Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/85 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 14
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 21
  • DAPƐN A EFI ASE APRIL 28
  • DAPƐN A EFI ASE MAY 5
Yɛn Ahenni Som—1985
km 4/85 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE APRIL 14

Dwom 129

8 min: Nkaebɔ ne asafo mu de. Kae adawurubɔfo ma wonnye Survival nhoma no bi mma Asafo Nhoma Adesua a efi ase April 21 no.

20 min: “Nea Yɛwɔ Nyinaa a Yɛde Bɛma wɔ Yehowa Som Mu.” Nsemmisa ne mmuae. Ɛdefa nkyekyem 7 ho no, ka nsonsonoe a ɛda dodow a wɔbaa Nkaedi ase ne adawurubɔfo dodow a wobu akontaa wɔ asafo mu ntam ho asɛm si hia a ɛho hia sɛ wɔboa anigyefo ma wonya nkɔso so dua. Monkenkan nkyekyem 7, ne afoforo nso sɛnea bere ma kwan.

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Ɔkwan a ema Obi Ankasa Nya Anigye So.” Ɔhwɛfo guamtrani nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛma wonyaa anigye nkyerɛ sɛnea bere ma kwan. Ti asɛnka nhyehyɛe ma dapɛn no mu.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 21

Dwom 164

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika akontaabu ma March. Hyɛ Memeneda a ɛto so anan nsɛmma nhoma adwuma ho nkuran.

20 min: “Boa Afoforofo ma Wonnya Ahenni Nkɔso mu Kyɛfa.” Momfa nsemmisa nsusuw ho. Bere a moasusuw nkyekyem 5 ho akyi no, yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a ɛfa Ɔdansefo a ne ho akokwaw a ɔreboa obi a ɔyɛ foforo ma wasiesie ne ho ansa na wɔakɔ asɛnka ho. Ɛsɛ sɛ ahosiesie no yɛ nea ɛfa afie afie adansedi ho a wɔde mprempren nkɔmmɔbɔ Asɛmti redi dwuma.

17 min: “Yɛn Mma a Yɛbɛtete Wɔn ma Wɔasom Yehowa.” Mmusua ti baanu ntam nkɔmmɔbɔ, ebetumi a nea ɔwɔ mma a wɔkɔ mfitiase sukuu ne nea ɔwɔ mma a wonnya nnii mfirihyia aduonu. Bere a wɔasusuw nsɛm a ɛwɔ nkyekyem abien a edi kan no mu ho no, agya biako ka tebea bi ho asɛm a ɛfa mmofra ho a ehia mmoa titiriw fi awofo hɔ, te sɛ frankaa anaa ntanka adeyɛ wɔ sukuu (anaa asɛnnennen bi a asɔre wɔ mo hɔ nnansa yi) . Ɔto nsa frɛ atiefo sɛ wɔnhwɛ, bere a ɔyɛ sɛnea ɔboaa ne mma a wɔwɔ mfitiase sukuu ma wotumi dii nsɛm yi ho dwuma ho ɔyɛkyerɛ no. (Fa nsɛm a efi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ne/anaa Bible Mu Nsɛm nhoma mu di dwuma.) Bere a ɔyɛkyerɛ ba awiei no, abofra a onnii mfe aduonu a ɔyɛ agya foforo no ba ba asɛnka agua so na ɔka kyerɛ agya no sɛ wɔapaw no sɛ onkogyina wɔn sukuu ananmu wɔ ɔmantam no agumadi akansi bi mu. Ɛho behia sɛ wɔkɔ baabi bere tenten bi kosiesie wɔn ho ma. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Agya ka kyerɛ abofra sɛ ɔntra ase na ɔnkenkan nkyekyem abiɛsa a edi kan wɔ School nhomawa no kratafa 28. Abofra nya mu ntease. Agya da no adi sɛ Asafo Index ma 1971-75 ne 1976-80 no twe adwene si nsɛm a ɛyɛ anigye so wɔ August 15, 1915 ne October 15, 1976 Watchtower mu. Ɔka August 8, 1984 Awake! nso ho asɛm. Ɔhyɛ nyansa sɛ abofra nkenkan nsɛm yi na ɔmma abusua no nyinaa nhu nea wasua akyiri yi. Mmusua ti de nkɔmmɔbɔ ba awiei, si hia a ɛho hia sɛ awofo nyinaa bɛyɛ nea ehia de aboa wɔn mma a wɔwɔ ɔhaw ahorow no denam nhoma ahorow a wɔde ama no a wɔde bedi dwuma no so so dua.

Dwom 183 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE APRIL 28

Dwom 99

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso Nhoma abien Ɔsatu Titiriw. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne asafo susuw asɛm ho. Ɔde nsɛm a ɛwɔ nhoma a ekura nkratafa 384 mu ho nyansahyɛ ahorow ma. Ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye de Nkɔmmɔbɔ Asɛmti a wɔatwa no tiaa di dwuma na ɔnam nsɛm a wɔasusuw ho no so de nhoma a ekura nkratafa 384 abien ma de gye ¢60. Hyɛ wɔn nkuran sɛ womfi anigye mu mfa wɔn ho nhyɛ ɔsatu titiriw yi mu na wɔmfa nhoma ahorow dedaw yi mma. Ɛbɛboa pii wɔ saa kwan no so. Ɛyɛ hokwan ma adawurubɔfo ne wɔn a yɛne wɔn sua ade no nso sɛ wɔn ankasa benya nhoma dedaw yi a ebinom wɔ hɔ a wɔregyae tintim no bi. Kwasida. May 5 yɛ asɛnka adwuma titiriw da. Munnye bi bere a wɔapɔn no.

15 min: “Mmofra, ‘Nea Mugu na Mutwa.’” (w84 11/15 nkr. 28-31. Afei nso g84 1/8 nkr. 16-18) Ɔkasa ne nkɔmmɔ a wɔne mmofra baanu anaa baasa bɔ.

15 min: Monyɛ ho nhyehyɛe sɛnea mo ahiade te anaa momma ɔsom kasa a ɛfa asɛm. “Nsan W’akyi” no ho. (w84 10/1 kr. 29)

Dwom 190 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MAY 5

Dwom 157

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma May mu ho asɛm. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ nhoma abien ɔsatu titiriw no mu.

20 min: “Mommoa Mo Mma Nkumaa ma Wɔmmɛn Onyankopɔn.” Ɔkasa a egyina Ɔwɛn-Aban so. (wTW85 2/1 nkr. 5-7) Fa osuahu ahorow a efi asɛm “Asasesin Titiriw” mu ka ho. (wTW85 2/1 kr. 29) Hyɛ adwurubɔfo nkumaa nkuran ma wommu wɔn mfɛfo sukuufo ne akyerɛkyerɛfo sɛ wɔn “asasesin titiriw.” Ma adawurubɔfo nkumaa nka osuahu ahorow a ɛfa nea wɔayɛ wɔ sukuu de aka Ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ.

15 min: Mmofra​—Momma Ɔnnaadaa Mo. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Sɛnea wɔdaa no adi wɔ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam no ase no, mmofra na Satan de wɔn ayɛ ne botae titiriw. Ɔde n’ani si wɔn a wonni osuahu pii no so na ɔdaadaa wɔn sɛnea ɔyɛɛ Hawa no. Ɔnam nnaadaa ne sɔhwɛ ahorow so na enya abofra. Ɔma abofra nya adwene sɛ ɔrehwere biribi. Onya ɔpɛ a pɛsɛmenkominya wom sɛ ‘n’ankasa bɛyɛ n’ade,’ obesi nea eye ne nea enye ho gyinae ama ne ho. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ne “nnɛɛdɛe” no ho. (Efe. 6:11) Ɔma wiase no akwan te sɛ aguamammɔ, sigaretnom, nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so, wɔn a wonnye nni a wɔne wɔn bɔ ne wiase anigyede yɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye ankasa. Ɔma ɛyɛ te sɛ nea asiane biara nni ho, te sɛ nea Hawa huu duaba no wɔ dua no so no. Yehowa yɛ nsieisiei ahorow a ɛbɛbɔ mo ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrennaadaa mo: Youth ne Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse nhoma no, School nhomawa no, Nyan! mu asɛm a ɛne “Mmofra Bisa Sɛ” no, nhyiam nketewa ne akɛse, awofo ne mpanyimfo. Wɔ ha no, yɛ ɔyɛkyerɛ a ɛfa abarimaa a onnii mfe aduonu ho a ɔpɛ sɛ osusuw asɛm bi ho a ɔkɔ ɔpanyin nkyɛn. N’agya mma no kwan sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ sukuu agumadi ahorow mu. Wopɛ sɛ ohu sɛ ɛyɛ nea enye ankasa. Ɔpanyin hyɛ nyansa wɔ ayamye ne ntease mu sɛ wɔne n’agya nkɔkasa na wɔnhyɛ bere a wobetumi asusuw nsɛm a ɛwɔ Youth nhoma no ti 16 mu no ho. Ɔde ti no kyerɛ abofra, na ɔhyɛ nyansa sɛ onni kan nkenkan mu. Wɔpene so. Fa sɛnea mpanyimfo, awofo ne ahyehyɛde no dɔ yɛn asomfo nkumaa anokwafo no ho asɛm wie. Nea yɛn ani gye ho ne sɛ yɛbɛbɔ wɔn ho ban afi Satan nnɛɛdɛe ho. (2 Kor. 11:3) Hyɛ mmofra ne awofo nkuran sɛ wɔmfa afotu a efi akoa ɔbadwemma no hɔ no nni dwuma na ɛnkyerɛ wɔn kwan.

Dwom 221 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena