Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Yɛn Akwampaefo
1 Onyankopɔn Ahenni ho mfɛfo adwumayɛfo hyɛ wɔn ho wɔn ho den. (Kol. 4:11) Sɛ yesusuw sɛ Kristofo asafo no adwuma titiriw ne sɛ ɛbɛka asɛmpa no a, nneɛma a ebepiapia yɛn ma yɛakyerɛ anisɔ ama bere nyinaa adwumayɛfo a wɔwɔ yɛn ntam no wɔ hɔ.—Marko. 13:10; Rom. 16:2; Fil. 4:3.
DƐN NTIA?
2 Akwampaefo hyɛ asafo no den tẽẽ denam adawurubɔfo a wonni osuahu kɛse a wɔne wɔn yɛ adwuma wɔ asɛnka adwuma no afã horow mu no so. Nsɛmma nhoma adansedi, ahosiesie ma sankɔhwɛ, ne ofie Bible adesua a wofi ase na wɔyɛ no ɔkwan a etu mpɔn so ka eyi ho. Bio nso, akwampaefo betumi ayɛ nhwɛso wɔ bɔnnɔ so adanse a wodi no akokoduru so no mu. Mmoa a wɔde ma dapɛn mfinimfini kuw adansedi nhyehyɛe no ma wonya hokwan sɛ wɔbɛboa afoforo. Yebetumi ate akwampaefo nkɛntɛnso pa wɔ asɛnka mu no nka titiriw, bere a wɔboa asɛnka adwuma no wɔ dapɛn awiei bere a adawurubɔfo afoforo pii tumi nya mu kyɛfa no.
3 Akwampaefo boa asafo ahorow ma wɔyɛ wɔn asasesin mu adwuma fefeefe ne mpɛn pii. Eyi tumi ma nkurɔfo hu yɛn asɛm no yiye na wɔn yam nhyehye wɔn bere a yɛkɔsra wɔn no, efisɛ wonim nnipa ko a yɛyɛ. Nnɔnhwerew pii a akwampaefo de yɛ adwuma wɔ asasesin no mu de gyaw nhoma ma anigyefo na wodi anigye no ho dwuma—nokwarem no, nokware aba a wodua na wogugu so nsu—no betumi ama asasesin no asow aba pii.—1 Kor.3:6
WƆ ASAFO NO MU
4 Pii anya nkuranhyɛ ma wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu, esiane akwampaefo anokwafo nsiyɛ ne wɔn anigye a ɛkaa wɔn koma nti. Na onuawa biako twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ daa ɔkwampaefo efisɛ na akwampaefo nni n’asafo mu. Nanso bere a ɔmansin sohwɛfo hyɛɛ ne nkuran no, ɔde ne ho hyɛɛ mu. Ankyɛ afoforo nso de wɔn ho hyɛɛ mu, na mprempren saa asafo no wɔ akwampaefo nsiyɛfo a wɔn dodow kɔ anim.
5 Ɛtɔ mmere bi a, mpanyimfo no bɛka akyerɛ ɔkwampaefo bi sɛ ɔmmoa obi a ɔntaa nkɔ asɛnka daa anaa wayɛ mmerɛw no. Bible adesua a ɔne onii no bɛyɛ betumi ayɛ nea ɛka mmoa yi ho. Ɛdenam saayɛ so no, ɔkwampaefo no gyidi ne ne nsiyɛ betumi aboa ma wɔasan akanyan ɔdɔ a onii no wɔ ma nokware no, na aboa no ma wafi ase adi n’ahosohyira mu asɛyɛde ahorow ho dwuma bio.—1 Tes. 5:14.
MONHYƐ AKWAMPAEFO NO NKURAN
6 Bere a akwampaefo no yɛ pii de hyɛ afoforo nkuran no, wɔn ankasa nso hia nkuranhyɛ na ama wɔakɔ so anya anigye wɔ wɔn som adwuma no mu. (Rom. 1:12) So woka akwampae adwuma no ho asɛmpa? Bere bɛn ne bere a etwa to a wokamfoo ɔkwampaefo bi wɔ n’adwuma ne ho a wɔde bɔ afɔre honhom a ɔwɔ no ho? Akwampaefo kyerɛ obi a wobenya no ne no ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu wɔ da no mu bere a adawurubɔfo kakraa bi na wɔkɔ asɛnka no ho anisɔ titiriw. So wubetumi ne akwampaefo no akɔ asɛnka na ebia wode nnɔnhwerew pii adi dwuma de aboa asɛnka adwuma no?
7 Ɔkwan bɛn so bio na wubetumi ahyɛ akwampaefo nkuran? Wɔ nkamfo akyi no, wubetumi ada anisɔ a wowɔ ma saa adwumayɛfo a wɔyɛ adwuma dennen no adi ɔkwan pɔtee bi so denam aduan a wo ne wɔn bedi, wo pɛ mu a wubefi aboa wɔn atua wɔn lɔre akatua ne akwan afoforo so, de aboa wɔn sɛnea wubetumi.—Fa toto 1 Tesalonikafo 5:12, 13 ho.
8 Bere a mpanyimfo ne asafo mu asomfo di anim wɔ asafo no mu no, akwampaefo ne adawurubɔfo de mmoa bɛma ɔsom adwuma no ho nhyehyɛe a wɔayɛ no yiye no kɛse. Ɛdenam saayɛ so no, yɛn nyinaa de yɛn akyɛde a yɛwɔ no bedi dwuma de ‘asonsom yɛn ho yɛn ho.’—1 Pet. 4:10, 11.