Boa Afoforofo Ma Wonnya Ahenni Nkɔso Mu Kyɛfa
1 Wɔ Ahenni nkɔso bere yi mu no, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yehu sɛ afoforofo pii gye asɛmpa no so. Bere a wɔn nimdeɛ ne anisɔ a wɔwɔ nya nkɔso no, wofi ase ba nhyiam ahorow, na ɛnkyɛ wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛka nea wɔresua no ho asɛm akyerɛ afoforo sɛ́ daa Ahenni adawurubɔfo. Eyi ba bɛyɛ asɛnhia ne asɛyɛde foforo ma yɛn a yɛn ho akokwaw dedaw wɔ asɛnka mu no. Ɛho hia sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran na yɛatete wɔn ma wɔn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu.
2 Wɔ 1984 ɔsom afe no mu no, yɛbɔɔ nnipa 2,513 asu wɔ Ghana. So yɛreboa afoforofo yi nyinaa ma wɔabɛyɛ asomfo a wɔn ho akokwaw?
TETE WƆN MA ASƐNKA ADWUMA
3 Afoforofo a wɔbɛboa wɔn ma wɔn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu yɛ asɛm a ɛho hia kɛse. Enti gyina wɔn mfitiase anigye ne nnamyɛ no so boa wɔn ma wɔn ho nkokwaw wɔ asɛnka mu. Yɛmpɛ sɛ wɔn mfitiase anigye ne nnamyɛ no ano brɛ ase, na sɛ yɛde ntetee a wohia no ma a, ɛremma saa.
4 Ɛsɛ sɛ asɛnka adwuma ho ntetee no fi ase ntɛm. Hyɛ adesuafo no nkuran ma wɔnka nea wɔasua no nkyerɛ abusuafo, afipamfo, nnamfo ne afoforo a wonim wɔn. Ma wonhu sɛ nnipa a wɔkasa kyerɛ wɔn no mu kakraa bi na ebia wɔn ani begye asɛmpa no ho. (Mateo 7:13, 14) Nanso wɔ bere koro no ara mu no, boa wɔn ma wonhu anigye a Onyankopɔn ahyehyɛde no fã a aniwa nhu ne nea aniwa hu no nya bere a onipa biako mpo tie no.—Luka 15:10.
WO ANKASA ASƐYƐDE
5 So wo ne obi resua Bible no? So onipa no fata sɛ ɔbɛka wo ho wɔ asɛnka mu? Sɛ ɔbɛyɛ obi a ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom a, hyɛ no nkuran ma ɔnkɔ asɛnka dapɛn biara. Ansa na mobɛkɔ no, munnye simma kakraa bi mfa nsiesie mo ho. Sɛ moreyɛ nsɛmma nhoma adwuma a, munsusuw asɛm a mobɛka na mode ama no ho; anaasɛ boa no ma onnya kyɛfa a edi mũ wɔ nkɔmmɔbɔ a ɛfa nhoma a mode rema ho no mu. Ebia mfiase no ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan kyerɛw nsɛm no mu biako anaasɛ ɔka asɛm tiawa bi wɔ nkɔmmɔbɔ no mu. Nanso, nkakrankakra no, bere a wode nkuranhyɛ ne ntetee ma no, obenya ahotoso na wasua sɛ ne nkutoo bɛkɔ afi mu.
6 Bere a obi a ɔyɛ foforo ba bɛyɛ nea ɔkɔ asɛnka daa akyi mpo no, ɔda so ara hia wo mmoa. Kɔ so kyerɛ anigye ankasa wɔ ne honhom mu nkɔso ho. Nea ɛka saa nkɔso no ho ne sɛ obetumi akyerɛkyerɛ afoforo bere a ɔno nso resua no. Yi ayamye adi na kamfo no nokwarem wɔ ne nkɔso no ho. Ma onhu sɛ w’ankasa woanya anigye pii wɔ boa a woaboa no ma wanya honhom mu nkɔso no mu.—1 Tim. 4:15, 16.
BOA AFOFORO NSO
7 Ebia afoforo nso wɔ asafo no mu a ɛwom sɛ ɛnyɛ afei na wɔde wɔn ho abɔ yɛn de, nanso wonnyaa mmoa a ɛdɔɔso ankasa a ɛbɛma wɔayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw. Esiane ntetee a wonnya nti, ebia ɛremma wonnya anigye a efi asɛmpa no a wɔne afoforo kyɛ mu ba no pii. Momma mo ani nkũ wɔn ho nso na mommoa wɔn, titiriw mo a moyɛ mpanyimfo, akwampaefo anaa afoforo a wɔwɔ asɛnka mu osuahu pii no.
7 Momma yɛnyɛ nea ɛsen biara wɔ Ahenni nkɔso no mu a ɛnyɛ adawurubɔfo dodow no a yɛbɛma anya nkɔanim nko na mmom yɛbɛma wɔn ho akokwaw wɔ asuafo pii a wɔbɛyɛ no mu nso. Eyi ne Yehowa kwan a ɔnam so ma anoboaboa ma nkwagye no ‘yɛ ntɛm.’—Yes. 60:22.