Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yefi Asafo Nhyiam Ahorow Ase Bere Ano na Yewie Bere Ano?
1 Ɛsɛ sɛ yefi asafo nhyiam ahorow nyinaa, a asɛnka nhyiam ka ho, ase bere ano na yewie bere ano. Dɛn ntia? Efisɛ, yɛn bere so a yebedi kyerɛ sɛ yɛwɔ nhyehyɛe pa, na yesusuw wɔn a wɔba nhyiam ahorow no ase na wonya mu kyɛfa no nyinaa ho. (Ɔsɛnk. 3:17b; 1 Kor. 14:33) Yebetumi akyerɛ sɛ yesusuw afoforo ho, denam akwankyerɛ ahorow a edidi so yi akyi a yebedi na yɛafi asafo nhyiam ahorow ase wɔ bere ano na yɛawie wɔ bere ano so.
2 Baguam Nhyiam: Simma 45 na wɔde ama baguam ɔkasa ahorow. Sɛ edi boro bere a wɔde ama no a, ɛbɛka Ɔwɛn-Aban Adesua a ebedi so no. Ɔwɛn-Aban Adesua: Dɔnhwerew biako na wɔahyɛ ama Ɔwɛn-Aban Adesua no, na wɔkenkan nkyekyem ahorow no nyinaa susuw ntĩmu nsɛmmisa no ho. Ɛsɛ sɛ wɔde nnɔnhwerew abien wie nhyiam ahorow abien no nyinaa, a nnwonto ne mpaebɔ ka ho.
3 Teokrase Ɔsom Sukuu: Eyi yɛ simma 45 nhyiam. Ɛwom sɛ wontwa wɔn a wɔma ɔkyerɛkyerɛ kasa ne Bible akenkan mu nsɛntitiriw no kasa so bere a wɔn bere aso no de, nanso ɛsɛ sɛ anuanom a wɔde afã yi ama wɔn no di wɔn bere so. Sɛ wɔanyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔma wɔn afotu wɔ kokoam. Ɔsom Nhyiam: Eyi nso yɛ simma 45 nhyiam. Ɛnsɛ sɛ eyi ne Teokrase Ɔsom Sukuu, nnwonto ne mpaebɔ, ne dwumadi no nyinaa boro dɔnhwerew biako ne simma aduanan anum.
4 Asafo Nhoma Adesua: Eyi yɛ dɔnhwerew biako nhyiam, a mpaebɔ a wɔde fi ase ne nea wɔde wie ka ho. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem ahorow no nyinaa. Asɛnka Nhyiam: Ɛsɛ sɛ wofi eyi ase bere ano, na ɛnsɛ sɛ nhyiam no ne asasesin no kyekyɛ ne mpaebɔ a wɔde wie no boro simma 15.
5 Ɔkwan Bɛn so na Yɛn Nyinaa Betumi Aboa?: Sɛnea ofirikafo wɔ mmirika a kar bi tu so tumi no, saa ara na ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu no wɔ ɔfã bi a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma de boa ma bere a wɔde yɛ asafo nhyiam ahorow no mmoro so. Nea edi kan koraa ne asafo nhyiam ahorow ase a yebedu wɔ bere ano. Sɛ sukuufo a wɔama wɔn dwumadi no nyinaa tra bɛn asɛnka agua no, na wɔn mu biara de ne kasa no ba awiei bere a wɔn bere aso a, wɔrensɛe bere pii. Ɛsɛ sɛ anuanom a wonya dwumadi wɔ Ɔsom Nhyiam mu no di bere a wɔde ama wɔn no so. Sɛ onua a odi w’anim no fa wo bere no bi a, tew a wobɛtew wo de so ma moatumi awie nhyiam no wɔ bere ano no bɛkyerɛ sɛ wususuw afoforo ho. Sɛ yɛma yɛn mmuae yɛ ntiantiaa a, afoforo nso nya kwan ka bi. Sɛ yetĩ nea afoforo adi kan aka mu a, yɛsɛe bere pii. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ atiefo pa. Momma yɛn nyinaa nni bere so wɔ asafo nhyiam ahorow ase mfa nna yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo pa.—2 Kor. 6:3, 4.