Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/90 kr. 7-8
  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DƐN NTIA?
  • WƆ ASAFO NO MU
  • MONHYƐ AKWAMPAEFO NO NKURAN
  • Mmoa A Yɛde Bɛma Akwampaefo
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampae Adwuma no Mu Nhyira Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Akwampaefo Boa Afoforo
    Yɛn Ahenni Som—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 10/90 kr. 7-8

Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo

1 Onyankopɔn Ahenni ho mfɛfo adwumayɛfo hyɛ wɔn ho wɔn ho den. (Kol. 4:11) Sɛ yesusuw sɛ Kristofo asafo no adwuma titiriw ne sɛ ɛbɛka asɛmpa no a, nneɛma a ebepiapia yɛn ma yɛakyerɛ anisɔ ama bere nyinaa adwumayɛfo a wɔwɔ yɛn ntam no wɔ hɔ.​—Marko. 13:10; Rom. 16:2; Fil. 4:3.

DƐN NTIA?

2 Akwampaefo hyɛ asafo no den tẽẽ denam adawurubɔfo a wonni osuahu kɛse a wɔne wɔn yɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no afã horow mu no so. Nsɛmma nhoma adansedi, ahosiesie ma sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua a wofi ase na wɔyɛ no ɔkwan a etu mpɔn so ka eyi ho. Bio nso, akwampaefo betumi ayɛ nhwɛso wɔ bɔnnɔ so adanse a wodi no akokoduru so no mu. Mmoa a wɔde ma dapɛn mfinimfini kuw adansedi nhyehyɛe no ma wonya hokwan sɛ wɔbɛboa afoforo. Yebetumi ate akwampaefo nkɛntɛnso pa wɔ asɛnka mu no nka titiriw, bere a wɔboa asɛnka adwuma no wɔ dapɛn awiei bere a adawurubɔfo afoforo pii tumi nya mu kyɛfa no.

3 Akwampaefo boa asafo ahorow ma wɔyɛ wɔn asasesin mu adwuma fefeefe ne mpɛn pii. Eyi tumi ma nkurɔfo hu yɛn asɛm no yiye na wɔn yam nhyehye wɔn bere a yɛkɔsra wɔn no, efisɛ wonim nnipa ko a yɛyɛ. Nnɔnhwerew pii a akwampaefo de yɛ adwuma wɔ asasesin no mu de gyaw nhoma ma anigyefo na wodi anigye no ho dwuma​—nokwarem no, nokware aba a wodua na wogugu so nsu​—no betumi ama asasesin no asow aba pii.​—1 Kor.3:6

WƆ ASAFO NO MU

4 Pii anya nkuranhyɛ ma wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu, esiane akwampaefo anokwafo nsiyɛ ne wɔn anigye a ɛkaa wɔn koma nti. Na onuawa biako twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ daa ɔkwampaefo efisɛ na akwampaefo nni n’asafo mu. Nanso bere a ɔmansin sohwɛfo hyɛɛ ne nkuran no, ɔde ne ho hyɛɛ mu. Ankyɛ afoforo nso de wɔn ho hyɛɛ mu, na mprempren saa asafo no wɔ akwampaefo nsiyɛfo a wɔn dodow kɔ anim.

5 Ɛtɔ mmere bi a, mpanyimfo no bɛka akyerɛ ɔkwampaefo bi sɛ ɔmmoa obi a ɔntaa nkɔ asɛnka daa anaa wayɛ mmerɛw no. Bible adesua a ɔne onii no bɛyɛ betumi ayɛ nea ɛka mmoa yi ho. Ɛdenam saayɛ so no, ɔkwampaefo no gyidi ne ne nsiyɛ betumi aboa ma wɔasan akanyan ɔdɔ a onii no wɔ ma nokware no, na aboa no ma wafi ase adi n’ahosohyira mu asɛyɛde ahorow ho dwuma bio.​—1 Tes. 5:14.

MONHYƐ AKWAMPAEFO NO NKURAN

6 Bere a akwampaefo no yɛ pii de hyɛ afoforo nkuran no, wɔn ankasa nso hia nkuranhyɛ na ama wɔakɔ so anya anigye wɔ wɔn som adwuma no mu. (Rom. 1:12) So woka akwampae adwuma no ho asɛmpa? Bere bɛn ne bere a etwa to a wokamfoo ɔkwampaefo bi wɔ n’adwuma ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom a ɔwɔ no ho? Akwampaefo kyerɛ obi a wobenya no ne no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu wɔ da no mu bere a adawurubɔfo kakraa bi na wɔkɔ asɛnka no ho anisɔ titiriw. So wubetumi ne akwampaefo no akɔ asɛnka na ebia wode nnɔnhwerew pii adi dwuma de aboa asɛnka adwuma no?

7 Ɔkwan bɛn so bio na wubetumi ahyɛ akwampaefo nkuran? Wɔ nkamfo akyi no, wubetumi ada anisɔ a wowɔ ma saa adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma dennen no adi ɔkwan pɔtee bi so denam aduan a wo ne wɔn bedi, wo pɛ mu a wubefi aboa wɔn atua wɔn lɔre akatua ne akwan afoforo so, de aboa wɔn sɛnea wubetumi.​—Fa toto 1 Tesalonikafo 5:12, 13 ho.

8 Bere a mpanyimfo ne asafo mu asomfo di anim wɔ asafo no mu no, akwampaefo ne adawurubɔfo de mmoa bɛma ɔsom adwuma no ho nhyehyɛe a wɔayɛ no yiye no kɛse. Ɛdenam saayɛ so no, yɛn nyinaa de yɛn akyɛde a yɛwɔ no bedi dwuma de ‘asonsom yɛn ho yɛn ho.’​—1 Pet. 4:10, 11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena