Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma October: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? Ɔman yi kasa mu de mu no, mubetumi de Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So adi dwuma. November: Nyan! anaa Ɔwɛn-Aban anaasɛ n’abien nyinaa a wɔma wɔkra. December: New World Translation Bible ne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no. January, 1991: Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm anaa Wubetumi atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So.
● Sɛnea yɛde amanneɛbɔ mae wɔ ɔfã yi wɔ ɔsram a etwaam no mu no, nhoma a edi hɔ a yebesua ne “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo” nhomawa no. Bere a yɛasua Hwɛ! nhomawa no awie no, yebesua United in Worship of the Only True God nhoma no. Yɛhwɛ kwan sɛ yebenya nhoma no wɔ Twi ne Ewe kasa mu saa bere no. Wɔhyɛ wɔn a wobesua wɔ Ga kasa mu no nkuran sɛ wɔnhwehwɛ wɔn de a ɛwɔ Ga kasa mu a wotintimii no sɛ nhomawa wɔ 1987 mu no.
● Ɛsɛ sɛ Ɔsom Boayikuw ahorow no hwɛ nneɛma yi: So mode Congregation Analysis Report (S-10) amana Asafo ti no dedaw?
● So mode mpanyimfo a wɔasi gyinae sɛ wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam a efi ase ɔsram a edi hɔ no bi nyinaa no din amana Asafo ti no dedaw?
● So mode mo kratasin a mode kra 1991 Calendar of Jehovah’s Witnesses no amana dedaw?
● Sɛ wususuw ho sɛ wobɛkɔ ɔmantam nhyiam a wɔayɛ ho nhyehyɛe wɔ aman a ɛbemmɛn no mu no bi a, so wode wo Adammisa kratasin amana yɛn dedaw? Sɛ womfa mmanae a, fa mana ntɛm ara. Kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Adammisa nkratasin nyinaa ma nhyiam ho nsɛm sohwɛfo anaasɛ ɔhwɛfo guamtrani no, a ɔno nso bɛhwɛ mu sɛ wɔahyehyɛ no pɛpɛɛpɛ awie na afei ɔde amana Accra baa dwumadibea no.
● Ɛsɛ sɛ asafo ahorow fi ase kra Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—1991 no. Yebenya nhomawa no wɔ Engiresi, Ewe, Franse, Ga, ne Twi kasa mu. Yɛsrɛ sɛ monhyɛ no nsow sɛ eyi ne bere a edi kan a yetintim eyi wɔ Ga kasa mu. Saa bere yi de, yɛwɔ nea yebegyina so agye adi sɛ Engiresi kasa mu de no bedu ha ntɛm asen bere a etwaam no. Yɛsrɛ mo, momfa Literature Order Blank (S-14) foforo nni dwuma mfa nkra nea muhia. Ɛnsɛ sɛ mokyerɛw ade foforo biara wɔ Literature Order Blank titiriw yi so. Momma ɛntra mo adwene mu sɛ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa no yɛ controlled stock ade. Enti, ɛsɛ sɛ mokra dodow a adawurubɔfo no bisae no nkutoo. Ɛnsɛ sɛ ebi ka wɔ akyi bere a mo nsa aka na moakyekyɛ awie no. Wɔn a wɔyɛɛ daa akwampaefo ne akwampaefo atitiriw ansa na July 1, 1990 reba no betumi anya biako kwa. Wubetumi atɔ foforo aka ho nso na wɔatua akwampaefo bo a ɛyɛ ¢70 wɔ biako biara ho. Yɛsrɛ mo, momfa krataa a wɔde kra no foforo nkra nea wɔde ma akwampaefo kwa no. Monhwɛ nhu sɛ moakyerɛw nea mode kra ama akwampaefo no so sɛ “FREE COPIES FOR PIONEERS.” Wɔremfa nea mubisa ama akwampaefo kwa no nka mo ka ho koraa. Enti, yɛsrɛ mo, mummmisa sɛ wɔntew nea wɔde ma akwampaefo kwa no mfi mo ka so. Nanso, ɛsɛ sɛ mokae sɛ mubebisa ma wɔatew nea akwampaefo gyei no akwampaefo bo no afi mo ka so.