Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/90 kr. 8
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛmma Nhoma So
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ƐNTE SƐ WIASE NSƐMMA NHOMA
  • YƐN FAM DE A YƐBƐYƐ
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Fa Yɛn Nsɛmma Nhoma no Di Dwuma Wɔ Ɔkwan a Eye Sen Biara So
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 10/90 kr. 8

Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nsɛmma Nhoma So

1 Nsɛmma nhoma foforo biara nni abakɔsɛm mu a anya nnipa asetra so nkɛntɛnso pa sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Honhom fam aduan a ɛma nkwa ayɛ biara a wotintim mu ma. Nea efi nhwehwɛmu a emu dɔ mu ba a wɔde Kyerɛwnsɛm asi so dua pefee de ma no ma nokware nkrasɛm no nya yɛn adwene ne koma so tumi.

2 Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛ Bible nkyerɛkyerɛ mu na ɛtwe yɛn adwene si Bible nkɔmhyɛ ahorow mmamu so denam emu nsɛm no so. Ɛhyɛ wɔn a honhom mu kɔm de wɔn nyinaa no nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn adwene foforo na wɔnhyɛ nipasu foforo no. (Rom. 12:2; Efe. 4:22-24) Nyan! ma n’akenkafo hu nsɛm atitiriw a esisi wɔ wiase no mu no. Emu mfonini fɛfɛ a ɛkyerɛ abɔde mu anwonwade ahorow no kanyan wiase foforo no ho anigye, na ɛma anisɔ a yɛwɔ ma Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ kɛse.

ƐNTE SƐ WIASE NSƐMMA NHOMA

3 Wiase nsɛmma nhoma nkyerɛ nnipa no sɛnea wobenya asetra a akomatɔyam wom wɔ wiase yi mu. Ɛmfa daakye ho anidaso biara mma, na entumi nkyerɛkyerɛ nnipa no sɛnea wobenya daa nkwa. Wɔayɛ saa wiase nsɛmma nhoma no na ama wiase no nneɛma anya nkɔso. Hwɛ sɛnea ɛne Ɔwɛn-Aban no ne Nyan! bɔ abira!​—1 Yoh. 2:15-17.

4 Akyinnye biara nni ho sɛ w’ankasa wode aseda kɛse ma wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan!​—nsɛmma nhoma a nokware ho hua huamhuam a efi “ofiepanyin nokwafo” no hɔ wom no ho. (Luka 12:42) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama nsɛmma nhoma a yɛde ma no akɔ anim, na yɛnam saayɛ so aboa pii ma wɔanya yɛn nsɛmma nhoma no mu mfaso?

YƐN FAM DE A YƐBƐYƐ

5 Ansa na yebetumi ahyɛ nnipa komapafo nkuran sɛnea ɛfata ma wɔakenkan yɛn nsɛmma nhoma no ehia sɛ yehu nea ɛwɔ nsɛmma nhoma no biara mu. Eyi hwehwɛ sɛ yɛkenkan ebiara a ɛba no ansa na yɛde adi dwuma wɔ yɛn ɔsom adwuma no mu. Bere a yɛahu emu nsɛm no fefeefe no, yebetumi de afie afie ɔsom adwuma no ne bɔnnɔ so adansedi mu hokwan ahorow no adi dwuma de nsɛmma nhoma no amema.

6 Ɛwom sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ no betumi ayɛ tiaa bere a yɛde nsɛmma nhoma mema no de, nanso ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn nkɔmmɔbɔ bere no yɛ simma biako pɛ anaa biribi saa. Yɛpɛ sɛ yegye bere de hu sɛ ebia onipa no ani gye asɛm no ho ankasa, ne sɛ ebia ɔbɛkenkan nsɛmma nhoma no anaa. Sɛ nsemmisa sɔre a, ɛsɛ sɛ bere nyinaa yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn Bible no anaa Reasoning nhoma no bedi dwuma akosi ase de abua. Bere a yɛasiesie yɛn ho sɛ yebeyi yɛn ho ano wɔ yɛn gyidi ho no, yebetumi anya nhyira pii.​—1 Pet. 3:15.

7 Sɛ onipa no pene so sɛ ɔbɛkenkan nsɛmma nhoma no a, yebetumi aka sɛnea yɛn adwuma no te, ne sɛnea yetintim nsɛmma nhoma yi mprenu ɔsram biara sɛ yɛn wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no fã ho asɛm. Esiane sɛ wɔkyerɛw nea edi hɔ a ɛbɛba no mu nsɛmti wom bere nyinaa nti, yebetumi abisa ho nsɛm anaasɛ yɛatwe adwene asi nsɛm a ɛbɛba no so. Eyi betumi akanyan onipa no akɔnnɔ na aka no ma wada ɔpɛ adi sɛ obegye nea ɛbɛba no bere a aba no. Eyi betumi ayɛ nsɛmma nhoma a wɔma obi bi daa mfiase.

8 Bere a nhyehyɛe yi awiei bɛn no, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ ntɛm aboa nnipa komapafo ma wɔaguan afi Babilon Kɛse no mu aba nokware no mu. (Adi. 18:4) Ɔwɛn-Aban no ne Nyan! no di dwuma a tumi wom wɔ yɛn wiase nyinaa Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Yɛde aseda ma sɛ Yehowa de ama yɛn sɛ yɛmfa nni dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira nsɛmma nhoma yi a yɛde di dwuma wɔ ahwɛyiye mu kɔ akyiri no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena