Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/92 kr. 3-4
  • Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii
  • Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Adawurubɔfo a Wɔyɛ Afoforofo
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Wunya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Boa Afoforofo Ma Wonnya Ahenni Nkɔso Mu Kyɛfa
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1992
km 8/92 kr. 3-4

Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii

1 Ebedu saa bere yi, yɛn mu pii akenkan 1992 Yearbook no awie. Hu a yehuu 1991 wiase nyinaa dodow nkɔanim a ɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔboro ɔpepem anan ne ɔpehanu aduonum wɔ nsase 211 so—nkɔanim a ɛyɛ ɔha mu nkyem 6.5—no maa yɛn koma ani gyei! Nokwarem no, Ahenni nkɔanim a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa no de Yesaia 2:2-4 ne Mika 4:1-4 mmamu ho adanse a ɛyɛ nwonwa ma.

2 Ɛwom sɛ yɛn nsa nkaa 1992 ɔsom afe akontaabu no nyinaa de, nanso adanse no da adi pefee sɛ Yehowa rema yɛanya nkɔanim kɛse wɔ ɔsom afe yi mu. Wɔda so ara refrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛka yɛn amanaman ntam onuayɛ kɛse no ho. Nnipa a wɔbaa Nkaedi ne ɔmantam nhyiam no ase no dodow kyerɛ sɛ ɔpepem pii retie Ahenni nkrasɛm no. Wofi aman nyinaa mu retie frɛ a wɔnam honhom so refrɛ sɛ: “Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so” no.

3 Si Wo Bo sɛ Wobɛkɔ W’anim: Yehowa ahyehyɛde no rekɔ n’anim. Bere a afoforofo pii resen yuu aba Yehowa nokware som bepɔw no so no, ehia sɛ obiara yɛ nneɛma pa na wanya honhom mu nkɔso pii, na afei waboa afoforofo ma wɔayɛ saa ara. Wɔakyerɛ sɛnea nkɔanim a ɛte saa no ho hia wɔ asɛm a wɔn a wɔregye ɔfrɛ a ese wɔmmra Yehowa bepɔw so no so ka kyerɛ afoforo sɛ “Mommra” no mu. Ɔsomafo Yohane kaa biribi a ɛte saa ara wɔ Adiyisɛm 22:17 sɛ: “Na honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra!”

4 Yesu kyerɛe sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde ɔfrɛ yi to gua. Bere a nkurɔfo tiee ne nkyerɛkyerɛ no, ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ne som adwuma no bi, na ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔnyɛ no. (Mat. 4:19; 10:5-7, 11-14) N’asuafo no suaa akwan a etu mpɔn a ɔde dii dwuma no, denam ka a wɔkaa ne ho kɔe na wɔhwɛɛ sɛnea ɔyɛɛ nneɛma no so. Afei wɔyɛɛ wɔn som adwuma no te sɛ nea ɔyɛɛ ne de no. Wosuaa n’akwan no yiye araa ma adanse a wɔde akokoduru dii no maa asɔretiafo a wohui pefee sɛ wɔyɛ Yesu asuafo no huu wɔn. Asomafo no Nnwuma 4:13 ka sɛ: “Na wohuu Petro ne Yohane nnam, . . . na wohuu wɔn sɛ wɔne Yesu na ɛtrae.”

5 Ansa na Yesu resan akɔ soro no, ɔde ahyɛde mae sɛ n’asuafo nkɔ so nyɛ Kristofo som adwuma no denam asuafo afoforo a wɔbɛyɛ, na wɔakyerɛkyerɛ sɛnea wakyerɛkyerɛ wɔn ankasa no so. Yesu de ahyɛde mae wɔ Mateo 28:19, 20 sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” Bere a ɔrekyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ wɔyɛ saa besi yɛn bere yi so no, ɔde bɔhyɛ foforo yi kaa ho: “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”

6 Yesu Kristo nokware asuafo akɔ so adi n’ahyɛde a ese wɔmfa nneɛma a wahyɛ no nyinaa nkyerɛkyerɛ asuafo afoforo no so. Nanso, Yehowa Adansefo wiase nyinaa asafo ahorow a adɔɔso yiye no hwehwɛ sɛ yesusuw asafo no mufo a wɔabɔ wɔn asu foforo ne adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu, ne nnipa a wɔne yɛn resua Bible no na ebia wɔafi ase reba asafo nhyiam horow toatoa so kakra no ahiade atitiriw ho.

7 Bere a 1992 ɔsom afe no fii ase no, na bɛyɛ adawurubɔfo 9 mu 1 biara reyɛ asɛnka adwuma no bi afe biako pɛ ni. Bio nso, na adawurubɔfo 6 mu 1 biara rebɔ asɛm no dawuru mfe abiɛsa anaa nea ennu saa; na adawurubɔfo 4 mu 1 biara reka asɛm bɛyɛ mfe anum ni. Ɛwom sɛ afoforofo pii anya nkɔso fɛfɛ fi bere a wɔbɛyɛɛ asafo no mufo de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ mmoa foforo a wɔde bɛma wɔ nneɛma bi mu no bɛboa ma wɔanya nkɔso ntɛmntɛm wɔ honhom mu.

8 Hebrifo 6:1 hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ ‘yɛmpere nkɔ onyin mu.’ Kristofo onyin nyɛ asɛnka akontaabu a yɛde bɛma kɛkɛ. Nea ɛka ho ne nkɔso a yebenya wɔ kokoam adesua ne nhyiam a yɛbɛkɔ daa ne nnamyɛ a yɛde benya asɛnka adwuma no mu kyɛfa mu no. Afoforo a yɛbɛboa wɔn ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ na ama wɔanya nkwagye nso ka ho. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn ho kokwaw wɔ ‘Kyerɛwnsɛm no mu a yefi susuw’ nsɛm ho no mu. (Aso. 17:2) Nyin a yebenyin no gye bere, na egyina yɛn onyamesom pa ahofama ne osuahu ankasa a yebenya wɔ asɛnka mu no so kɛse. Ɛwom sɛ yɛwɔ sɛnea yɛn onyamesom pa ahofama mu dɔ te no so tumi de, nanso nyansa wom sɛ yɛbɛma anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw kwan ma wɔaboa yɛn ma yɛanya osuahu ankasa. Yebetumi asua biribi afi osuahu a wɔwɔ no mu, ne titiriw wɔ asɛnka mu. Ɛnsɛ sɛ yɛn ankasa sua biribiara denam sɔ a yɛbɛsɔ ahwɛ so.

9 Mmoa ma Wɔn a Wonni Osuahu: Wɔkyerɛɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de mmoa ama no wɔ Kristofo asafo no mfiase. Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo. (Marko 3:14; Luka 9:1; 10:1) Wɔn nso kyerɛkyerɛɛ afoforo. Timoteo nsa kaa nkuranhyɛ ne mmoa titiriw bi fii ɔsomafo Paulo nkyɛn, na osuani Apolo nyaa nkɔso denam mmoa a n’ankasa nya fii Akwila ne Priskila a na wɔn ho akokwaw sen no no hɔ no so. (Aso. 18:24-27; 1 Kor. 4:17) Asafo no mufo a wɔn ho akokwaw di saa nhwɛso no akyi nnɛ, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wonni osuahu pii, titiriw afoforofo ne mmofra. Sɛnea Romafo 15:1, 2 ka no, “Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw.”

10 Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔyɛ nneɛma pa de boa wɔn mma ma wonya nkɔso wɔ honhom mu. Nea ɛka eyi ho ne abusua adesua, mmofra no a wɔbɛkyerɛ wɔn sɛnea wɔn ankasa besua ade, nhyiam a wɔbɛkɔ daa na wɔde wɔn ho ahyem, ne osuahu a wobenya afi nea wosua no mu. (Efe. 6:4; 1 Tim. 5:8) Ɛsɛ sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo titiriw di anim yɛ nhyehyɛe de boa nhoma adesua kuw no mufo ne kuw a wɔne wɔn kɔ asɛnka no ma wonya nkɔso wɔ honhom mu. Ɔsom adwuma sohwɛfo ne mpanyimfo afoforo ne asafo mu asomfo ne asafo no mufo afoforo nso betumi aboa.

11 Fa Nea Ehia no Ma: Ebia na ehia sɛ wɔde mmoa ma wɔ Kristofo dwumadi ahorow no fã bi pɛ mu, te sɛ ebia kokoam adesua sɛɛ. Ebia na obi hia nyansahyɛ ahorow a ɛbɛma watumi ayɛ adesua ho nhyehyɛe pa. Obi foforo nso betumi ahia mmoa a ɛbɛma wasiesie mmuae ne dwumadi a wɔde ma no no. Ebia ehia sɛ afoforo sua sɛnea wɔyɛ Bible mu nsɛmti ho nhwehwɛmu.

12 Afoforofo pii hia mmoa wɔ asɛnka adwuma no mu. Ebia ɔdawurubɔfo bi pɛ sɛ ne ho kokwaw kɛse wɔ afie afie adwuma no, sankɔhwɛyɛ, anaa Bible adesua asefi ne ne yɛ mu. Nnianim nsɛm ne nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma ne Yɛn Ahenni Som no mu a ɔde besuasua saayɛ no fata. Ɛtɔ mmere bi a, asɛnka adwuma ho nhyehyɛe pa ho nyansahyɛ ahorow ne mmoa a ɛbɛma wɔde wɔn ho abata ho ne nea wohia. Nhyehyɛe pɔtee a wɔbɛyɛ ne obi a ohia mmoa ayɛ adwuma no betumi ama wanya nkɔso adu botae atitiriw bi ho.

13 Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma afoforo nhu yɛn honhom mu nkɔso. Eyi ne afotu a Paulo kyerɛw kɔmaa ne yɔnko dwumayeni Timoteo. (1 Tim. 4:15) Nea ɛne saa nkuranhyɛ no hyia no, ɔsomafo no sii sɛnea ehia sɛ yɛtete yɛn ho te sɛ nea yekosi kane wɔ mmirikatu mu anaa te sɛ nea yɛde yɛn ho hyɛ honhom mu akodi mu wɔ nkonimdi mu. (1 Kor. 9:24-27; 2 Kor. 10:5, 6) Ɛsɛ sɛ yɛde nea yesua wɔ Onyankopɔn ho no nyinaa di dwuma ntɛm ara, na ama wɔn a wɔhwɛ yɛn no ahu nokware Kristosom gyidi ankasa ho nhwɛso wɔ yɛn mu. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yenya nkɔso wɔ afoforo a yɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo asuafo a wɔahyira wɔn ho so no mu.—Yak. 1:22-25; 1 Tim. 4:12-16.

14 Sɔhwɛ Ahorow Ano a Yebegyina Ka Nkɔso a Yebenya Ho: Yesu Kristo mpo suaa nneɛma a ohuu mu amane no mu nneɛma a ɛsom bo. (Heb. 5:8) Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara. Enti, yɛn honhom mu nkɔso yɛ kɛse bere a yɛyɛ nneɛma pa a wɔakamfo akyerɛ wɔ Yakobo 1:2, 3 no ho ade no: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.” Enti, sɛ ebia ɛsɛ sɛ yegyina nyarewa a enni sabea, sika fam ahokyere, ofie a emu apaapae mu asetra, ɔsɔretia wɔ asasesin no mu, anaa tebea bɔne dodow biara ano a, Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ yɛnam ne mmoa so betumi adi so nkonim, na yɛakɔ so anya nkɔanim wɔ som a yɛsom no no mu. (1 Kor. 10:13; 2 Kor. 12:9; 1 Pet. 5:8-11) Yɛnam tebea horow nyinaa a yegyina mu pintinn, ‘ka Onyankopɔn nsɛm, som sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu’ no so di nkonim.—1 Pet. 4:11.

15 Gye Mmoa Tom Na Ama Woanya Nkɔso Pii: Sɛ woyɛ obi a wuhia mmoa na wanya nkɔso pii a, fi wo pɛ mu gye mmoa fi asafo no muni a ne ho akokwaw sen wo no hɔ. Sɛ ɔmmɛkae sɛ ɔbɛboa wo mpo a, ɛnsɛ sɛ wofɛre na woma hokwan a wowɔ sɛ wubenya mmoa no fi wo nsa. Bisa mmoa. Mma ɛnhaw wo sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi asafo no mufo a wɔn ho akokwaw no biara hɔ. Anaasɛ wubetumi abisa wo Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no, ɔsom adwuma sohwɛfo no, anaa ɔpanyin foforo biara ma ɔde mmoa a wuhia no ama wo.—Fa toto Genesis 32:26; Mateo 7:7, 8 ho.

16 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ hokwan a ɛyɛ anigye sɛ wɔde yɛn aka amanaman ntam “nnipakuw kɛse” a wɔresen yuu aba Yehowa ɔsom kronn bepɔw so a wɔredɔɔso bere nyinaa no ho. (Adi. 7:9) Ɛyɛ hokwan nso sɛ yɛbɛto nsa afrɛ afoforo sɛ wɔmmɛka yɛn ho na yɛmforo nkɔ. Ɛmmra sɛ yɛde anisɔ a efi komam bɛkɔ so ayɛ nneɛma pa na yɛanya nkɔso pii, na yɛahyɛ yɛn ho den honhom mu, na yɛayɛ nea yebetumi de aboa afoforo ma wɔne yɛn anya nkɔso wɔ Yehowa som mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena