Akwampaefo Boa Afoforo
1 Yesu kae sɛ: “Otwa adwuma no so, na adwumayɛfo no de, wosua; enti monsrɛ otwa wura no, na ontu adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” Esiane sɛ na afeha a edi kan no mu twafo no sua, na wɔwɔ nsasesin pii a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma nti, na anka Yesu betumi asoma wɔn mmiako mmiako aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa dodow biara a wobetumi. Nanso, “ɔsomasomaa wɔn baanu baanu.” (Luka 10:1, 2) Dɛn nti na ɔsomaa wɔn baanu baanu?
2 Na saa asuafo no yɛ foforo, na na wɔn ho nkokwawee. Na wɔnam adwuma a wɔbɛbom ayɛ so betumi asua biribi afi wɔn ho wɔn ho, na wɔahyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran. Sɛnea Salomo kaa no no, “baanu ye sen obiako.” (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Bere a wohwiee honhom kronkron guu wɔn so wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. akyi mpo no, Paulo, Barnaba, ne afoforo kaa wɔn mfɛfo gyidifo ho kɔɔ asɛnka. (Aso. 15:35) Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ hokwan kɛse maa ebinom sɛ mmarima a wɔfata saa ankasa tetee wɔn!
3 Ntetee Pa Ho Nhyehyɛe: Ɛnnɛyi Kristofo asafo no yɛ asɛnka ahyehyɛde te sɛ afeha a edi kan no mu de no ara pɛ. Ɛtete yɛn nso. Sɛ́ ankorankoro no, ɛsɛ sɛ yefi komam nya ɔpɛ sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so sɛnea yebetumi biara. Wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛboa ma adawurubɔfo pii atumi atu mpɔn.
4 Wɔ Ahenni Som Sukuu a wɔyɛe nnansa yi ara ase no, Asafo ti no de nhyehyɛe a ɛbɛma akwampaefo aboa afoforo wɔ asɛnka mu ho amanneɛbɔ too gua. So eyi ho hia? Yiw, ɛho hia. Wɔabɔ adawurubɔfo bɛboro ɔpepem biako asu wɔ mfe abiɛsa a atwam no mu, na eyinom mu pii hia ntetee na ama wɔatu mpɔn pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Henanom na yebetumi ama wɔadi ahiade yi ho dwuma?
5 Bere nyinaa akwampaefo ne wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu betumi aboa. Yehowa ahyehyɛde no ma wɔn afotu ne ntetee pii. Akwampaefo nya akwankyerɛ a ɛfata wɔn ahiade wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu a wɔde adapɛn abien yɛ no mu. Wɔsan nya mfaso wɔ nhyiam ahorow a wɔne ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo yɛ ne akwankyerɛ a wonya fi mpanyimfo no hɔ no mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ akwampaefo nyinaa na wɔn ho akokwaw te sɛ Paulo ne Barnaba de, nanso wɔanya ntetee a ɛsom bo, na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔne afoforo bɛkyɛ.
6 Henanom na Wobenya Mu Mfaso? So adawurubɔfo foforo anaa wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu nkyɛe nkutoo na wobenya nhyehyɛe yi mu kyɛfa? Ɛnte saa! Mmofra ne mpanyin bi wɔ hɔ a mfe pii ni na wohuu nokware no, nanso wɔn ani begye sɛ wobenya mmoa wɔ asɛnka adwuma no afã bi mu. Ebinom bɔ mmɔden pii wɔ nhoma kyekyɛ mu, nanso ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ sankɔhwɛ anaasɛ wobefi Bible adesua ase. Ɛnyɛ afoforo den sɛ wobefi Bible adesua ase, nanso wohu sɛ wɔn asuafo no nnya nkɔso. Dɛn na ɛmma wonnya nkɔso no? Yebetumi ama akwampaefo a wɔn ho akokwaw aboa wɔ saa mmeae yi. Akwampaefo binom bɔ mmɔden wɔ sɛnea wɔkanyan afoforo anigye, wofi Bible adesua ase, na wɔkyerɛ asuafo foforo kwan ba ahyehyɛde no mu ho. Wɔn suahu no bɛboa wɔ nhyehyɛe foforo yi mu.
7 So wuhu sɛ wo bere nhyehyɛe mma wuntumi mmoa asafo no asɛnka nhyiam ahorow a wɔyɛ no daa no sɛnea wopɛ? Ɔkwampaefo betumi ne wo ayɛ adwuma mmere bi, bere a wunnya adawurubɔfo afoforo no.
8 Biakoyɛ a Ɛfata Ho Hia: Mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe mprenu afe biara ama adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn no ma wɔde wɔn ho ahyɛ Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe no mu. Sɛ wopene so sɛ wubegye mmoa a ɛte saa a, ɛne ɔkwampaefo a wɔde wo ama no sɛ ɔmmoa wo no mmom nyɛ asɛnka adwuma bere nhyehyɛe a ɛfata, na di so. Di nhyehyɛe no mu biara so. Bere a mobom yɛ adwuma no, hyɛ akwan a etu mpɔn a ɔfa so ka asɛmpa no nsow. Hwehwɛ nea enti a akwan bi a ɔfa so no tu mpɔn no mu. Susuw nyansahyɛ ahorow a ebia ɔkwampaefo no de bɛma wo wɔ ɔkwan a wofa so ka asɛm ho no ho. Bere a wode nneɛma a woasua redi dwuma no, wo nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu bɛda adi ama wo ne afoforo ahu. (Hwɛ 1 Timoteo 4:15.) Montaa mmom nyɛ adwuma sɛnea mubetumi, na monyɛ asɛnka adwuma no afã horow nyinaa bi, a bɔnnɔ so adansedi ka ho, nanso fa w’adwene si beae pɔtee a wuhia mmoa no so.
9 Nkɔso a wubenya ho hia ɔsom adwuma sohwɛfo no. Bere ne bere mu no, obehu Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no ahwɛ sɛnea worenya nhyehyɛe no mu mfaso. Saa ara na sɛ ɔmansin sohwɛfo bɛsra asafo no a, ɔbɛboa wo.
10 Yehowa pɛ sɛ wɔtete ne nkurɔfo na ‘wosiesie wɔn koraa ma nnwuma pa nyinaa.’ (2 Tim. 3:17) Bu Akwampaefo Boa Afoforo nhyehyɛe no sɛ nsiesiei pa a wɔde reboa wɔn a wɔpɛ sɛ wotu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Sɛ wowɔ hokwan sɛ wode wo ho bɛhyɛ mu a, fa aseda, ahobrɛase, ne anigye yɛ saa.