Boa Afoforofo Ma Wonya Honhom Mu Nkɔso
1 So woanya anigye a efi obi a wɔne no sua ade ma ekodu baabi a ɔba begyina Yehowa afã no mu ba no bi pɛn? Bere a obi de nsu mu asubɔ yɛ n’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne no yɛ bere titiriw. Nnipa mpem du du pii na wɔyɛ saa afe biara, nanso sɛnea mmofra hia akwankyerɛ bere a wɔrenyin no, saa ara na afoforofo nso hia mmoa na wɔatumi anya honhom mu nkɔso.—1 Kor. 4:14-17; 2 Kor. 6:13.
2 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa ani gyei sɛ yehuu afoforofo pii wɔ April 12 Nkaedi no ase. Afei ɛho hia sɛ yɛboa wɔn ma wohu Yehowa ne n’ahyehyɛde no yiye. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? To nsa frɛ anigyefo afoforo a wɔbaa Nkaedi no ase no na fa wɔn bra asafo nhyiam horow no daa, na boa wɔn ma wonhu asafo no mufo afoforo. Hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkɔ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam no ne ɔmansin nhyiam a edi hɔ no nso bi. Fa nsɛm a ɛwɔ Wɔde Reyɛ Onyankopɔn Apɛde nhomawa no nkratafa 14, 15 ne 18-19 no di dwuma pa. Ntwentwɛn wo nan ase na nka sɛ ebia wonnsiesiee wɔn ho. Ebinom afi ase ne asafo no bɔ daa bere a wɔtee nokware no ho asɛm nea edi kan no akyi bere tiaa bi.
BIBLE ADESUAFO A YƐBƐBOA WƆN
3 So yebetumi ayɛ pii de aboa yɛn Bible adesuafo? So woakyerɛ wɔn ɔkwan a wɔfa so sua ade? So wohia mmoa a wɔde besiesie wɔn ho ama asafo nhyiam na wɔanya mu kyɛfa? Sɛ wɔfata a hyɛ wɔn nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu. Eyi bɛma wɔanya ntetee a ɛsom bo ne ahotoso. Nhyiam horow no mu kyɛfa a wonya daa no boa ma wonya honhom mu nkɔso kɛse.
4 Bɔ mmɔden sɛ wubehu Bible suani no yiye a womfeefee n’asetra mu nsɛm mu. So akwanside ahorow bi wɔ hɔ a ɛmma ontumi nnya honhom mu nkɔso? Sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow wɔ Kristofo asetra mu nsɛm bi mu a, fa ayamye ne anifere boa no wɔ eyinom mu.
5 Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo betumi ayɛ nhyehyɛe na wɔne adesuafo no ahyia na wɔahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra nhoma mu adesua no daa. Sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo kɔsra adesua kuw bi a, obetumi ne kuw no sohwɛfo ahwehwɛ kuw no Bible adesua ahorow a wɔyɛ mu. Ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔne adawurubɔfo no bi kɔyɛ wɔn Bible adesua na wɔde honhom mu nkuranhyɛ ma. Bio nso, sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔno anaasɛ ne yere ani begye sɛ wɔne adawurubɔfo no bɛkɔ akɔyɛ wɔn Bible adesua ahorow. Ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi ahwehwɛ Bible adesua kyerɛwtohɔ ahorow no mu na wayɛ nhyehyɛe a ɛfata ma adawurubɔfo ne ɔmansin sohwɛfo no anaasɛ ne yere akɔyɛ wɔn Bible adesua ahorow.—Rom. 1:11; Fil. 1:25; yɛsrɛ wo ti kmTW 7/81 Asemmisa Afã no mu.
6 Sɛ ɔfoforofo bi bɔ asu a, yɛkɔ so boa no ma onya nkɔso bio. (Gal. 6:10; 1 Pet. 1:22; 4:8; Fil. 3:13-16) Yɛsrɛ wo hwɛ sɛ wone osuani no besua nhoma ahorow abien a wɔakamfo akyerɛ no awie, ɛmmfa ho sɛ ebia wɔakɔ Asafo Nhoma Adesua bere a na wosua nhoma no biako anaasɛ ne nyinaa wɔ hɔ no. (kmTW 5/83 krat. 6; kmTW 1,/84 krat. 3) Sɛ woanyɛ saa a ebia osuani no rentumi nnyina n’anan so a wasiesie ne ho honhom mu. Sɛ obi te nka sɛ esiane ne nsɛm tebea horow bi nti ɔrentumi mmoa Bible suani bi mma onnyin wɔ honhom mu a, ɛsɛ sɛ ɔne mpanyimfo no ka ho asɛm.—Hwɛ kmTW 8/86 Asemmisa Afã hɔ.
7 Anigye a yenya bere a yehu sɛ ɔfoforofo bi nya nkɔso wɔ nkwa kwan no so no bɛyɛ kɛse bere a yehu sɛ ɔkɔ anim wɔ Kristofo onyin mu no. Ɔno nso bedu baabi a obetumi aboa afoforo ma wɔanya nkɔanim bere a yɛn nyinaa de biakoyɛ yɛ nkwa botae no ho adwuma no.—1 Tim. 4:16.