Wɔasi Wɔn Bo Sɛ Wɔbɛnantew Onyankopɔn Asetra Kwan So
Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no nyaa “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam Ahorow no so mfaso pii! Nhyiamfo no biako kaa nhyiam no ho asɛm sɛ “nkyerɛkyerɛ, nkuranhyɛ, ne nhumu bere a anigye wom.”
ƆFOFORO kae sɛ “na nneɛma pii wɔ hɔ a w’ani betumi agye ho, asusuw ho, asua biribi afi mu.” Afei ma yensusuw dwumadi no ankasa ho.
Yesu Kristo—Ɔkwan, Nokware, ne Nkwa No
Ná eyi ne nhyiam no da a edi kan no asɛmti. (Yohane 14:6) Ɔkasa a edi kan no daa nea enti a yɛahyiam wɔ nhyiam no ase no adi: sɛ wɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ yɛn ɔkwampa a yebetumi afa so anya nkwa, Onyankopɔn asetra kwan no. Yehowa kyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛnea wɔbɛnantew n’akwan so. Ɔnam Bible, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma,” ne honhom kronkron so na ɛyɛ eyi. (Mateo 24:45-47; Luka 4:1; 2 Timoteo 3:16) Hwɛ hokwan a yɛanya sɛ Amansan Hene no bɛkyerɛkyerɛ yɛn!
Nea ɛne ɛda no asɛmti hyia no, na nhyiam no asɛmti ho ɔkasa no ne “Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan.” Sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn asetra kwan so a, ɛho hia sɛ yehu dwuma a Yesu Kristo di wɔ Yehowa atirimpɔw mu. Ɔkasafo no kae sɛ: “Ɛmfa ho gyidi ahorow a obi kura ne nnwuma a ɔyɛ no, sɛ ɛnyɛ Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no a, anka obiara ntumi nnya daa nkwa mfi Onyankopɔn hɔ.” Afei ɔfaa Yohane 3:16 mu nsɛm kae sɛ: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yebenya no hwehwɛ sɛ yenya nokware no ho nokware nimdeɛ. Ɛhwehwɛ nso sɛ yebehyira yɛn ho so ama Yehowa, de nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne, na yɛatra ase ma ɛne Yesu Kristo nhwɛso a ɔyɛ too hɔ no ahyia.—1 Petro 2:21.
Ɔkasa a n’asɛmti ne “Ɔdɔ Kwan Nni Huammɔ Da” na wɔde fii awia dwumadi no ase. Nea ɛka eyi ho ne ɔdɔ ho nsɛm a ɛka koma a Paulo kae a ɛwɔ 1 Korintofo 13:4-8 no nkyekyem ahorow no a wosusuw ho mmiako mmiako. Wɔkaee atiefo no sɛ ɔdɔ a efi ahofama mu yɛ Kristosom agyiraehyɛde, na Onyankopɔn dɔ ne yɔnko dɔ yɛ ɔsom a ɛsɔ Yehowa ani no fã titiriw.
Afei ɔkasa a wɔakyekyem afã abiɛsa a n’asɛmti ne “Awofo—Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Onyankopɔn Kwan” no dii hɔ. Awofo nam Onyankopɔn Asɛm kenkan ne ne sua ho nhwɛso pa a wɔbɛyɛ so betumi aboa wɔn mma ma wɔasom Onyankopɔn. Wɔnam abusua adesua a wɔyɛ no daa, a wɔma ɛfa abusua no ahiade ho, so betumi de nokware no ahyɛ wɔn mma mu. Ɛho hia nso sɛ wɔboa mmofra ma wɔde wɔn ho hyɛ asafo no dwumadi ahorow ne asɛnka mu. Ɛwom sɛ mmofra a wosuro Nyankopɔn a wɔbɛtete wɔn nna fam wɔ wiase bɔne yi mu de, nanso ne yɛ so wɔ akatua pii.
Ɔkasa a edii ɔkasa a wɔakyekyem yi akyi bae ne “Ma Yehowa Ntete Wo Mma Adwuma a Nidi Wom.” Sɛnea ɔnwemfo nwene nkuku no, saa ara na Onyankopɔn nwene wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no. (Romafo 9:20, 21) Ɔnam afotu a ɔde ama wɔ N’asɛm mu ne n’ahyehyɛde no so na ɛyɛ eyi. Sɛ yɛde yɛn ho ma, gye hokwan ahorow tom, na yɛma Yehowa kyerɛ yɛn kwan a, ɔbɛboa yɛn ma yɛde yɛn dom akyɛde ahorow adi dwuma akosi ase.
Afei dwumadi no fã bi a ɛyɛ anigye duruu so—“Asɛmpatrɛw Adwuma Mu Ɔsom Adwuma.” Mprempren, Kristofo asomfo 2,390 na wɔresom wɔ asase nyinaa so wɔ aman 148 mu a wobu wɔn sɛ asɛmpatrɛwfo. Wɔyɛ nokwaredi ne nsiyɛ ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ, na wɔn ani gye pii sɛ wɔanya hokwan resom amannɔne nsase so. Asɛmpatrɛwfo kaa asɛmpatrɛw adwuma no mu nsɛnnennen ne anigye ahorow ho asɛm wɔ amanaman ntam nhyiam ahorow ase wɔ saa dwumadi yi mu.
Ná ɛda a edi kan no kasa a edi akyiri no asɛmti ne “So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?” Saa asɛmmisa yi ahaw adesamma adwene mfe mpempem pii. Ɔman biara mu nnipa adi aperepere wɔ saa asɛm yi ho. Wɔde ho mmuae ahorow pii ama. Egu ahorow te sɛ nkurɔfo a wɔde ho mmuae ahorow mmae no amammerɛ ne wɔn som. Nanso, ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu nokware no.
Enti, ɔkasafo no yii nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛyɛ fɛ a wɔato din, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? Saa nhomawa yi kyerɛkyerɛ baabi a ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no fi bae, na ɛkyerɛ sɛnea ɛkame ayɛ sɛ nsusuwii yi abɛyɛ ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ nyinaa mu nkyerɛkyerɛ titiriw. Ɛhwehwɛ nea Bible ka fa ɔkra ho, nea enti a yewu, ne nea ɛba yɛn so bere a yɛawu no mu wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛyɛ anigye so. Nhomawa no kyerɛkyerɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ne ateasefo nso mu. Hwɛ nhyira a nhomawa yi bɛyɛ ama wɔn a wɔrehwehwɛ nokware no wɔ mmaa nyinaa no!
Monhwɛ Mo Nantew Yiye
Asɛmti a na ɛfata ma nhyiam no da a ɛto so abien bɛn ara ni! (Efesofo 5:15) Anɔpa dwumadi no twee adwene sii asɛnka ne asuafoyɛ adwuma so. Bere a wosusuw daa asɛm no ho wiei no, wɔmaa ɔkasa a n’asɛmti ne “Nnipa a Wɔboa Wɔn Ma Wɔfa Nkwa Kwan no So” de toaa dwumadi no so. Bere a yɛreyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ yi no, ɛho hia sɛ yenya su a ɛfata, na yehu sɛ nokware no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo no yɛ hokwan ne asɛyɛde. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, nnipa dodow no ara poo Onyankopɔn Asɛm. Nanso, ɛmfa ho ɔsɔretia no, na ebinom wɔ hɔ a ‘wɔpɛ daa nkwa, na wɔbɛyɛɛ gyidifo.’ (Asomafo no Nnwuma 13:48, 50; 14:1-5) Tebea no te saa ara nnɛ. Ɛwom sɛ nnipa pii po Bible mu nokware no de, nanso yɛkɔ so hwehwɛ wɔn a wobetie no.—Mateo 10:11-13.
Ɔkasa a edi hɔ no kaa asɛmpa no a yɛde bedu afoforo nkyɛn no ho nsɛnnennen ho asɛm. Esiane sɛ ɛyɛ den yiye sɛ yɛbɛto nkurɔfo wɔ fie nti, sɛ yebenya nnipa aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn a, gye sɛ yɛyere yɛn ho fa akwan horow so. Wɔ nsase pii so no, asɛmpa no ho adawurubɔfo nam telefon so adansedi ne nsasesin a nnwuma wom mu asɛnka so sow aba pa, na wɔnam saayɛ so nya nkurɔfo a ɛyɛ den sɛ anka wɔn nsa bɛka wɔn no.
Ɔkasa a n’asɛmti ne “Nea Kristo Ahyɛ Nyinaa a Yɛde Bɛkyerɛkyerɛ Asuafo” no twee adwene sii hia a ɛho hia sɛ yetu mpɔn wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu so. Sɛ yesuasua afoforo na yɛde ntetee pa a yenya wɔ asafo nhyiam ahorow ase no di dwuma a, yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn. Sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn a, yenya anigye ne abotɔyam kɛse wɔ yɛn adwuma a ɛne sɛ yɛreboa nkurɔfo ma wɔasua Bible mu nokware no mu.
Ɔkasa a ɛfa nea ahosohyira ne asubɔ kyerɛ ho no na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Nsɛntitiriw a ɔkasafo no sii so dua no mu biako ne sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so koraa na yefi komam bɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde a, obehyira yɛn na wawowaw yɛn. Onyansafo no kyerɛwee sɛ: ‘Hu Onyankopɔn w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.’ (Mmebusɛm 3:6) Asubɔ a ɛyɛ anigye no ankasa yɛ nhyiam no mu ade titiriw a ɛda no adi sɛ nnipa pii afi ase renantew Onyankopɔn asetra kwan so.
Awia ahomegye bere akyi no, wɔde ɔkasa a n’asɛmti ne “Daa Nkwa a Yɛde Bɛyɛ Yɛn Botae De Asom” na efii awia dwumadi no ase. Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa a wɔn aso yɛ mmerɛw asom no daa wɔ asase so no bɛbam. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene, yɛn nhyehyɛe, ne yɛn anidaso begyina ɔsom a yɛde bɛma Yehowa so a yɛn ani da so sɛ yebenya daa nkwa! Bere a yɛpɛ sɛ ‘Yehowa da’ no tra yɛn adwenem no, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ yɛn botae ne sɛ yɛbɛsom akosi daa. (2 Petro 3:12) Bere pɔtee a Yesu de Onyankopɔn atemmu bɛba no a yennim no ma yɛn ani da hɔ, na ɛma yenya hokwan daa sɛ yɛbɛda no adi sɛ ɛnyɛ pɛsɛmenkominya adwene na yɛde som Yehowa.
Ɔkasa ahorow abien a edii hɔ no hwehwɛɛ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no ti 4 no mu. Nneɛma a wosusuw ho no bi ne nhyira a “nnipa mu akyɛde,” honhom fam mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔnam honhom kronkron so paw wɔn ma yenya no. Saa mpanyimfo yi ma yɛn afotu ne akwankyerɛ ma yenya mfaso wɔ honhom fam. Paulo krataa a efi honhom mu no hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnhyɛ ‘nipasu foforo.’ (Efesofo 4:8, 24) Su ahorow te sɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre, ne ɔdɔ yɛ su pa.—Kolosefo 3:12-14.
Nea ɛka yɛn nantew a yɛbɛhwɛ no yiye ho ne yɛn ho a yebeyi afi wiase nkekae ho—ɔkasa a edii hɔ no asɛmti. Ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ wɔ anigyede, fekubɔ, ne honam fam nneɛma akyidi mu. Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ Yakobo 1:27 no di dwuma na yeyi yɛn ho fi wiase nkekae ho a, yebetumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim, na yɛanya ahonim pa. Yɛn asetra nso bɛyɛ nea ɛwɔ atirimpɔw, na yebenya asomdwoe, honhom fam yiyedi ne fekubɔ a anigye wom.
Afei ɔkasa a wɔakyekyem a ɛwɔ afã abiɛsa a n’asɛmti ne “Mmofra—Momfa Onyankopɔn Kwan So” dii so. Esiane sɛ mmofra nim sɛ Onyankopɔn dɔ wɔn, na n’ani sɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔde ɔsom kronn bɛma no no nti, ɛsɛ sɛ wɔtete wɔn nkatede na wɔsom no nokware mu. Ɔkwan biako a yɛfa so ma yɛn nkatede nyin ne sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa na yɛadwennwen ho. Sɛ yɛyɛ eyi a, yebetumi abehu Yehowa akwan. (Dwom 119:9-11) Yɛnam afotu a nyansa wom a awofo, mpanyimfo, ne Asafo ti no nhoma ahorow de ma a yebegye atom so nso ma yɛn nkatede nyin. Sɛ mmofra de wɔn nkatede di dwuma yiye a, wɔmma honam fam nneɛma, kasafĩ, ne anigyede ntraso a ahyɛ wiase a atwe ne ho afi Nyankopɔn ho mu ma no nnye wɔn adwene. Sɛ mpanyin ne mmofra nyinaa nantew Onyankopɔn asetra kwan so a, wobetumi adi yiye ankasa.
Ɛda no kasa a etwa to ne “Ɔbɔadeɛ No—Ne Nipasu ne N’akwan.” Bere a ɔkasafo no daa no adi sɛ nnipa ɔpepepem pii nnim Ɔbɔadeɛ no, ɔkae sɛ: “Nea asetra atirimpɔw gyina so ankasa ne Ɔbɔadeɛ no, yɛn Nyankopɔn teasefo no ho nimdeɛ a yebenya; ne nipasu a yebehu; ne n’akwan so a yɛbɛfa. . . . Yɛwɔ yɛn wiase yi ne yɛn ankasa ho nokwasɛm ahorow a wubetumi de adi dwuma de aboa nkurɔfo ma wɔagye Ɔbɔadeɛ no atom, na wɔnam ne so anya atirimpɔw.” Afei ɔkasafo no kaa adanse a ɛwɔ hɔ a ɛtwe adwene si wɔ a Ɔbɔadeɛ nyansafo a ɔwɔ dɔ wɔ hɔ no so ho asɛm. Woyii Nhoma foforo—Is There a Creator Who Cares About You? adi de ɔkasa no baa awiei.
‘Eyi Ne Kwan No. Monnantew So’
Na eyi ne nhyiam no da a ɛto so abiɛsa no asɛmti. (Yesaia 30:21) Wɔde ɔkasa a wɔakyekyem abiɛsa a ɛyɛ anigye a ɛtwee adwene sii Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu so na efii dwumadi no ase. Anisoadehu yi fa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho kɛse, efisɛ ɛfa yɛn bere yi so ɔsom kronn ho. Ade titiriw a ɛma yɛte anisoadehu yi ase ni: Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse no gyina hɔ ma ne nhyehyɛe ma ɔsom kronn. Bere a wɔresusuw anisoadehu no mu nneɛma ho no, atiefo no dwennwen nea wɔyɛ de boa adwuma a wɔn a wɔasra wɔn no mu nkaefo mu ahwɛfo a wɔwɔ dɔ ne wɔn a wɔbɛyɛ obirɛmpɔn kuw no mufo yɛ no ho.
Akyiri yi, anɔpa no, wɔyɛɛ Bible mu drama a ɛyɛ fɛ a wɔn a wɔyɛe no hyehyɛɛ tete ntade ahorow. Ná drama no asɛmti ne “Mmusua—Momma Bible a Mobɛkenkan no Daa Nyɛ Mo Asetra Kwan!” Ɛdaa gyidi ne akokoduru a Hebrifo baasa a wɔankotow sika honi a Babilon hene Nebukadnesar yɛe no nyae adi. Ná drama no botae ne sɛ ɛbɛda Bible no adi sɛ ɛnyɛ tete nhoma bi kɛkɛ, na mmom emu afotu so wɔ mfaso ankasa ma mmofra ne mpanyin nyinaa nnɛ.
Wɔmaa baguam kasa a na n’asɛmti ne “Ɔkwan Biako Pɛ a Wɔfa so Kɔ Daa Nkwa Mu” no awia no. Bere a ɔkasafo no kaa bɔne ne owu mu a adesamma kɔe ho abakɔsɛm wiei no, ɔde nsɛm a ɛkanyan adwene yi wiee ɔkasa no sɛ: “Bible asɛmti a ɛda ɛnnɛ nhyiam yi so ne Yesaia ti 30, nkyekyem 21, a ɛka sɛ: ‘W’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.’ Yɛbɛyɛ dɛn ate saa nne yi? Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no mu nsɛm a yebetie, ne akwankyerɛ a yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini, Yehowa Nyankopɔn, nam so de ma, ne nea ɔnam ne nnɛyi Kristofo ahyehyɛde no so de ma akyi a yebedi so. Nokwarem no, eyi a yɛbɛyɛ no ne ɔkwan biako pɛ a yɛbɛfa so akɔ daa nkwa mu.”
Bere a wowiee dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban adesua a wɔabɔ no mmua no, wɔmaa ɔkasa a etwa to a na n’asɛmti ne “Monkɔ so Nnantew Yehowa Kwan So.” Wotĩĩ dwumadi no mu nsɛntitiriw mu wɔ ne fã bi. Afei ɔkasafo no de tirimbɔ a ɛkyerɛ sɛnea yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so anantew Onyankopɔn kwan so no too gua.
Saa nsɛm a ɛhyɛ nkuran yi na ɔde wiee tirimbɔ no: “Yegye di sɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ne afotu a yɛde bɛtra ase no ne asetra kwan a eye sen biara nnɛ, na ama yɛato nhyɛase pa ama daakye, na yɛatumi aso nokware nkwa no mu pintinn. Nea ɛsen ne nyinaa no, esiane sɛ yɛde yɛn koma, yɛn kra, yɛn adwene, ne yɛn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa Nyankopɔn nti na yɛreyɛ saa tirimbɔ yi!” Atiefo no nyinaa gyee so yiw, de kyerɛɛ sɛ wɔpene so!
[Kratafa 8 adaka/mfonini]
Is There a Creator Who Cares About You?
Nhoma foforo a ekura asɛmti yi no de adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ, Yehowa, wɔ hɔ ma, na ɛka ne su ahorow ho asɛm. Wɔyɛ maa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nsɛm ho nimdeɛ yiye nanso wonnye Onyankopɔn nni no titiriw. Saa nhoma a ekura nkratafa 192 yi bɛma ankorankoro a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi dedaw no nso gyidi ayɛ den, na wɔanya ne nipasu ne n’akwan ho anisɔ.
Is There a Creator Who Cares About You? mfa no sɛ nea ɔrekenkan no gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Mmom no, ɛka sɛnea nneɛma a wɔahu wɔ nyansahu mu, ne adwene ahorow a nkurɔfo anya nnansa yi di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ ho asɛm. Atiri ahorow no bi ne “Dɛn na Ebetumi Ama W’asetra Ayɛ Nea Atirimpɔw Wom?,” “Ɛyɛɛ Dɛn na Yɛn Amansan Yi Bae?—Ɛho Akyinnyegye,” ne “Woyɛ Soronko Dɛn!” Atiri foforo ka nea enti a yebetumi agye adi sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no. Nhoma foforo no ma yehu Bible no mu nsɛm a ɛda Ɔbɔadeɛ no nipasu ne n’akwan adi no nyinaa nso. Ɛnyɛ nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu pii hokwan ho asɛm nko na nhoma no ka, na mmom ɛkyerɛkyerɛ sɛnea ɔbɛma aba awiei koraa mu nso.
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
Wɔbɔɔ nnipa pii asu
[Kratafa 7 mfonini ahorow]
A. D. Schroeder, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni, na oyii nhomawa foforo no adi
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8, 9]
Drama a ɛyɛ anigye a ɛhyɛɛ Bible akenkan a wɔyɛ no daa ho nkuran no