Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Nnapɔnna No Mu
1 Wɔ saa bere yi mu wɔ afe no mu no, nnipa pii rebɔ mmɔden kɛse sɛ wobenya anigye bi wɔ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase yi mu no mu. So woanya adwene a ɛnteɛ wɔ mmɔden a wobɛbɔ sɛ wubedi nnipa a wɔte sɛɛ adanse wɔ bere a ɛda adi sɛ wonni adagyew yi mu no ho pɛn? Wɔ nneɛma a wɔyɛ tra so wɔ nnapɔnna no mu nyinaa akyi no, nnipa pii de wɔn adwene si Onyankopɔn so bere a wɔte asɛm a wɔtaa ka a ɛne “Asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu” no.
2 Akyinnye biara nni ho sɛ yebehyia nkurɔfo a wonni adagyew ampa wɔ nnapɔnna no mu. Ɛho behia sɛ yesusuw wɔn ho. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɛnyɛ sɛ ohuu sɛnea afoforo te nka, ne sɛ, onyaa ayamhyehye maa wɔn nko, na mmom ohuu nea ehia wɔn na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa wɔn. Ɛho hia sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn nnɛ nso te Ahenni ho asɛm no saa ara.—Mat. 9:36, 37.
3 Sɛ wohyɛn ofi bi mu a, bɔ mmɔden sɛ wubehu tebea a ɛwɔ fie hɔ na susuw wɔn ho. So wɔn ani abere regye ahɔho ani anaasɛ wogu ahosiesie so denneennen? Ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛma asɛm a wobɛka no ayɛ tiaa. Nanso wɔ tebea foforo mu no ebia wubehu sɛ ɛnyɛ sɛ onipa no nni adagyew ankasa, na ɛdenam ayamye a wubeyi adi akyerɛ na woakyerɛ onii no ho anigye ankasa so no, wubetumi afa anifere kwan so adi adanse.
DƐN NA WUBETUMI AKA?
4 Bere a wonam adamfofa kwan so ada wo nnianim asɛm adi no, wubetumi aka sɛ: “Wɔreka asomdwoe wɔ asase so ne anisɔ wɔ nnipa mu ho asɛm kɛse nnansa yi. So woasusuw ho pɛn sɛ asomdwoe ankasa bɛba asase so, na sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba?” Ma ofiewura no mma mmuae na afei fa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ne nhoma a ɛde rema no toa so.
5 Sɛ wuhu sɛ asɛntiaa bi a wobɛka no bɛyɛ nea ɛfata a, wubetumi aka sɛ: “Wɔ saa bere yi mu wɔ afe no mu no, yehu nkurɔfo pii a wɔresusuw Yesu awo no ho. Ɛno yɛ asɛntitiriw bi a esii. So metumi akyerɛ wo nea Bible no ka wo asɛm foforo bi a ɛho hia kɛse a ebesi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho? Yesu ankasa na ɔkae sɛ . . . [Kenkan Mateo 6:33].” Afei bue nhoma a yɛde rema mprempren no fã bi a ɛka Ahenni no ho asɛm na fa ma ofiewura no.
6 Sɛ nkurɔfo ma yɛn afirihyia pa a, ɛho nhia sɛ yebegye wɔn akyinnye wɔ wɔn nnapɔnna nkyia ho. Mmom no, yebetumi ada wɔn ase tiawa wɔ ayamye a woyii no adi ne bere a wonya de tiee yɛn no ho. Nokwarem no, sɛ wɔhyɛ da bisa sɛnea yɛte nka wɔ nnapɔnna no ho a, ‘yɛde mmuae a ɛyɛ nokware bɛma wɔ obu kwan so. Reasoning nhoma no de nsɛm a eye ma wɔ nkratafa 176-8 a ɛbɛboa wo.
SUSUW AFOFORO HO
7 Sɛ Buronya Da ne Afe Foforo Da no du a, yebetumi akyerɛ sɛ yesusuw afoforo ho denam kɔ a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn ntɛm no so. Sɛ́ anka yɛbɛhaw wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔsɔre ntɛm saa bere no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata kɛse sɛ yɛremfi yɛn afie afie adwuma no ase ntɛm sɛnea yɛtaa yɛ daa no. Anaasɛ yebetumi afi yɛn asɛnka no ase denam sra a yɛbɛsan akɔsra wɔn a yenim sɛ wobetumi atie yɛn no so. Yɛn ani sɔ nyansa a ɛwɔ ɔsomafo Paulo afotu yi mu no: “Ade nyinaa mu yeyi yɛne ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo.”—2 Kor. 6:4.
8 Osuahu a ɛyɛ anigye pii afi adansedi mu kyɛfa a yenya wɔ nnapɔnna mu no mu aba. Nanso ɛho behia sɛ yɛn nyinaa yɛ anifere na yɛka asɛm a ɛyɛ nokware no wɔ ɔkwan a etumi kanyan ofiewura no koma ne n’adwene so. Kae Paulo afotu a ɛwɔ Kolosefo 4:6 a ese “Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu” no. Afotu pa yi fata titiriw wɔ nnapɔnna no mu.