Ma W’ani Nna Hɔ Wo Bible Adesua a Wubefi Ase Ho
1 Ofie Bible adesua a yebefi ase na yɛayɛ no yɛ ahyɛde a yɛwɔ sɛ Yehowa Adansefo no fã. (Mat. 28:19, 20) Enti, so wobɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo mu biako wɔ eyi yɛ mu? (1 Kor. 3:9) Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yɛbɛboa afoforo ma wɔabehu Nea a ɔsen biara wɔ amansan no mu!
2 Esiane nsɛm a esisi wɔ wiase a ɛsakra ntɛmntɛm no mu ɔhaw ahorow pii no nti, nnipa komapafo pii rehwehwɛ nea enti a eyinom resisi no ho mmuae. Bere tenten a atwam ni no, Yehowa de wɔn nsemmisa no ho mmuae mae. Sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ nnipa komapafo a, wonya awerɛkyekye. Enti, ehia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛafi Bible adesua ase ho.—Mmeb. 3:27.
MA W’ANI NNA HƆ WƆ HOKWAN AHOROW HO
3 So woasusuw ho sɛ wo ne obusuani anaa ɔmannifo bi a onni nokware no mu befi Bible adesua ase? Hu a wubehu wɔn su no bɛma woanya hokwan de nhumu adi dwuma wɔ bere a ɛfata sɛ wo ne wɔn susuw nsɛm ho no mu. Ma ɛntra w’adwene mu sɛ asemmisa a eye a wobɛpaw anaasɛ asɛm a wobɛka bere a ɛsɛ mu no betumi akanyan wɔn anigye wɔ nokware no ho. Sɛ wokanyan ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobehu nneɛma mu no a, nkɔmmɔbɔ a ɛsow aba taa di akyi, na ebia wobefi Bible adesua ase.
4 Wɔ nsɛm pii mu no, aware mu ɔhokafo a ɔyɛ Kristoni suban pa atumi abue kwan ama obi a onnye nni no ma waba nokware no mu. (1 Pet. 3:1, 2) Sɛ asafo no mufo gye aware mu ahokafo ne abusua no mufo afoforo a wonnye nni tom na wɔkyerɛ obu ma wɔn a, wɔtaa kyerɛ ho anisɔ. Wɔn ho anigye a wobɛkyerɛ betumi ayɛ pii de ama adamfofa aba mo ntam. Ɛdenam aware mu ɔhokafo no anaasɛ abusua no muni a wo ne no bɛbom ayɛ adwuma wɔ nokware no mu so no ebia wubetumi ahyehyɛ Bible adesua.
5 Bere a yɛyɛ afie afie adwuma no, yebetumi abɔ mmɔden sɛ yebefi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Adawurubɔfo binom atumi ayɛ eyi bere a ofiewura no bisa nsɛm a wobetumi ama mmuae tẽẽ afi nhoma bi mu no. Sɛ onipa no pene so sɛ ɔbɛkenkan nhoma no anaa sɛ ɔto nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛtra ase a, yebetumi de hokwan no adi dwuma de atoa nkɔmmɔbɔ no so, na ebia yɛayɛ sɛnea yɛyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ. Fa atɛmpa di dwuma wɔ bere tenten a ɛsɛ sɛ wudi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no mu. Ebia mfaso bɛba so sɛ wɔbɛsan akɔ hɔ wɔ bere bi akyi anaasɛ da foforo akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Sɛ wokɔ hɔ akyiri yi a, ebia wobɛpɛ sɛ mokɔ so susuw asɛm a wodaa no adi wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu no ho. Anaasɛ wubetumi aka asemmisa bi a ɛsɔree wɔ nsrahwɛ a edi kan no awiei no ho asɛm.
BƆNNƆ SO ADANSEDI MMERE
6 Bɔnnɔ so adansedi betumi ayɛ hokwan foforo a ɛsow aba wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebefi Bible adesua ase no mu. Wɔ yɛn da biara da dwumadi ahorow mu no, yehyia nnipa pii a ebia wɔbɛpɛ sɛ wosua ade. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn no, yebetumi de Reasoning nhoma no mu nnianim nsɛm a wɔasɔ ahwɛ no bi afi nkɔmmɔbɔ ase. Ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka Bible adesua ho asɛm akyerɛ mfiase no ara, esiane sɛ onipa no te baabi foforo na ebia yɛn ankasa rennya hokwan nyɛ adesua no nti.
7 Ma w’ani nna hɔ wɔ mmere a wubetumi adi bɔnnɔ so adanse ho, na siesie wo ho denam nkratawa ne nsɛmma nhoma a ɛbɛhyɛ otiefo no anigye wɔ nokware no ho mu den a wobɛfa de akɔ no so. (Ɔsɛnk. 11:1) Sɛ obi kyerɛ nokware no ho anigye na onni mo asafo no asasesin mu a, gye n’address ne nneɛma afoforo a ehia na fa eyi ma asafo a ɛwɔ faako a ɔte no sɛnea ɛbɛyɛ na obi atumi adi ne ho dwuma sɛnea ɛsɛ.
8 Asuafoyɛ adwuma no nyɛ nnipa kakraa bi de. Ɛyɛ asafo no mufo nyinaa de. Tra a yɛbɛma atra yɛn adwene mu sɛ ɛyɛ Kristofo ahyɛde sɛ wɔyɛ asuafo no bɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛn ani ada hɔ wɔ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛafi Bible adesua ase ho.