Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/86 kr. 1-4
  • Boa Adawurubɔfo a Wɔyɛ Afoforofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Adawurubɔfo a Wɔyɛ Afoforofo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • SO WOASIESIE WO HO SƐ WOBƐBOA?
  • BOA WO MMA
  • Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Boa Afoforofo Ma Wonya Honhom Mu Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Akwampaefo Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Adawurubɔfo Afoforo a Wɔbɛboa Wɔn
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 12/86 kr. 1-4

Boa Adawurubɔfo a Wɔyɛ Afoforofo

1 Yehowa nkurɔfo redɔɔso wɔ wiase nyinaa. Efi 1984 besi 1985 no, yenyaa adawurubɔfo afoforo 184,909 wɔ ɔsom adwuma no mu. Aman pii kɔ so bɔ adawurubɔfo a ɛsen biara foforo ho amanneɛ. Nnipa pii renya nkɔso wɔ nokware no mu. Henanom na wobetumi aboa afoforofo yi nyinaa ma wɔanyin abɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw?​—Heb. 6:1.

2 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa afoforo no, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yɛyɛ nnipa a wɔn ho akokwaw. Ɛsɛ sɛ “yeyi Yehowa anuonyam kyerɛ te sɛ ahwehwɛ.” (2 Kor. 3:18, NW) Yɛyɛ eyi denam ɔkwan a yɛfa so tra ase ne ɔkwan a yɛfa so ka nokware ahorow a yɛasua afa Yehowa atirimpɔw ahorow ho no ho asɛm kyerɛ nnipa afoforo no so. Enti ɛho hia sɛ yɛyɛ asomfo a wɔfata.​—2 Kor. 3:5.

SO WOASIESIE WO HO SƐ WOBƐBOA?

3 So wowɔ adesua ho su pa a ebetumi ama woanya nimdeɛ a wo ne afoforo bɛkyɛ? Wo ho a wubesiesie ama nhyiam ahorow no nso bɛboa ma woatumi ayɛ adwuma pa yi. Ɛtɔ bere bi a, yɛn nyinaa ani sɔ mmoa a afoforo de ma yɛn no. Bere a Yesu somaa n’asuafo no baanu baanu no, wotumi hyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran na wɔboaa wɔn ho wɔn ho wɔ adwuma a wɔyɛe wɔ wɔn asasesin mu ne nnipa a wɔkasa kyerɛɛ wɔn no mu.​—Luka 10:1.

4 Adawurubɔfo a wɔyɛ afoforofo ani sɔ mmoa a wofi ayamye mu de ma wɔn no. Hu a wobehu kɛkɛ sɛ obi ka wɔn ho a sɛ ɛho hia a ɔbɛboa wɔn wɔ nkɔmmɔbɔ no mu no ma wonya ahotoso. Mpɛn pii ɛyɛ onii a ɔne ɔdawurubɔfo foforo no suaa ade no na ɔboa no ma ofi asɛnka ase. Ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma. Nanso afoforo betumi aboa; nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmoa yɛn ho yɛn ho. (Mmeb. 27:17; Gal. 6: 6) Ebia wunim obi wɔ mo Asafo Nhoma Adesua kuw no mu a n’ani begye sɛ wobɛto nsa afrɛ no ma wo ne no akɔ asɛnka wɔ bere ne bere mu.

5 Sɛnea ɛbɛyɛ a Tito betumi aboa afoforo wɔ asafo no mu no, Paulo tuu no fo sɛ ‘ɔnka nsɛm a ɛfata ɔkyerɛ pa.’ Ɔretoa afotu yi so no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ “nkwakoraa” ne “mmerewa” nyinaa yɛ na ahyɛ asafo no den no mu. (Tito 2:1-4) Afoforofo ne mmofra titiriw na wohia mmoa na ama wɔatumi asiesie wɔn asetra sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani. Bere a wɔn ho kokwaw no, wɔbɛfata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo wɔ nokware no mu. Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ anuanom nyinaa bu wɔn Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow a ɛkyerɛ sɛ wɔnyɛ nhwɛso na wɔmmoa mmofra ne afoforofo wɔ asafo no mu no aniberesɛm.

BOA WO MMA

6 Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma wɔanya nkɔso. Wɔn kasa a edi kan a wɔbɛma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu a wɔbɛboa wɔn ma woasiesie na afei wɔahwɛ ma wɔn ankasa asiesie wɔn ɔkasa a wɔbɛma na wɔatumi afi koma ne ntease mu ama mmuae no yɛ ade a ɛyɛ anigye ampa. So woreboa wo mma wɔ saa kwan yi so? Sɛ wo ne wɔn yɛ adwuma bere nyinaa a saa botae ahorow no wɔ w’adwenem a, so wobetumi anya nkɔso kɛse? Susuw anigye a wubenya no ho bere a wuhu sɛ anisɔ a wo mma wɔ ma nokware no yɛ kɛse na woyi nnamyɛ adi na wotumi ka asɛmpa no kyerɛ afoforo no.

7 Ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yehowa asafo no, mu boa sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no muni biara benya nkɔso wɔ ɔsom adwuma no mu. Ebinom fata sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo na afoforo nso betumi aboa wɔ akwan ahorow so. (Fa toto 1 Korintofo 12:27, 28 ho.) Ebia woyɛ obi a obetumi aboa denam hyɛ a wobɛhyɛ adawurubɔfo a wɔyɛ afoforofo no nkuran na wɔaboa wɔn no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena