Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/1 kr. 28-31
  • Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkɔso a Wonya Denam Kokoam Adesua So
  • Hia a Ehia sɛ Wobɛbɛn Onyankopɔn
  • Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Wo ne Yehowa Benya
  • Honhom Fam Nkɔso a Wubenya Wɔ Wo som Adwuma no Mu
  • Mmabun—Monkɔ So Nnya Nkɔso Wɔ Mo Asubɔ Akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Fa Yɛ Wo Botae Sɛ Wobɛsom Onyankopɔn Daa
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Nneɛma Pa a Yɛbɛyɛ Na Yɛanya Nkɔso Pii
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Monkɔ so Nnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Adeyɛ Koro Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/1 kr. 28-31

Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso!

Ɛda a wɔbɔɔ yɛn asu no yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ na yɛkae bere nyinaa. Anyɛ yiye koraa no, ɛyɛ da a yɛdaa no adi wɔ baguam sɛ yɛahyira yɛn ho so sɛ yɛbɛsom Nyankopɔn.

WƆ NNIPA pii fam no, egye mmɔdenbɔ kɛse ansa na wɔatumi ayɛ eyi—su bɔne a akyɛ a wɔbɛtwe wɔn ho afi ho, fekubɔne a obi begyae, nsusuwii ne abrabɔ a aka obi hɔ a obegyae.

Ɛwom sɛ asubɔ yɛ anigye na ehia wɔ Kristoni asetram de, nanso ɛda so ara yɛ mfitiasede kɛkɛ. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Yudea Kristofo a na wɔabɔ wɔn asu no sɛ: “Enti afei a yɛagyaw Kristo mfiase asɛm no, momma yɛmpere nkɔ onyin mu.” (Hebrifo 6:1, NW) Yiw, ɛho hia sɛ Kristofo nyinaa “nya Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne nokware nimdeɛ, na wɔayɛ ɔbarima mu, adu mpanyin afe so a Kristo mayɛ bɛyɛ wɔn ma.” (Efesofo 4:13, NW) Sɛ yɛpere kɔ onyin mu nkutoo a, na yebetumi ayɛ “den gyidi mu.”—Kolosefo 2:7.

Wɔ mfe kakraa bi a abɛsen kɔ mu no, asomfo mpempem pii a afei na wɔahyira wɔn ho so aba Kristofo asafo no mu. Ebia woyɛ wɔn mu biako. Te sɛ wo nuanom a na wɔwɔ hɔ wɔ afeha a edi kan mu no, wompɛ sɛ wobɛkɔ so ayɛ akokoaa wɔ honhom mu. Wopɛ sɛ wunyin, na wunya nkɔso! Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Na akwan bɛn so na wubetumi anya nkɔso a ɛte sɛɛ?

Nkɔso a Wonya Denam Kokoam Adesua So

Paulo ka kyerɛɛ Filipi Kristofo no sɛ: “Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nokware nimdeɛ ne ntease nyinaa mu.” (Filipifo 1:9, NW) Nyin a wubenyin “nokware nimdeɛ” mu no ho hia na woanya honhom fam nkɔso. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ a wobenya yɛ daa adeyɛ, ɛnyɛ nea ɛbɛba awiei wɔ asubɔ akyi.—Yohane 17:3.

Kristoni bea bi a yɛbɛfrɛ no Alexandra behuu eyi wɔ mfe du akyi bere a na wadi mfe 16 no. Wɔtetee no wɔ nokware no mu na na ɔkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka daa. Ɔkyerɛw sɛ: “Asram kakraa a atwam no, mihui sɛ biribi atoto koraa. Misii gyinae sɛ mɛhwehwɛ me ho mu yiye, sɛnea mibu nokware no, ne nea enti a meda so wɔ mu.” Ɛdɛn na ohui? Ɔtoa so sɛ: “Mihui sɛ nea enti a mewɔ nokware no mu no haw me. Mekaee sɛ bere a na merenyin no, wɔkaa nhyiamkɔ ne asɛnka ho asɛm mpɛn pii. Na ɛte sɛ nea mede bɛyɛ me su sɛ mɛyɛ kokoam adesua abɔ mpae daa. Nanso bere a mehwehwɛɛ me tebea mu no, mihui sɛ na eyi nte saa.”

Ɔsomafo Paulo tu fo sɛ: “Nanso sɛnea yɛanya nkɔso dedaw no, momma yɛnkɔ so wɔ nhyehyɛe koro no ara mu.” (Filipifo 3:16, NW) Nhyehyɛe a obi ayɛ betumi ama wanya nkɔso. Ansa na wɔrebɔ wo asu no, akyinnye biara nni ho sɛ na wo ne ɔkyerɛkyerɛfo bi a ne ho akokwaw yɛ nhyehyɛe a mode sua Bible no dapɛn biara. Bere a w’anisɔ yɛɛ kɛse no, nea woyɛɛ bio ne sɛ wusiesiee wo ho maa nea mubesua dapɛn biara no na wokenkan Bible kyerɛw nsɛm ne nneɛma afoforo a ɛwɔ mu no. Afei a wɔabɔ wo asu no, so wokɔ so ‘wɔ nhyehyɛe koro no ara mu’?

Sɛ ɛnte saa a, wubetumi asan ayɛ nneɛma a ehia wo paa no mu nhwehwɛmu, na ama ‘woasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ.’ (Filipifo 1:10) Wɔ yɛn asetra a adagyew nnim yi mu no, egye ahosodi na ama yɛatumi apaw bere asi hɔ de ayɛ kokoam Bible akenkan ne adesua. Nanso mfaso horow no ma mmɔdenbɔ yi yɛ nea ɛfata. Susuw Alexandra suahu no ho bio. Ogye tom sɛ, “ɛsɛ sɛ meka sɛ mede mfe 20 anaa nea ɛte saa atra nokware no mu a na mekɔ nhyiam horow ne asɛnka kɛkɛ.” Nanso, ɔtoa so sɛ: “Mate ase sɛ ɛwom sɛ eyinom hia de, nanso ɛno nkutoo ntumi nhyɛ me den bere a nneɛma mu fi ase yɛ den no. Eyinom nyinaa ada adi, efisɛ mentaa nyɛ kokoam adesua ankasa, na me mpaebɔ nyɛ nea edi mu. Mahu mprempren sɛ ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene na mifi ase yɛ adesua a etu mpɔn ho nhyehyɛe na ama matumi ahu Yehowa yiye na matumi adɔ no asan akyerɛ anisɔ wɔ nea ne Ba no ayɛ ama yɛn no ho.”

Sɛ wuhia mmoa a ebetumi ama woayɛ kokoam adesua a etu mpɔn a, mpanyimfo no ne Kristofo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ asafo no mu no ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Afei nso, nsɛm a epuei wɔ May 1, 1995; August 15, 1993; ne October 1, 1986 Ɔwɛn-Aban mu no de nyansahyɛ pii a ebetumi aboa ma.

Hia a Ehia sɛ Wobɛbɛn Onyankopɔn

Beae foforo a wubetumi abɔ mmɔden anya nkɔso ne wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ. Ebetumi aba mpo sɛ eyi a wobɛyɛ no ho behia kɛse wɔ tebea horow bi mu. Susuw Anthony a wɔbɔɔ no asu bere a na osua no ho. Ɔka sɛ: “Na mene abofra a wodii kan bɔɔ no asu wɔ yɛn abusua no mu. Bere a wɔbɔɔ me asu no, me maame de anigye bam me. Na n’ani nnyee saa da. Obiara ani gyee kɛse, na ɛhyɛɛ me den.” Nanso, ɛnyɛ asɛm no nyinaa nen. Anthony toa so ka sɛ: “Wɔ bere tenten mu no, na wɔmmɔɔ abofra biara asu wɔ yɛn asafo no mu. Enti, na mehoahoa me ho kɛse. Na mesan de mmuae ne ɔkasa horow a mema wɔ nhyiam ase no hoahoa me ho. Na nkurɔfo a wɔbɛkamfo me ahyɛ me anuonyam no hia me sen sɛ mede nkamfo bɛma Yehowa. Na me ne no nni abusuabɔ a emu yɛ den ankasa.”

Te sɛ Anthony no, ebetumi aba sɛ ebinom hyiraa wɔn ho so a na wɔpɛ sɛ wɔbɛsɔ afoforo ani sen sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani. Sɛ ɛte saa mpo a, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ saafo no bedi wɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ wɔbɛsom no no so. (Fa toto Ɔsɛnkafo 5:4 ho.) Nanso, sɛ obi ne Onyankopɔn nni abusuabɔ a, ɛtaa yɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ saa. Anthony ka sɛ: “Anigye kɛse a minyae bere a wɔbɔɔ me asu no ankyɛ. Anni afe mpo wɔ m’asubɔ akyi na mekɔyɛɛ bɔne a anibere wom a na ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ka m’anim. Ɔbrabɔne a mekɔɔ so bɔe no ma wotuu me fii asafo no mu. Wɔ m’ahosohyira ma Yehowa akyi mfe asia no, mekodii awu ma wɔkyeree me toom.”

Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Wo ne Yehowa Benya

Sɛnea w’ankasa tebea te biara no, Kristofo nyinaa betumi agye Bible ɔfrɛ yi so: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.” (Yakobo 4:8) Akyinnye biara nni ho sɛ bere a wudii kan suaa Bible no, wo ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ bi. Wusuae sɛ Onyankopɔn nte sɛ nyame a ɔnte ase a Kristoman mufo som no no, na mmom ɔyɛ obi ankasa a ne din de Yehowa. Wusuae nso sɛ ɔwɔ su horow a ɛfata, a ɛne sɛ ɔyɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ . . .dɔɔso pii.”—Exodus 34:6.

Nanso, nea ɛbɛyɛ na woatumi asom Onyankopɔn sɛnea w’ahosohyira kyerɛ no, ɛsɛ sɛ wutumi bɛn no yiye! Ɔkwan bɛn so? Odwontofo no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.” (Dwom 25:4) Bible ne Asafo no nhoma ahorow a wubesua no betumi aboa wo ma woabɛn Yehowa yiye. Koma mu a wubefi abɔ mpae daa nso ho hia. Odwontofo no tu fo sɛ: “Munyi mo yam nkyerɛ no.” (Dwom 62:8) Sɛ Onyankopɔn bua wo mpaebɔ a, wubehu sɛ odwen wo ho. Eyi bɛma woatumi abɛn no.

Sɔhwɛ ne ɔhaw horow nso yɛ hokwan foforo a wubetumi afa so abɛn Onyankopɔn. Wubetumi ahyia nsɛnnennen ne gyidi ho sɔhwɛ te sɛ ɔyare, sukuu ne adwuma mu nhyɛso, anaasɛ sika fam ahokyere. Ebetumi aba mpo sɛ teokrase nhyehyɛe te sɛ ɔsom adwuma a wubenya mu kyɛfa, nhyiam a wobɛkɔ, ne wo mma a wo ne wɔn besua Bible, no yɛ den ma wo. Wo nkutoo nni ɔhaw horow yi ho dwuma! Srɛ Onyankopɔn fa bisa n’akwankyerɛ ne ne mmoa. (Mmebusɛm 3:5, 6) Srɛ ne honhom kronkron! (Luka 11:13) Bere a wunya Onyankopɔn mmoa a ɔdɔ wom no, ɛbɛma woatumi abɛn no yiye. Sɛnea odwontofo Dawid kae no, “monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa, NW] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.”—Dwom 34:8.

Anthony nso ɛ? Ɔkae sɛ: “Mifii ase susuw bere a esiane sɛ na mepɛ sɛ mɛyɛ Yehowa apɛde nti na mewɔ honhom mu botae pii no ho. Eyi haw me. Nanso wɔ ɔhaw ne huammɔdi yi nyinaa mu no, mekaee Yehowa dɔ. Egyee bere kakra ansa na mitumi bɔɔ Yehowa mpae, nanso mitumi yɛɛ saa, kaa me komam asɛm nyinaa kyerɛɛ no, na mesrɛɛ no bɔne fafiri. Mifii ase kenkanee Bible no nso, na sɛnea na me werɛ afi Yehowa ne sɛnea na minni ne ho nimdeɛ pii ankasa no maa me ho dwiriw me.” Ɛwom sɛ Anthony da so ara da afiase wɔ ne nsɛmmɔnedi no ho de, nanso Adansefo a wɔwɔ hɔ no boa no na ɔrenya honhom fam ahoɔden. Anthony de anisɔ ka sɛ: “Yehowa ne n’ahyehyɛde no adaworoma matumi ayi nipasu dedaw no, na mebɔ mmɔden sɛ mɛhyɛ foforo no da biara. Mprempren, me ne Yehowa abusuabɔ no na ehia me kɛse.”

Honhom Fam Nkɔso a Wubenya Wɔ Wo som Adwuma no Mu

Yesu Kristo hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ “ahenni no ho asɛmpa yi” ho asɛmpakafo. (Mateo 24:14) Sɛ obi a woyɛ ɔdawurubɔfo foforo koraa wɔ asɛmpa no ho no, ebia wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi anya nkɔso na ama ‘woawie wo som no koraa’?—2 Timoteo 4:5.

Ɔkwan biako ne sɛ wubenya adwempa. Sua sɛ wubebu asɛnka adwuma no sɛ “ademude” anaasɛ hokwan. (2 Korintofo 4:7) Ɛyɛ hokwan a yɛde bɛda yɛn dɔ, nokwaredi, ne mudi mu kura adi ama Yehowa. Ɛboa yɛn ma yɛdwene yɛn mfɛfo ho nso. Yɛn pɛ mu a yebefi ayɛ eyi no betumi ama yɛanya anigye ankasa.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Na Yesu ankasa wɔ asɛnka adwuma no ho adwempa. Na obu Bible mu nokware a ɔbɛda no adi akyerɛ afoforo no sɛ “aduan.” (Yohane 4:34) Enti, asɛm “mepɛ,” a ɔkae no betumi ada nea ɛkanyan no titiriw sɛ ɔbɛboa afoforo no adi yiye. (Mateo 8:3) Na Yesu wɔ ayamhyehye ma nnipa, a na Satan wiase no ama “wɔafonfɔn na abɔ wɔn ahwete” no. (Mateo 9:35, 36, NW) So wo nso ‘wopɛ’ sɛ woboa wɔn a wɔwɔ sum mu wɔ honhom fam a ɛho hia sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm mu ntease no? Ɛnde wobɛpɛ sɛ wubetie Yesu ahyɛde yi: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo.” (Mateo 28:19) Nokwarem no, wobɛpɛ sɛ wubenya adwuma yi mu kyɛfa kɛse sɛnea w’ahoɔden ne wo tebea ma kwan.

Ɔkwan foforo a wubetumi afa so anya nkɔso ne sɛ wubenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa—sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔ dapɛn biara mu. Saa a wobɛyɛ no betumi aboa ma ehu a ebetumi ayɛ akwanside ama obi a ɔntaa nkɔ asɛnka no ano abrɛ ase. Wubetumi anya asɛnka adwuma no a wunya mu kyɛfa daa no so mfaso wɔ akwan foforo so nso. Ebetumi ama woanya nokware no ho anisɔ kɛse, ɛbɛma woanya Yehowa ne wo mfɛfo ho dɔ pii, na aboa wo ma wode w’ani asi Ahenni anidaso no so.

Nanso, sɛ tebea a wowɔ mu mprempren mma wuntumi nnya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse nso ɛ? Sɛ ɛyɛ nea wuntumi nyɛ ho hwee a, ɛnde ma nim a wunim sɛ Onyankopɔn ani gye nea wutumi yɛ biara ho no nkyekye wo werɛ, mpɛn dodow a wufi wo kra nyinaa mu som no. (Mateo 13:23) Wubetumi anya nkɔso wɔ akwan foforo so, te sɛ wo mmɔdenbɔ wɔ asɛnka adwuma no mu a wobɛma anya nkɔso. Wɔ asafo no mu no, Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no de eyi ho ntetee a ɛfata ma. Mpɛn pii no, dodow a yɛbɔ mmɔden wɔ ɔsom adwuma no mu no, dodow no ara na yebenya anigye ne ɛso mfaso.

Ɛda adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ obi honhom fam nkɔso ba awiei da a wɔbɔ no asu no ara. Ɔsomafo Paulo kyerɛw nkwa a owu nnim a obenya wɔ soro no ho anidaso a ɔwɔ no ho asɛm sɛ: “Anuanom, me de, minsusuw sɛ me nsa anya aka biribi; nanso ade biako pɛ na meyɛ: mema me werɛ fi akyiri de, na metwe me mu mepɛ anim de. Mede mmirika mepɛ botae no ho madu, na makonya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu mu afrɛ me no mu nkonimbo no. Enti momma yɛn mu dodow a yɛyɛ pɛ no nnwen sa; na sɛ biribi wɔ hɔ a mudwen no foforo a, ɛno nso Onyankopɔn beyi adi akyerɛ mo.”—Filipifo 3:13-15.

Yiw, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa, sɛ wɔn anidaso no yɛ nkwa a owu nnim wɔ soro anaa daa nkwa wɔ Paradise wɔ asase so no, ‘twe wɔn mu’—sɛ yɛbɛka a, womia wɔn ho, na wɔn nsa aka botae a ɛne nkwa no! Asu a wɔbɔɔ wo no yɛ mfiase pa, nanso na ɛyɛ mfiase ade ara kɛkɛ. Kɔ so pere sɛ wubenya honhom fam nkɔso. Fa nhyiamkɔ ne kokoam adesua so yɛ ‘pɛ wɔ asɛm no ho dwen mu.’ (1 Korintofo 14:20) Bɔ ‘mmɔden sɛ wode w’adwene behu nokware no tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne korɔn ne emudɔ.’ (Efesofo 3:18) Ɛnyɛ anigye nko na nkɔso a wubenya mprempren no bɛma woakɔ so anya, na mmom wubetumi akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu nso, faako a wubetumi anya nkɔso daa wɔ ne soro Ahenni no mu!

[Kratafa 29 mfonini]

Egye ahosodi na yɛatumi anya bere de ayɛ kokoam adesua

[Kratafa 31 mfonini]

Adwempa a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛanya anigye wɔ ɔsom adwuma no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena