Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
May 2 besi August 22, 1994 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi ho sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma no remma afã ahorow nyinaa so.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:
1. Ɛho nhia sɛ wɔbɔ asɛmfua “Sela” a epue mpɛn 71 wɔ Nnwom nhoma no mu no bere a wɔrekenkan. [5, si kr. 101 nky. 5]
2. Sɛnea Dwom 15:4 kyerɛ no, sɛ Kristoni behu sɛ ɛbɔ bi a wahyɛ ne kyerɛwnsɛm no nhyia a, ɛsɛ sɛ ɔkɔ so di so. [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 9/15 nkr. 28-9.]
3. Hiob nhoma no da no adi sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma adesamma hu amane, yareyare, na wowuwu. [4, si kr. 100 nky. 42]
4. Yesu asetra kyerɛe sɛ anka Adam betumi akura mudi a ɛyɛ pɛ mu sɛ ɔpɛe sɛ ɔyɛ saa a, na afei ɛkyerɛ nso sɛ na sintɔ biara nni Onyankopɔn abɔde mu. [15, uwTW kr. 52 nky. 11]
5. Akoa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Luka 19:20-24 a onyaa bɛnnaa biako na ɔde siee ntama mu no dii anihaw ho fɔ. [4, gtTW ti 100]
6. Sɛ nokware Kristoni yɛ adwumaden na ohyira ne ho so koraa ma Onyankopɔn a, obetumi afata ama daa nkwa. [9, uwTW kr. 36 nky. 13]
7. Korintofo nhoma a edi kan ti 2:9 ka daakye paradise asase ho asɛm. [1, uwTW kr. 26 nky. 12 (3); hwɛ w85 9/15 kr. 30]
8. Ɛwom sɛ abrabɔ a nokwaredi nnim abu so wɔ wiase de, nanso yerentumi mmu yɛn ani nngu so sɛ nea ɛho nhia. [16, uwTW kr. 53 nky. 13]
9. Dwom 49:15 kyerɛ owusɔre no mu gyidi. [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w89 3/1 p. 22 nky. 13]
10. Ɛtɔ mmere bi a nnaadaa a ɛma yɛde yɛn ho hyɛ wiase abrabɔ mu no fi obi foforo a ose ɔresom Yehowa hɔ na ɛba. [12, uwTW Kr. 43 nky. 11]
Bua nsemmisa a edidi so yi:
11. Dɛn ne dwom? [5, si kr. 101 nky. 2]
12. Awerɛhyem a ɛyɛ anigye bɛn na Dwom 27:10 ma yenya? [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW92 3/15 kr. 22 nky. 17]
13. Nsusuwii a ɛnteɛ a abɔnefo a wɔnkyerɛ ahonu wɔ bɛn na Dwom 10:13 da no adi? [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW91 11/1 kr. 6]
14. Sɛnea Exodus 9:15, 16 kyerɛ no, dɛn na ɔkwan a Yehowa faa so ne Farao dii nsɛm no de bae? [17, uwTW kr. 57 nky. 6, 7]
15. Kyerɛ akwan abien a yebetumi afa so asusuw nea yɛkenkan wɔ Bible mu no ho ma ɛho aba yɛn mfaso. [2, uwTW kr. 27]
16. Dɛn na ahyɛde a ɛwɔ Dwom 2:12 a ese, “mumfew ɔba no ano” no kyerɛ? [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 8/15 kr. 20]
17. Ahofadi bɛn na na Yesu reka ho asɛm wɔ Yohane 8:32 no? [11, uwTW kr. 40 nky. 6]
18. Hena ne “ɔbea” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Genesis 3:15 no? [3, uwTW kr. 30 nky. 3]
19. Dɛn nti na Dawid tumi ka kyerɛɛ Yehowa wɔ Dwom 51:4 sɛ, “Wo nko ara na mafom wo,” bere a na onim sɛ ne nneyɛe bɔne no tia ne mfɛfo nnipa nso? [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW93 3/15 kr. 11 nky. 13]
20. Ná dɛn ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no wɔ afeha a edi kan no mu, na ɛne dɛn nnɛ? (Mateo 24:15) [15, gtTW ti 111]
Fa asɛmfua anaa nsɛm a ehia na ama nsɛm a edidi so yi adi mũ ma:
21. Ɛda adi sɛ “Behemot” a Bible ahorow bi de di dwuma wɔ Hiob 40:15 no yɛ ․․․․․․․, na Lewiatan a wɔka ho asɛm wɔ 41:1 no yɛ ․․․․․․․. [3, 4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ it-1 kr. 280 ne it-2 kr. 240.]
22. Wɔtee Yehowa ankasa nne bere a Yesu ․․․․․․․, bere a ․․․․․․․ ne ho, ne Nisan 10, afe 33 Y.B., bere a ɔbɔɔ n’agya mpae wɔ Yerusalem ․․․․․․․ hɔ no. [8, gtTW ti 104]
23. Ná Farisifo sɔn yi ․․․․․․․ fi wɔn nsã mu efisɛ wɔn ho ntew, nanso na wobu wɔn ani gu atɛntrenee, mmɔborohunu, ne nokwaredi so, na wobetumi de ɛno atoto ․․․․․․․ a ɔno nso ho ntew a wɔmene no ho. [13, gtTW ti 109]
24. Esiane sɛ Satan nam atorodi so na ɔdaadaa yɛn awofo a wodi kan no ma wɔyɛɛ bɔne nti, Yesu frɛɛ no “․․․․․․․.” [16, uwTW kr. 53 nky. 13 (1)]
25. Yesu ne Onyankopɔn Ba a ․․․․․․․ no, efisɛ ɔno nko ne nea Yehowa nkutoo bɔɔ no. [3, uwTW kr. 29 nky. 1]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi biara mu:
26. Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Hiob 42:5 kyerɛ no, Hiob huu Onyankopɔn, kyerɛ sɛ (ohuu Nyankopɔn wɔ ahum no mu; ohui sɛ ɔbɔfo bi gyina n’anim; obehuu sɛnea Yehowa te yiye). [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW88 10/1 kr. 12 nky. 11]
27. Ɔbea a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ Mateo 26:13 no ne (Lasaro nuabea Maria; Kleopa yere Maria; Maria Magdalene). [5, gtTW ti. 16 nky. 101 (3)]
28. Sɛnea kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Dwom 11:3 kyerɛ no, nnyinaso a wɔasɛe no no ne (Yerusalem asɔrefie no nnyinaso; Yesu Kristo sɛ Nnyinaso no Tweatibo; adesamma asetra nnyinaso te sɛ atɛntrenee, mmara, ne asomdwoe). [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w86 8/15 kr. 20]
29. Yesu frɛɛ asomafo (Petro ne Andrea; Filipo ne Bartolomeo; Yakobo ne Yohane) “Ɔprannaa Mma” esiane wɔn anisohyew pii nti. [2, gtTW ti 98]
30. Ɔsɛmpɔw a anibere wom a Satan ma ɛsɔree bere a otwaa Onyankopɔn nniso ne Ne kwan a ɔnam so di ade ho mpoa no fa (nnipa ahofadi; nea ɔwɔ tumi kɛse; Onyankopɔn amansan tumidi) ho. [14, uwTW kr. 46 nky. 1]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ ase hɔ nsɛm a ɛne no hyia no anim:
Gen. 3:1-5; Dw. 24:1; Aso. 8:32-38; Heb. 10:26, 27; 1 Pet. 4:3, 4
31. Ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ onipa ne asase yɛ Onyankopɔn abɔde, ne sɛ biribiara yɛ Yehowa dea no boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛyɛ osetie. [10, uwTW kr. 39 nky. 4]
32. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye kɛse sɛ yɛnkɔ so nyɛ biribi a yenim sɛ ɛnsɔ Yehowa ani. [8, uwTW kr. 33 nky. 8 (3) ne 8 (4)]
33. Bible no mu nokware nimdeɛ ne emu nsɛm ho anisɔ ka nnipa a wɔte sɛ nguan no ma wɔma wɔbɔ wɔn asu. [7, uwTW kr. 32 nky. 7]
34. Ɛwom sɛ yɛne wɔn a wonnye nni bɛyɛ adwuma anaasɛ yɛne wɔn bɛkɔ sukuu de, nanso yɛnam wɔn fekubɔ a ɛho nhia nyinaa a yɛbɛtwe yɛn ho afi ho so kyerɛ sɛ yɛmpɛ wɔn ayɔnkofa. [13, uwTW kr. 44 nky. 13]
35. Ɛho hia sɛ yɛkwati wiase nsusuwii a ɛka nkurɔfo ma wogye di sɛ sɛ wontumi nhyehyɛ wɔn ankasa gyinapɛn wɔ asetra mu a na wɔahwere biribi no. [14, uwTW kr. 46 nky. 1]