Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/88 kr. 1-4
  • Adawurubɔfo Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adawurubɔfo Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NKƆSO A WOBENYA
  • Boa Afoforofo Ma Wonnya Ahenni Nkɔso Mu Kyɛfa
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Tete Afoforofo Ma Wɔmfata Sɛ Adawurubɔfo
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 2/88 kr. 1-4

Adawurubɔfo Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn

1 Yehowa kɔ so hyira ne nkurɔfo denam “amanaman mu ade a wɔpɛ” no a ɔde wɔn ba no so. (Hag. 2:7) Enti, afoforofo pii rebɛka yɛn ho wɔ nokware som mu. Yenyaa adawurubɔfo afoforo 1,700 wɔ Ghana wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Bere a yedi ahurusi sɛ yehu saa nkɔanim yi no, ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛboa saafo yi ma wɔabɛyɛ “nnipa yifo” a wɔyɛ nnam bere a wɔka yɛn ho wɔ asɛmpa no a yɛka kyerɛ no mu no.​—Marko 1:17.

2 Bere bɛn na wobetumi ato nsa afrɛ Bible suani bi sɛ ɔmmɛka yɛn ho wɔ asɛnka mu? Ansa na obetumi de ne ho abɔ Yehowa Adansefo wɔ baguam no, ɛsɛ sɛ odi kan fata wɔ Kyerɛwnsɛm mu ne ahyehyɛde ahwehwɛde ahorow a wɔada no adi wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 98 ne 99 no ho. Nsemmisa ahorow a wɔde ama wɔ hɔ no bɛboa wo ma woahu sɛ Bible suani no du saa ahwehwɛde ahorow no ho anaa. Sɛ ɔfata a, wobetumi ato nsa afrɛ no ma wanya asɛnka mu kyɛfa na wabu n’asɛnka dwumadi no ho akontaa de ama asafo no.

3 Ebia na adawurubɔfo afoforo no wɔ mmɔdenbɔ ne anigye nanso wonni ahokokwaw. Ebia wubetumi aboa wɔn ma wɔafi ase anya afie afie adwuma mu kyɛfa denam nsaano nkrataa anaa nsɛmma nhoma a wɔde bɛma so, anaasɛ wubetumi ama wɔakenkan kyerɛwsɛm bi. Kamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ne nnamyɛ a wɔde nya mu kyɛfa no ho. Kae wɔn ɔsomafo Paulo nkuranhyɛ sɛ obiara ‘mpere nkɔ onyin mu’ no. (Heb. 6:1) Boa wɔn ma wɔnyɛ eyi.

NKƆSO A WOBENYA

4 Sɛnea mmofra nam anammɔn mmiako mmiako a wotutu so sua nantew no, saa ara na wobetumi aboa adawurubɔfo afoforo nkakrankakra ma wɔanya nkɔso. Sɛ woretete ɔdawurubɔfo afoforo bi a, so wubetumi aboa no nkakrankakra ma ɔde nnianim nsɛm ama wɔ apon ano, ɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti adi dwuma, na ɔde nhoma a yɛde rema no ama? So wasiesie ne ho sɛ ɔbɛdan akɔ Reasoning nhoma no mu na ɔde nsemmisa atwe ofiewura no aba nkɔmmɔbɔ mu anaasɛ ɔbɛto nhyɛase ama sankɔhwɛ a etu mpɔn ne Bible adesua a ebetumi afi mu aba? Ɔfoforofo no a wɔne no bɛbobɔ nsɛm so na wɔne no ayɛ adwuma wɔ ɔsom adwuma no mu no bɛboa no ma ɔnam saa akwan yi so anya nkɔso.

5 Sɛ woyɛ ɔwofo a, so woreboa wo mma a wodu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde no ho ma wɔanya nkɔso wɔ asɛnka mu? Di nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ nkyekyem a ɛwɔ atifi hɔ no mu no akyi bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛboa wɔn no. Mmu nkɔso a wo mma betumi anya wɔ ɔsom adwuma no mu no adewa. Mmofra pii ada sɛnea wotumi de nhoma ma na wofi Bible adesua ase adi wɔ ɔkwan a ɛfata nkamfo so. Wone wo mma no mmom nyɛ adwuma. Fi ase bere a wosusua no. Boa wɔn ma wonnya nkɔso sɛnea wɔn ahoɔden te. Kamfo wɔn wɔ wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn nkɔso no ho.​—Hwɛ Yɛn Som Adwuma, nkratafa 99-100.

6 Ɛdefa adawurubɔfo afoforo a yɛbɛboa wɔn asɛm yi ho no, yɛate sɛ ɛtɔ bere bi a nnipa bɛyɛ baanum bom kɔ afie afie. Ebia na wɔn a wɔwɔ saa kuw yi mu no yɛ okunu ne ɔyere, wɔn ba ne adawurubɔfo afoforo abien. Eyi mfata. Sɛ mmoa nhyehyɛe no betumi atu mpɔn a, ɛho hia sɛ ɔdawurubɔfo biako a ne ho akokwaw ne obi a ne ho nkokwawee anaasɛ ɔdawurubɔfo ɔfoforofo yɛ adwuma. Sɛ yɛyɛ adwuma “baanu baanu” anaasɛ yɛn nkutoo yɛ saa wɔ baabi a ɛnyɛ hu a, yetumi de bere a yɛwɔ no yɛ asasesin a ɛsõ mu adwuma. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ nnipa anan anaa anum a wɔbɛbom akɔ afie afie ho nkuran.​—Fa toto Luka 10:1, 2; Marko 6:7 ho.

7 Ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobenya nkɔso wɔ nnamyɛ a wɔde bɛka asɛmpa no mu. Boa afoforofo ma wɔn nso wonnya nkɔso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena