Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/94 kr. 3-4
  • Monkɔ so Nnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Adeyɛ Koro Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monkɔ so Nnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Adeyɛ Koro Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua Ti—Munkura Honhom Fam Nhyehyɛe Pa Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Dɛn na Woyɛ de Som Yehowa Daa?
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • ‘Monkɔ So Nnantew Pɛpɛɛpɛ Adeyɛ Koro Yi Ara Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Kɔ so Nya Honhom Fam Nkɔso!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1994
km 8/94 kr. 3-4

Monkɔ so Nnantew Pɛpɛɛpɛ wɔ Adeyɛ Koro Mu

1 Ná ɔsomafo Paulo wɔ ɔdɔ soronko ma asafo a na ɛwɔ Filipi a ɛnam no so titiriw na wɔhyehyɛe no. N’ani sɔɔ wɔn honam fam nsiesiei a efi ayamye mu no, na ɔkaa wɔn ho asɛm sɛ nkurɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa.—2 Kor. 8:1-6.

2 Ɔdɔ a emu yɛ den na ɛkaa Paulo ma ɔkyerɛw ne krataa no kɔmaa Filipifo no. Insight nhoma no, Po 2, kratafa 631, bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ krataa no mu nyinaa no, ɔhyɛ Filipi asafo no nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ nneɛma pa a na wɔyɛ no—wɔnhwehwɛ nhumu kɛse na wonkura nkwa Asɛm no mu yiye, nnya nkonimbo a ɛreba no mu gyidi a ɛyɛ den ne anidaso.” Wotiei anigye so, na ɛhyɛɛ wɔne ɔsomafo no ntam ɔdɔ no mu den. Paulo nsɛm no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no, ɛma yenya ntease pa de susuw n’afotu ho yiye, titiriw nea wɔaka wɔ Filipifo 3:15-17 no.

3 Adwene a Anyin ho Hia: Paulo kyerɛw nsɛm a ɛwɔ Filipifo 3:15 no sɛ obi a ɔde mfe pii anya osuahu. Ohuu Filipifo no honhom mu nkɔso no, na ɔde adwempa kanyanee wɔn sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Mpɛn dodow a na wɔn adwene kyerɛ sɛ wɔwɔ ahobrɛase ne anisɔ a Yesu daa no adi no bi no, na wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn a ‘wonnunu wɔn, na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a wonni dɛm a wokura nkwa asɛm no mu denneennen.’ (Fil. 2:15, 16) Sɛ yɛkenkan Paulo nsɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛte nka te sɛ nea ɔrekasa kyerɛ yɛn. Enti, yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya adwene a na Yesu wɔ no ara bi, na yɛde ahobrɛase akyerɛ hokwan ahorow a yɛwɔ no ho anisɔ. Yɛkɔ so srɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na yebisa ne mmoa wɔ eyi ne nneɛma afoforo mu.—Fil. 4:6, 7.

4 Sɛnea Filipifo 3:16 kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebenya nkɔso. Asɛmfua “nkɔso” kyerɛ sɛ obi “bɛkɔ n’anim, sɛ obenya nkɔanim.” Nnipa a wonya nkɔso no “kyerɛ nsusuwii, nneɛma a wohu, anaa hokwan afoforo ho anigye.” Ná Paulo pɛ sɛ Filipifo no te ase sɛ Kristosom nya nkɔso bere nyinaa, na ɛsɛ sɛ emufo kɔ wɔn anim. Ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ho mu, agye wɔn mmerɛwyɛ atom, na wɔabɔ mmɔden ahwehwɛ hokwan ahorow a ɛbɛma wɔayɛ pii anaa wɔama nea wɔreyɛ no anya nkɔanim bɛda wɔn honhom a enya nkɔso no adi. Ɛnnɛ Yehowa asase so ahyehyɛde no kɔ n’anim daa, ɛretrɛw ne dwumadi ne Onyankopɔn Asɛm mu ntease a ɛwɔ no mu bere nyinaa. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ne no bɔ anan nantew, na yɛde ne nsiesiei nyinaa di dwuma na yenya n’adwuma no mu kyɛfa kosi ase.

5 Nkɔso Hia Ade Koro a Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ no Pɛpɛɛpɛ: Paulo toaa so denam ne nuanom a ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ “wɔnkɔ so nnantew pɛpɛɛpɛ adeyɛ koro yi mu” no so. (Fil. 3:16, New World Translation) Ade a yɛbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ hwehwɛ sɛ yehu sɛnea nnipa anaasɛ nneɛma biara te ankasa na yɛbɔ yɛn bra yiye. Kristofo a na wɔwɔ Filipi huu sɛnea wɔn ankasa te, na wɔbɛnee Yehowa ahyehyɛde no ne wɔn ho wɔn ho. Ɔdɔ mmara no na edii wɔn asetra so. (Yoh. 15:17; Fil. 2:1, 2) Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no.’ (Fil. 1:27) Ɛho hia saa ara sɛ Kristofo yɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ na woyi suban pa adi nnɛ.

6 Adeyɛ koro kyerɛ biribi a obi fa ɔkwan bi a watwa ato hɔ dedaw so yɛ daa. Enti, ɛne ɔkwan biako a wɔtaa fa so yɛ nneɛma di nsɛ kɛse. Ade a yɛfa ɔkwan koro so yɛ no betumi de mfaso abrɛ yɛn, efisɛ yennyina nsusuw nneɛma ho bere a yɛresi nea edi hɔ a yɛbɛyɛ ho gyinae no—yɛatwa ɔkwan bi ato hɔ dedaw a yɛnam ɛho su a yɛanya so yɛ ade.

7 Ade koro no a yɛyɛ no pɛpɛɛpɛ wɔ teokrase kwan so yɛ su ne nneyɛe a ɛho tew, mfaso wɔ so, ɛyɛ papa—yɛn atirimpɔw ne sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho den wɔ honhom mu, yɛbɛboa afoforo, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛayɛ pii wɔ Yehowa som adwuma mu. Botae horow yi ho a yebetumi adu no hwehwɛ sɛ yenya adeyɛ koro bi a kokoam adesua, nhyiam a yɛbɛkɔ daa, ne asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya ka ho.

8 Nneɛma Atitiriw a Ɛka Ade Koro a Yɛbɛyɛ no Pɛpɛɛpɛ Ho: Ade titiriw biako ne “nimdeɛ ne ntease [a edi mu, NW].” (Fil. 1:9) Kokoam adesua ma yɛn gyidi yɛ kɛse, ɛhyɛ nokware no ho anisɔ a yɛwɔ no mu den, na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nnwuma pa. Nanso, ebinom ahu sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ wɔn adesua atoatoa so. Wɔkyerɛ sɛ bere a wonnya ne ade titiriw biako a ɛma ɛba saa.

9 Wɔrentumi nnyae mfaso a wonya fi Bible a wɔkenkan da biara mu no so duasi da. Nkyerɛkyerɛ a ɛde ma no ‘ye’ akwan nyinaa so. (2 Tim. 3:16, 17) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya bere de ayɛ Bible adesua wɔ ade koro no ara a yɛyɛ no da biara no mu? Ebinom ahu sɛ wobetumi asɔre ntɛm kakra anɔpa biara, bere a nneɛma nhyɛ wɔn adwene so no. Afoforo hu sɛ wotumi yɛ no yiye bere a wɔde simma kakra kenkan bi ansa na wɔada anadwo no. Ɔyerenom a wɔwɔ fie da mũ nyinaa no betumi ayi bere kakra asi hɔ awia de ayɛ saa ansa na afoforo afi adwuma anaa sukuu aba fie. Bible akenkan a wɔyɛ no daa akyi no, ebinom de Proclaimers nhoma no akenkan aka wɔn dapɛn biara adesua nhyehyɛe no ho.

10 Sɛ yenya su horow foforo a, ebetumi aba ankasa sɛ ɛbɛsɔre atia yɛn kan su horow no. Kan no ebia na yɛma dwumadi ahorow a ɛho nhia sɛe bere a yɛwɔ no. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi saa nhyehyɛe no ho. Ɛnyɛ obi na ɔbɛhyehyɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yesua ade ama yɛn; na wɔnhwehwɛ nso sɛ yebebu nea yɛyɛ wɔ eyi mu ho akontaa. Yɛn adesua a yɛbɛma ayɛ nea ɛtoatoa so no gyina anisɔ a yɛwɔ ma “nneɛma a eye koraa” ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtɔ “bere a ɛfata” na yɛanya mu mfaso no so titiriw.—Fil. 1:10; Efe. 5:16, NW.

11 Kristofo nhyiam horow di dwuma titiriw wɔ yɛn honhom mu nkɔso mu, na ɛde nkyerɛkyerɛ ne nkuranhyɛ a ehia ma. Enti, nhyiamkɔ yɛ ade koro no ara a yɛyɛ no pɛpɛɛpɛ no fã titiriw. Paulo sii hia a eyi ho hia no so dua. Ɛnyɛ biribi a wopɛ a na woyɛ.—Heb. 10:24, 25.

12 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ ade pɛpɛɛpɛ bere a yɛyɛ yɛn dapɛn biara dwumadi ho nhyehyɛe no? Ebinom yɛ bere pɔtee bi a wɔde bedi wɔn ankasa nneɛma ho dwuma ho nhyehyɛe, na afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde bere kakra biara a aka no bɛkɔ nhyiam horow, nanso ɛsɛ sɛ nhyiam no mmom di kan. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn dapɛn biara nhyiam horow no di kan, na yɛyɛ dwumadi afoforo ho nhyehyɛe ma bere a yenni nhyiam biara no.

13 Nhyiam a yɛbɛkɔ daa no hia nhyehyɛe pa ne abusua no mmoa. Yɛn mu dodow no ara nni adagyew koraa ma ɛtaa yɛ den ma yɛn sɛ yebenya bere wɔ dapɛn no mu. Eyi kyerɛ sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ anwummeduan ntɛm na ama abusua no anya bere a ɛsɛ adidi, asiesie wɔn ho, adu nhyiam ase ansa na wɔafi ase. Wɔ eyi mu no, abusua mufo betumi aboa wɔ akwan horow so.

14 Sɛ yebetumi akɔ so anantew pɛpɛɛpɛ wɔ adeyɛ koro no mu a, asɛnka a yɛbɛkɔ daa ho hia. Yɛn nyinaa nim yɛn asɛyɛde a emu yɛ duru a ɛne sɛ yɛbɛka Ahenni asɛm no pefee. Ɛno na ɛma yɛyɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:10) Esiane sɛ ɛne adwuma a egye ntɛmpɛ na mfaso wɔ so sen biara a wɔreyɛ nnɛ nti, yentumi mmu no ɔkwan biara so sɛ yɛn adeyɛ koro no fã ketewaa bi ara kwa. Sɛnea Paulo tuu fo no: ‘Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.’—Heb. 13:15.

15 Sɛ yɛyɛ yɛn dwumadi ho nhyehyɛe ma dapɛn biara a, ɛsɛ sɛ yeyi bere pɔtee bi si hɔ ma asɛnka. Ɛda adi sɛ asafo no yɛ asɛnka nhyiam pii ho nhyehyɛe ma dapɛn biara, na nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yebesi nea yebetumi de yɛn ho ahyem ho gyinae. Ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛbɔ mmɔden anya asɛnka no fã biara mu kyɛfa, te sɛ afie afie adwuma a wɔde nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo yɛ, sankɔhwɛ ne Bible adesua a wɔyɛ. Yebetumi adi kan ayɛ nhyehyɛe mpo sɛ yɛbɛyɛ bɔnnɔ so adansedi denam nhoma a yɛbɛfa ahyɛ yɛn nneɛma mu na yɛahwehwɛ hokwan a ɛbɛma yɛafi nkɔmmɔbɔ ase no so. Esiane sɛ yɛne afoforo na ɛtaa kɔ asɛnka nti, ehia sɛ yebisa wɔn bere nhyehyɛe ho asɛm sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ nhyehyɛe a eye ma yɛn nyinaa.

16 Ɛmfa ho sɛ wɔda anibiannaso adi wɔ asasesin no mu no, ɛsɛ sɛ yekura yɛn adeyɛ koro a ɛne asɛnka no mu. Yenim dedaw sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wobetie asɛm no. (Mat. 13:15; 24:9) Wɔpaw Hesekiel sɛ ɔnka asɛm nkyerɛ nnipa ‘atuatewfo, anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma.’ Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛboa Hesekiel denam ma a ɔbɛma ne ‘momaso ayɛ den sɛ wɔn momaso’ no so, kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ te sɛ “ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo.” (Hes. 2:3, 4; 3:7-9) Enti, asɛnka a yɛbɛkɔ no daa hia animia.

17 Nhwɛso Pa a Ɛsɛ sɛ Yesuasua: Yɛn mu dodow no ara bɔ mmɔden yiye wɔ asɛnka mu bere a obi a obedi anim wɔ hɔ no. Paulo ne n’ayɔnkofo yɛɛ nhwɛso pa, na ɔhyɛɛ afoforo nkuran sɛ wonsuasua no. (Fil. 3:17) Ná nneɛma a ɛbɛma wayɛ den honhom mu no nyinaa ka n’adeyɛ koro no ho.

18 Ɛnnɛ nso, yɛwɔ nhwɛso pa ahorow. Paulo hyɛe wɔ Hebrifo 13:7 sɛ: “Monkae mo mpanyimfo . . . monhwɛ wɔn abrabɔ awiei nsua wɔn gyidi.” Nokwarem no, Kristo ne yɛn Nhwɛsofo, nanso yebetumi asuasua gyidi a wɔn a wodi anim da no adi no. Te sɛ Paulo no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo hu hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma afoforo. Ɛwom sɛ ebia wɔn ankasa nsɛm tebea gu ahorow de, nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara tumi kyerɛ sɛ ɔreyɛ ade koro wɔ Ahenni nneɛma a ɔde bedi kan no mu. Bere a mpanyimfo wɔ honam fam ne abusua mu asɛyɛde mpo no, ɛsɛ sɛ wonya kokoam adesua, nhyiamkɔ, ne asɛnka adwuma no animdi ho nhyehyɛe a edi mu. Sɛ mpanyimfo de adanse ma sɛ ‘wɔrehwɛ wɔn ankasa fie so yiye’ a, ɛbɛhyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran ma wɔakɔ so anantew pɛpɛɛpɛ wɔ adeyɛ koro mu.—1 Tim. 3:4, 5.

19 Botae Horow ma Ɔsom Afe Foforo No: Ɔsom afe foforo mfiase yɛ bere a ɛfata a yɛde besusuw ade koro no ara a yɛn ankasa yɛ no ho. Dɛn na yɛn dwumadi wɔ afe a etwaam no mu ho nhwehwɛmu da no adi? So yetumi kuraa sɛnea yɛn dwumadi no te mu anaa yɛma enyaa nkɔanim? Ebia yetumi yɛɛ yɛn kokoam adesua fefeefe. Ebia yetumi kɔɔ nhyiam daa anaa yɛmaa yɛn asɛnka kɔɔ anim denam akwampaefo aboafo a yɛyɛe no so. Ebia yetumi twe adwene si Kristofo ayamye nnwuma a yɛyɛ maa afoforo wɔ yɛn asafo no anaasɛ yɛn abusua no mu no so. Sɛ ɛte saa a, yɛwɔ nea ɛbɛma yɛadi ahurusi sɛ yɛafa ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so, na yɛwɔ ntease pa sɛ ‘yɛbɛkɔ so ayɛ ma aboro so.’—1 Tes. 4:1.

20 Na sɛ ade koro no ara a yɛyɛ no antoatoa so anaasɛ yɛyɛɛ no bere ne bere mu wɔ ɔkwan bi so nso ɛ? Ɛkaa yɛn dɛn wɔ honhom mu? So biribi nti yɛn nkɔso ano brɛɛ ase? Nkɔanim fi ase ba bere a yebisa Yehowa mmoa. (Fil. 4:6, 13) Wo ne abusua no mufo a aka no nsusuw mo ahiade ahorow ho, na bisa mmoa na ama moayɛ ade koro no a moyɛ no afã horow bi mu nsakrae. Sɛ wuhyia ɔhaw ahorow a, bisa mpanyimfo no mmoa. Sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse na yegye Yehowa akwankyerɛ tom a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛbɛyɛ “anihafo ne wɔn a wɔnsow aba.”—2 Pet. 1:5-8.

21 Ade koro mu a wobɛnantew pɛpɛɛpɛ no de nhyira horow a ɛma wo mmɔden ahorow yɛ nea ɛfata ba. Bere a wobɔ mmɔden sɛ wobɛnantew pɛpɛɛpɛ wɔ adeyɛ koro mu no, ‘nyɛ mmɔdenbɔ mu nyaa, yɛ honhom mu hyew, na som Yehowa.’ (Rom. 12:11)—Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ November 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10-14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena