɔ mmuae a wɔde ma wɔn a wosiw nkɔmmɔbɔ kwan no so. Sɛ morebobɔ so a, mubetumi asuasua sɛnea wɔde kyerɛw nsɛm di dwuma ne sɛnea wɔde nhoma a yɛde rema no bɛma. Mubetumi asusuw sɛnea wɔde nsrahwɛ a edi kan no ba awiei na wɔto nhyɛase ma sankɔhwɛ ho, anaasɛ wubetumi akyerɛ sɛnea ebia wobetumi afi Bible adesua ase. Ahosiesie a ɛte saa no bɛboa ɔdawurubɔfo foforo no ma wɔn a ahotoso wɔ sɛnea obetumi aka Onyankopɔn Asɛm no akyerɛ afoforo no mu.
5 Monyɛ nhyehyɛe pɔtee sɛ mobɛkɔ asɛnka. Ebia ɔfoforofo no bɛpɛ sɛ ɔne wo kɔ nsrahwɛ kakraa bi na wahwɛ kɛkɛ. Afei obetumi asɔ nea mobobɔɔ so no ahwɛ. Bere a mobom yɛ adwuma no, mommɔ sɛnea mubetumi ama ɔkwan a mofa so ka asɛm no anya nkɔso ne sɛnea mubedi anibiannaso ne ɔsɔretia ho dwuma no ho nkɔmmɔ. Hyɛ no nkuran na boa no. Kae ɔfoforofo no sɛ ɛyɛ Yehowa adwuma, na obehyira yɛn mmɔdenbɔ a efi komam no so.—Mat. 11:29, 30.
WO NE MOMFRA NSO MMOM NYƐ ADWUMA
6 Sɛ mmofra wɔ asɛm a wɔasiesie no yiye a wɔbɛka a, ɛma wɔn ani gye kyɛfa a wobenya wɔ ɔsom adwuma no mu no ho. Wobetumi ahyɛ mmofra nkumaa no nkuran ma wɔde nsɛmma nhoma ama wɔ ɔkwantiaa so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ebia wobetumi ama wɔakenkan Bible mu asɛm bi akyerɛ ofiewura no. Mommoa obiara ma onnya nkɔso sɛnea ne mfe ne n’ahoɔden te. Awofo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu betumi de mmoa ne nkuranhyɛ a ehia no ama sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra nkumaa ne wɔn a wɔn ho rekokwaw no bɛyɛ nnam na ‘wɔakura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 2:16.
7 Wɔn a wɔreyɛ Bible adesua no bɛpɛ sɛ wɔka asɛnka adwuma no ho asɛm kyerɛ adesuafo no bere a wɔafata no. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo, asafo mu asomfo, akwampaefo, ne awofo ma wɔn ani da hɔ wɔ mmoa a wɔde bɛma wɔn a wɔrefi ase anya asɛnka adwuma mu kyɛfa no ho. So wubetumi de wo ho ama de aboa afoforofo? Di kan yɛ saa, efisɛ ‘ka a yɛaka atõatõam asisi so pɛpɛɛpɛ na obiara yɛ n’adwuma yiye nti na ɛma nipadua no nyin.’—Efe. 4:16.