Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
“[Yehowa], nokware Nyankopɔn, woagye me.”—DWOM 31:5.
1, 2. (a) Onuawa bi tee nka dɛn wɔ Ɔwɛn-Aban mu asɛm bi a ɔkenkanee ho? (b) Dɛn nsɛm na wobisa wɔ yɛn nsɛmma nhoma no ho?
KRISTONI bea bi kyerɛwee sɛ: “Meda mo ase pii wɔ asɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a n’asɛmti ne ‘Wubetumi Anya Awerɛkyekye wɔ Ɔhaw Mmere Mu’ no ho.a Nneɛma a mokaa ho asɛm no pii yɛ nkate a ɛsɛ sɛ migyina ano no pɛpɛɛpɛ; ɛte sɛ nea wɔkyerɛw saa asɛm no maa me pɔtee. Bere a edi kan a mekenkanee no, m’ani taataa nusu. Ɛyɛ anigye kɛse sɛ wubehu sɛ onipa foforo bi nim sɛnea wote nka! M’ani sɔ kɛse sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɛhe bio na yebetumi anya daa nkwa wɔ Paradise a yebenya no nnansa yi ara no ho anidaso, ne awerɛkyekye ama yɛn kra mprempren! Meda mo ase. Meda mo ase pii.”
2 So woate nka saa pɛn? So ayɛ wo te sɛ nea wɔhyɛɛ da kyerɛw asɛm bi a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban anaa nsɛmma nhoma a ɛka ho, Nyan! mu maa wo pɛn? Dɛn na ɛma yɛn nsɛmma nhoma ahorow no ka nkurɔfo koma saa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa afoforo ma wɔanya nkrasɛm a egye nkwa a ɛwom no so mfaso?—1 Timoteo 4:16.
Nsɛmma Nhoma a Ɛbɔ Nokware Ho Dawuru
3. Ntease pa bɛn nti na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no aka akenkanfo pii koma?
3 Yehowa ne “nokware Nyankopɔn” no. (Dwom 31:5) N’Asɛm Bible no yɛ nokware nhoma. (Yohane 17:17) Nnipa komapafo gye nokware no tom. (Fa toto Yohane 4:23, 24 ho.) Ade biako a enti Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ka ɔpepem pii a wɔkenkan no koma ne sɛ ɛyɛ nsɛmma nhoma a ɛka nokware. Nokwarem no, Bible mu nokware ho a wɔbɛbata ho asɛm a ɛsɔree na ɛma wofii ase tintim Ɔwɛn-Aban no.
4, 5. (a) Nsɛm tebea bɛn na ɛmaa C. T. Russell fii ase tintim Ɔwɛn-Aban no? (b) Ɔkwan bɛn so na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Ɔwɛn-Aban no di dwuma?
4 Wɔ 1876 mu no, Charles T. Russell ne Nelson H. Barbour a ofi Rochester, New York bɛyɛɛ ayɔnkofo. Russell yii sika ma wɔde fii ase san tintim nyamesom nsɛmma nhoma a na Barbour agyae tintim no, Herald of the Morning, na na Barbour yɛ samufo panyin na Russell yɛ n’abadiakyiri. Nanso, bɛyɛ afe ne fã akyi no, Barbour kyerɛw asɛm bi wɔ August 1878 Herald no mu de pow bo a Kristo wu no som sɛ agyede no. Russell a na Barbour anyin sen no bɛyɛ mfe 30 no nso kyerɛw asɛm bi wɔ nea edi akyi pɛɛ no mu de gyinaa agyede no akyi, na ɔkae sɛ ɛyɛ “nkyerɛkyerɛ a ɛho hia sen biara wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no biako.” (Mateo 20:28) Bere a Russell bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obefi Kyerɛwnsɛm mu ne Barbour asusuw nsɛm ho no, awiei koraa no, osii gyinae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi Herald no ho koraa. Efi nsɛmma nhoma no June 1879 de no so no, Russell din ampue bio sɛ samufo abadiakyiri. Ɔsram biako akyi no, Russell a na wadi mfe 27 no fii ase tintim Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence (nea mprempren wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban—Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no), na efi mfiase no agyina Kyerɛwnsɛm mu nokware te sɛ agyede no akyi.
5 Mfe 114 a atwam ni no, Ɔwɛn-Aban no ayɛ te sɛ mmaranimfo a ne ho akokwaw, na ada ne ho adi sɛ egyina Bible nokware ne emu nkyerɛkyerɛ akyi. Eyi yɛ mu no, nnipa ɔpepem pii a wɔde anisɔ kenkan anya mu ahotoso. Ɛda so ara gyina agyede no akyi denneennen. (Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ February 15, 1991 de no.) Na ɛda so ara yɛ adwinnade titiriw a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ne ne Sodikuw no nam so bɔ Yehowa Ahenni a wɔde asi hɔ no dawuru, na wɔnam so de honhom mu aduan ma wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.”—Mateo 24:14, 45.
6, 7. Dɛn na wɔkae sɛ ɛyɛ The Golden Age no atirimpɔw, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ nnipa a wosusuw nsɛm ho yiye gyee asɛm no toom?
6 Nyan! nsɛmma nhoma no nso ɛ? Nyan! nso aka nokware fi ne mfiase. Wɔyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi a mfiase no na wɔfrɛ no The Golden Age no sɛ wɔbɛkyekyɛ ama ɔmanfo. Ɛdefa n’atirimpɔw ho no, nea edii kan bae October 1, 1919 no kae sɛ: “N’atirimpɔw ne sɛ ebegyina Ɔsoro nyansa so akyerɛkyerɛ nea nsɛm akɛse a eresisi wɔ nnɛ bere yi mu no kyerɛ ankasa, na ɛnam adanse a asɛm nni ho na etwa akyinnye to so da no adi kyerɛ wɔn a wosusuw nsɛm ho yiye sɛ bere adu sɛ wɔma adesamma nhyira kɛse.” Nnipa a wosusuw nsɛm ho yiye gyee asɛm a The Golden Age kae no toom. Mfe pii mu no, na wɔkyekyɛ no kɛse sen Ɔwɛn-Aban mpo.b
7 Nanso nea ɛma nkurɔfo ani gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ho no kɔ akyiri sen nsɛm a ɛyɛ nokware ne sɛnea wiase tebea ma nkɔmhyɛ ahorow nya mmamu a ɛkyerɛkyerɛ mu no. Esiane ade foforo bi nti, yɛn nsɛmma nhoma no aka nnipa koma wɔ mfe du anaa aduonu a atwam no mu titiriw.
Bere a Ɛfata mu Nsɛm a Ɛka Nkurɔfo Asetra
8. Dɛn nsakrae na Yuda yɛe wɔ nea anka ɔrekyerɛw no mu, na nkɛntɛnso a ɛwɔ asafo no mu bɛn na ɔhyɛɛ n’akenkanfo sɛ wonyi mfi hɔ?
8 Yesu Kristo wu ne ne sɔre akyi bɛyɛ mfe 30 no, Bible ɔkyerɛwfo Yakobo hyiaa tebea a emu yɛ den. Ná nnipa a wɔn bra asɛe na wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so awiawia wɔn ho aba Kristofo mu. Ná Yuda ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛw mfɛfo Kristofo de nkyerɛkyerɛmu ama wɔ asɛm bi ho—nkwagye a Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa wɔ no. Nanso, honhom no kaa no ma ohui sɛ ehia sɛ ɔhyɛ n’akenkanfo no ma woyi nkɛntɛnso bɔne a ɛwɔ asafo no mu no fi hɔ. (Yuda 3, 4, 19-23) Yuda yɛɛ nsakrae maa ɛne tebea no hyiae na ɔde afotu a ɛfata saa bere no mae ma edii ne nuanom Kristofo no ahiade ahorow ho dwuma.
9. Dɛn na nsɛm a ɛba wɔ bere a ɛsɛ mu a wɔkyerɛw wɔ yɛn nsɛmma nhoma mu no hwehwɛ?
9 Saa ara na nsɛm a ɛba wɔ bere a ɛsɛ mu a wosiesie de ba yɛn nsɛmma nhoma no mu no yɛ asɛyɛde a ɛyɛ den. Mmere dane, na nnipa nso sakra—wɔn ahiade ahorow ne nea wɔn ani gye ho nte sɛ nea na ɛte mfe du anaa aduonu a atwam mpo no. Nnansa yi ara, ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Bere a mebɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ 1950 mfe no mu no, ná nsɛm atitiriw—Baasakoro, hellgya, ɔkra, ne nea ɛkeka ho—ho nokwasɛm a yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo no ne ɔkwan titiriw a na yɛfa so ne wɔn sua Bible no. Nanso mprempren, ɛkame ayɛ sɛ nsɛnnennen ne ɔhaw pii wɔ nkurɔfo asetra mu araa ma ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so atra ase.” Dɛn nti na eyi te saa?
10. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ efi 1914 no, nnipa nsɛm tebea asɛe kɛse?
10 Bible no kaa “nna a edi akyiri” no ho asɛm siei sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1, 13) Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ efi bere a awiei bere no fii ase wɔ 1914 mu no, nnipa asetra akɔ so asɛe kɛse. Satan a ne bere a aka yɛ tiaa sen bere biara a atwam no reda n’abufuw adi wɔ adesamma abusua no so sen bere biara a atwam. (Adiyisɛm 12:9, 12) Eyi nti, abrabɔ ne abusua asetra ho gyinapɛn asakra koraa afi sɛnea na ɛte mfe 30 anaa 40 pɛ a atwam no ho. Nnipa dodow no ara nni nyamesom ho anigye sɛnea na ɛte mfe bi a atwam no. Amumɔyɛ abu so araa ma nkurɔfo reyɛ nneɛma a mfe 20 anaa 30 pɛ ni no na wɔntee bi da de abɔ wɔn ho ban.—Mateo 24:12.
11. (a) Nsɛm bɛn na nkurɔfo susuw ho, na akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no adi ahiade no ho dwuma dɛn? (b) Ma nhwɛso a ɛfa Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu asɛm bi a aka w’asetra ho.
11 Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkate, asetra, ne abusua mu nsɛm ho asɛm haw nnipa pii. Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de akokoduru adi eyinom ho dwuma wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu denam nsɛm a ɛba wɔ bere a ɛsɛ mu a adi nkurɔfo ahiade ankasa ho dwuma na aka wɔn asetra kɛse a wɔatintim so. Susuw nhwɛso binom ho hwɛ.
12. (a) Dɛn nti na wosiesiee nsɛm a ɛfa awofo a wonni ahokafo mmusua ho wɔ 1980 The Watchtower mu? (b) Ɔkwan bɛn so na onuawa bi daa anisɔ a ɔwɔ ma nsɛm a ɛfa mmusua a ɔwofo biako pɛ na ɔwom ho no adi?
12 Abusua asetra ho nsɛm. Bere a wiase nyinaa amanneɛbɔ kyerɛe sɛ awofo a wonni ahokafo mmusua adɔɔso pii no, wɔkyerɛw nsɛm a ekura asɛmti “Awofo a Wonni Ahokafo Mmusua—Nsɛnnennen no a Wogyina Ano,” wɔ September 15, 1980, The Watchtower no mu. Ná nsɛm no kura atirimpɔw abien: (1) sɛnea ɛbɛboa awofo a wonni ahokafo ma wɔagyina nsɛnnennen soronko a wohyia no ano ne (2) sɛnea ɛbɛboa afoforo ma wɔate tebea no ase na wɔatumi anya ‘tema,’ na wɔafi nokwaredi mu ‘akɔhwɛ’ awofo a wonni ahokafo mmusua. (1 Petro 3:8; Yakobo 1:27) Akenkanfo pii kyerɛw krataa de kyerɛɛ nsɛm no ho anisɔ. Ɔwofo a onni hokafo bi kyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, bere a mihuu anim asɛm no, ɛmaa m’ani taataa nusu, na bere a mibuee nsɛmma nhoma no mu na mekenkan emu nsɛm no, anisɔ hyɛɛ me koma ma sɛ Yehowa de asɛm a ɛte saa ama wɔ bere a ɛsɛ mu.”
13. Adwenemhaw ho nsɛm a ɛkɔ akyiri bɛn na wotintim wɔ Nyan! mu 1981, na dɛn na ɔkenkanfo bi kae wɔ ho?
13 Nkate ho nsɛm. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! aka adwenemhaw ho asɛm fi 1960 mfe no mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Nanso wɔde adwempa susuw asɛm no ho ɔkwan foforo so wɔ nsɛm a epuei wɔ April 8, 1982 Nyan! mu, na na ɛfa ‘Sɛnea Wɔko Tia Adwenemhaw!’ ho. Nnipa pii a wofi wiase mmaa nyinaa kyerɛw nkrataa brɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no de kyerɛɛ ho anisɔ. Onuawa bi kyerɛwee sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi ada me nkate adi wɔ krataa so? Madi mfe 24, na mfe du ni, manya adwenemhaw mpɛn pii. Nanso mprempren, mete nka sɛ mabɛn Yehowa na m’ani asɔ sɛ odii adwenemhawfo ahiade ahorow ho dwuma denam saa nsɛm a efi ɔdɔ mu yi so, na mepɛe sɛ meka eyi kyerɛ mo.”
14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn nsɛmma nhoma ahorow no aka mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa ho asɛm? (b) Nsɛm bɛn na obi a ɔtra apɔnko so si akane wɔ Australia ani gyee ho?
14 Nnipa asetra mu nsɛm. Bible no ka siei sɛ, “nna a edi akyiri” no mu no, nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ, . . . wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:1-3) Enti, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ɛnnɛ mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa abu so kɛse. Wosusuw eyi ho wɔ ɔkwan a emu da hɔ pefee so wɔ asɛm a n’asɛmti ne “Mmoa ma Wɔn a Abusuafo ne Wɔn Da” a epuei wɔ October 1, 1983 The Watchtower mu no mu. Mfe awotwe akyi no, wɔde ahwɛyiye siesiee nsɛm a ɛtoatoa so a n’asɛmti ne “Ɛyaw a Efi Mmofra a Wɔyɛ Wɔn Basabasa mu Ba a Wodi ho Dwuma” a epuee October 8, 1991 Awake! mu no na ama wɔn a wɔahu ho amane no anya ntease ne anidaso na ama afoforo nimdeɛ a ɛbɛma wɔatumi de mmoa a mfaso wɔ so ama. Saa nsɛm yi maa akenkanfo kyerɛw yɛn nkrataa pii sen bere biara wɔ yɛn nsɛmma nhoma no abakɔsɛm mu. Ɔkenkanfo bi kyerɛwee sɛ: “Nea aboa me kɛse koraa ama me ho atɔ me ne awerɛkyekye nsɛm a ɛwɔ saa nsɛm yi mu ne Kyerɛw nsɛm a wɔtwe adwene si so wom no. Hu a mihui sɛ Yehowa dwen me ho no maa me ho tɔɔ me kɛse. Hu a mihui sɛ ɛnyɛ me nko na mewɔ saa asɛnnennen yi nso ma minyaa awerɛkyekye.”
15 Obi a ɔtra apɔnkɔ so si akane wɔ Melbourne, Australia, frɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no mpanyimfo wɔ telefon so fii akyirikyiri kaa sɛnea nea ɛkɔ so wɔ beae a wɔde apɔnkɔ si akane no yɛ no tan no ho asɛm. Ɔkae sɛ na ɛnkyɛe na ɔkenkan May 8 Nyan! a ekura asɛm a ɛne sɛ “Mmonnaato—Ade a Eyi Ɔbea Hu” no, na ɛyɛɛ no nwonwa sɛ nsɛmma nhoma a ɛte saa wɔ baabi. Ɔde bɛyɛ simma 30 bisabisaa nsɛm, na n’ani gyee mmuae a wɔde maa no no ho.
16. Akwan horow bɛn so na wubetumi akyerɛ yɛn nsɛmma nhoma no ho anisɔ?
16 Wo nso ɛ? So asɛm pɔtee bi a wotintim wɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! mu aka w’asetra? Sɛ ɛte saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ yɛn nsɛmma nhoma no ho anisɔ kɛse. Wobɛyɛ dɛn atumi akyerɛ ɛho anisɔ? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnam kenkan a w’ankasa wobɛkenkan nea ɛba biara no so. Wubetumi nso aboa ma wɔakyekyɛ nsɛmma nhoma a ɛsom bo yi dodow a ɛsen biara. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ eyi?
Fa Bi ma Afoforo!
17. Dɛn na asafo ahorow betumi ayɛ na ama wɔatumi akyekyɛ nsɛmma nhoma pii?
17 Nea edi kan no, biribi wɔ hɔ a asafo biara betumi ayɛ. October 1952 Informant (mprempren wɔfrɛ no Yɛn Ahenni Som) no kae sɛ: “Ɔkwan a etu mpɔn sen biara a wobetumi afa so akyekyɛ nsɛmma nhoma no ne sɛ wɔde bɛkɔ afie afie ne agua so. Enti Asafo ti no hyɛ nkuran sɛ wɔmfa saa kwan no so nkyekyɛ nsɛmma nhoma bere biara a wɔbɛyɛ Nsɛmma Nhoma Ɔsatu.” Saa afotu no da so ara fata nnɛ. Asafo ahorow betumi ayɛ Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Da, ɛda pɔtee bi a wɔde si hɔ kyekyɛ nsɛmma nhoma, ho nhyehyɛe. Wɔ asafo dodow no ara mu no, akyinnye biara nni ho sɛ Memeneda pɔtee bi a wɔde besi hɔ betumi ayɛ bere a ɛfata. Yiw, asafo biara mfa nna anaa anwummere titiriw bi nsi hɔ mma nsɛmma nhoma adwuma—wɔ afie afie, agua so, mmɔnten so, ne wɔn a yɛtaa ma wɔn nsɛmma nhoma hɔ. Afei nso, dɛn na wubetumi ayɛ sɛ́ Ahenni dawurubɔfo na ama nsɛmma nhoma kyekyɛ akɔ anim?
18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a w’ani bekũ ho no betumi aboa ma woama nsɛmma nhoma pii? (b) Mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wobɛfa ɔkwan tiawa so aka w’asɛm bere a wode nsɛmma nhoma rema no? (d) Dɛn na ɛkyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛma nsɛmma nhoma ahorow no adu nkurɔfo afie mu?
18 “Ɔwɛn-Aban” ne “Nyan!” a yɛn ani beku ho ne ade a edi kan a yebetumi ayɛ. Di kan kenkan nsɛmma nhoma no. Bere a wokenkan asɛm biara no, bisa wo ho sɛ, ‘Hena na n’ani begye saa asɛm yi ho?’ Hwehwɛ nsɛm ntiantia a wubetumi aka ma akanyan anigye wɔ asɛm no ho. Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Da a wode wo ho behyem akyi no, dɛn nti na womma ebi mmɛn wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ama afoforo bi wɔ hokwan biara a wubenya mu—bere a woretu kwan anaa woredi gua ne bere a wone mfɛfo adwumayɛfo, afipamfo, mfɛfo sukuufo, anaa akyerɛkyerɛfo rekasa no?
19 Nyansahyɛ a ɛto so abien ne sɛ wobɛfa ɔkwan tiawa so. December 1, 1956 Watchtower no kae sɛ: “Ɔkwan tiawa a wɔfa so da nsɛntitiriw adi yɛ ɔkwan a eye sen biara wɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ mu. Atirimpɔw no ne sɛ wobɛkyekyɛ pii. Ɛno ankasa ‘bedi ne ho adanse.’” Adawurubɔfo binom ahu sɛ ɔkwan a etu mpɔn a wobetumi afa so ne sɛ wɔbɛpaw nsɛmma nhoma no biako mu asɛntitiriw bi aka ho asɛm kakraa bi, na wɔde ama. Sɛ obi nya gye nsɛmma nhoma no kɔ ne fie a, ebetumi “akasa” akyerɛ afoforo wɔ nea ogye fii wo hɔ no akyi. Wɔ Ireland no, ababaa bi a ɔkɔ sukuupɔn kenkan September 1, 1991 Ɔwɛn-Aban a na ne papa agye afi Ɔdansefo bi hɔ no. Emu nsɛm a ɛfa nkitahodi ne nneɛma afoforo ho no kanyan n’anigye. Bere a ɔkenkan nsɛmma nhoma no wiei ara pɛ na ɔhwɛɛ telefon nɔma a wɔahyehyɛ wɔ nhoma mu no mu frɛɛ Adansefo no wɔ telefon so. Ankyɛ na wɔne no fii Bible adesua ase, na wɔbɔɔ ababaa no asu wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase July 1993. Sɛnea ɛte biara no, momma yɛmfa nsɛmma nhoma ahorow no nkɔ afie mu, na ebetumi “akasa” akyerɛ nkurɔfo! Ɔhwɛfo kwantufo bi de nyansahyɛ tiawa foforo mae: “Yi nsɛmma nhoma no fi wo bag mu kura.” Nokwarem no, sɛ nea woka no antumi ankanyan ofiwura no anigye a, ebia nsɛmma nhoma no anim mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ no bɛma wagye.
20, 21. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ fakaa bere a woreyɛ nsɛmma nhoma ɔsatu? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛatumi ama nsɛmma nhoma pii ɔsram biara?
20 Nyansahyɛ a ɛto so abiɛsa ne sɛ wobɛyɛ fakaa. (Fa toto 1 Korintofo 9:19-23 ho.) Siesie akwan ntiantia a wobɛfa so de ama. Nya asɛm bi a mmarima ani begye ho, na nya foforo a mmea ani begye ho. Wɔ mmofra fam no, wubetumi de “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” asɛm bi adi dwuma. Yɛ fakaa wɔ bere a wode kyekyɛ nsɛmma nhoma no nso mu. Nsɛmma Nhoma Ɔsatu Da akyi no, ebia wubehu sɛ wubetumi anya hokwan pii de akyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ afie afie asɛnka mu anwummere anwummere.
21 Nyansahyɛ a ɛto so anan ne sɛ, w’ankasa fa botae bi si w’ani so. Krataa a na ɛhyɛ May 1984 Yɛn Ahenni Som mu a n’asɛmti ne “Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwa Mu” no kae sɛ: “Sɛ́ nyansahyɛ no, ebia adawurubɔfo de botae a ɛne nsɛmma nhoma 10 ɔsram biara besi wɔn anim a egyina wɔn nsɛm tebea so; akwampaefo betumi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛma 90. Ɛwom, ebia adawurubɔfo binom betumi ama nsɛmma nhoma pii ɔsram biara ma enti wɔde botae a ɛsõ besi wɔn anim. Nanso, esiane ɔyare, asasesin ko a wɔyɛ mu adwuma, anaa ntease pa afoforo nti, ebia afoforo botae bɛyɛ nea esua. Nanso ɔsom a wɔde ma Yehowa no fata saa ara. (Mat. 13:23; Luka 21:3, 4) Ade a ɛho hia ne sɛ wowɔ botae.”
22. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ anisɔ ma Yehowa wɔ yɛn bere a ɛfata mu nsɛmma nhoma a ɛka nokware no ho?
22 Ɛyɛ yɛn anisɔ dɛn ara sɛ Yehowa, “nokware Nyankopɔn” no de akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw ne ne Sodikuw no adi dwuma ama yɛn nsa aka saa nsɛmma nhoma a ɛba wɔ bere a ɛsɛ mu yi! (Dwom 31:5) Bere tenten a Yehowa pɛ no, saa nsɛmma nhoma yi bɛkɔ so adi nkurɔfo ahiade ankasa ho dwuma. Ɛbɛkɔ so agyina Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn no akyi. Ɛrennyae nokware a ɛkyerɛkyerɛ no da. Na ɛbɛkɔ so atwe adwene asi Bible nkɔmhyɛ ahorow a enya mmamu ma ɛhyɛ yɛn nna yi agyirae sɛ bere a Onyankopɔn Ahenni redi tumi na Yehowa nokware asomfo pii bɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so sɛnea obiara nyɛɛ da no so. (Mateo 6:10; Adiyisɛm 11:15) Hwɛ akorade a ɛsom bo ara a yenya wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu. Momma yɛmfa hokwan biara a yebenya mfa nsɛmma nhoma a ɛho hia a ɛka nnipa asetra na egyina Ahenni nokware akyi yi bi mma ahobrɛasefo.
[Ase hɔ nsɛm]
a July 15, 1992, nkratafa 19-22.
b Ná wobu Ɔwɛn-Aban no sɛ nsɛmma nhoma a wɔkyerɛw maa Kristofo a wɔasra wɔn no titiriw mfe pii. Nanso, efi 1935 no, wosii so dua kɛse sɛ wɔnhyɛ “nnipakuw kɛse,” a wɔn anidaso ne daa nkwa wɔ asase so no nkuran sɛ wonnye Ɔwɛn-Aban no na wɔnkenkan. (Adiyisɛm 7:9) Mfe kakraa bi akyi, wɔ 1940 mu no, wɔkyekyɛɛ Ɔwɛn-Aban maa nkurɔfo wɔ mmɔnten so daa. Ɛno akyi no, dodow a na wotintim no kɔɔ soro ntɛm.
Dɛn Ne Wo Mmuae?
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛka nokware?
◻ Ɔkwan bɛn so na Ɔwɛn-Aban ne Nyan! aka nkurɔfo asetra?
◻ Dɛn na asafo ahorow betumi ayɛ na ama wɔakyekyɛ nsɛmma nhoma pii?
◻ Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa wo ma woama nsɛmma nhoma pii?
[Kratafa 22 adaka]
Emu Nsɛm bi a Aka Nkurɔfo Asetra
Bere biara, akenkanfo pii kyerɛw yɛn de kyerɛ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm pɔtee bi ho anisɔ. Nsɛm pii a ɛkaa akenkanfo koma no mu kakraa bi na edidi so yi. So eyi anaa nsɛm afoforo asakra w’asetra?
Ɔwɛn-Aban
“Gye Onyankopɔn Mmoa Tom fa Di Kokoam Mfomso Ahorow So” (October 1, 1985)
“Onyamesom Pa Adi a Wobeyi Akyerɛ Awofo a Wɔn Mfe Akɔ Anim” (September 1, 1987)
“Nhomasua a Ɛwɔ Atirimpɔw” (November 1, 1992)
Nyan!
‘Wubetumi Ako Atia Adwenemhaw!’ (April 8, 1982)
“Bere a Obi a Wodɔ No Wu . . .” (August 8, 1985)
“Bɔ Wo Mma Ho Ban!” (November 8, 1993)
[Kratafa 23 mfonini]
Canada—nsɛmma nhoma a wɔde rema wɔ afie afie mu
[Kratafa 24 mfonini]
Myanmar—nsɛmma nhoma ahorow a ɛkyerɛ nkwa kwan a wɔde rema