Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/98 kr. 1
  • So Wokenkan Nsɛmma Nhoma No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokenkan Nsɛmma Nhoma No?
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Nsɛmma Nhoma Ma Wɔ W’asɛnka Adwuma Mu
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Ɔwɛn-Aban ne Nyan!—Bere a Ɛfata mu Nsɛmma Nhoma a Ɛka Nokware
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmma Nhoma Kyerɛ Ɔkwan A Ɛkɔ Nkwa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Fa Bere Si Hɔ ma Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 10/98 kr. 1

So Wokenkan Nsɛmma Nhoma No?

1 Asɛmpatrɛwfo awarefo bi a wɔwɔ Afrika kaa eyi faa yɛn nsɛmma nhoma no ho: “Ɔwɛn-Aban no boa yɛn ma yɛn ani da hɔ wɔ honhom fam wɔ yɛn asasesin mu. Yenya nkuranhyɛ ne denhyɛ fi nea ɛba biara mu.” So wowɔ anisɔ a emu dɔ saa ara ma yɛn nsɛmma nhoma no? Na so w’ani gye sɛ wobɛkenkan?

2 Egye bere pii na wɔde asiesie nsɛmma nhoma mu nsɛm a wobetumi de simma kakraa bi akenkan no. Bere a wunim eyi no, so wobɛhwɛ nsɛmti no ara kwa, ahwɛ mfonini no, anaasɛ bere ne bere mu na wobɛkenkan asɛm bi a etumi twe w’adwene no? Sɛ yɛyɛ nea ɛsen saa a, anyansafo ne yɛn. Ɛsɛ sɛ yegye bere kenkan nsɛm a ɛwɔ yɛn nsɛmma nhoma biara a ɛba mu no nyinaa, na yɛyɛ mu nhwehwɛmu. Ɔwɛn-Aban ne nsɛmma nhoma titiriw a ɛma yɛn honhom fam aduan bere a ɛsɛ mu. Nsɛm a ɛyɛ anigye na aba wom a ɛfa nneɛma pii ho na ɛwɔ Nyan! mu. Ɛnyɛ honhom fam denhyɛ nko na yenya fi saa nsɛmma nhoma yi a yɛkenkan no mu, na mmom esiesie yɛn ma yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa wɔ ɔkwan a ɛfata so. Sɛ yɛn ankasa kenkan daa a, yɛn ani begye sɛ yɛde nsɛmma nhoma no bɛma afoforo.

3 Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Akenkan Mu: So wubetumi abɔ mmɔden akenkan nsɛmma nhoma no daa? Nyansahyɛ ahorow abien a aboa nnipa pii ni. (1) Yɛ daa akenkan ho bere nhyehyɛe. Sɛ wode simma 10 anaa 15 mpo si hɔ da biara a, dodow a wubetumi akenkan wɔ dapɛn mu no bɛyɛ wo nwonwa. (2) Yɛ nhyehyɛe bi a ɛbɛma woahu baabi a woakenkan adu. Ebia wubetumi ahyɛ asɛm biara a wokenkan no agyirae. Sɛ anyɛ saa a, w’ani betumi apa nsɛm no bi anaasɛ nsɛmma nhoma no nyinaa mpo so. Ɛho hia sɛ wobɛyɛ daa akenkan ho nhyehyɛe a ɛbɛboa wo na wode adi dwuma.—Fa toto Filipifo 3:16 ho.

4 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no fi nyansa mu adi mmere a ɛresakra no ho dwuma denam nsɛm a edi nkurɔfo ahiade ankasa ho dwuma a wotintim no so. (Mat. 24:45) Nokwarem no, nsɛmma nhoma no aka yɛn asetra. Honhom fam nkɔanim a yenya no fã kɛse no ara gyina su a yɛwɔ wɔ teokrase akenkan ho no so. Honhom fam nhyira pii wɔ hɔ ma wɔn a wogye bere kenkan nsɛmma nhoma no nyinaa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena