Ti 6
Ɔsɛmpɔw a Ɛsɛ sɛ Abɔde Nyinaa Hyia
1. (a) Ɔsɛmpɔw bɛn na Satan ma ɛsɔree wɔ Eden? (b) Ɔkwan bɛn so na saa ɔsɛmpɔw yi na na ɛda adi wɔ nea ɔkae no mu?
BERE a atuatew bae wɔ Eden no, ɔsɛmpɔw bi a anibere wom sɔree a ɛka abɔde nyinaa. Bere a Satan baa Hawa nkyɛn no, ɔkyerɛe sɛ na wɔrema ɔno ne ne kunu Adam ahwere biribi a anibere wom. Obisae sɛ: “Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?” Hawa buae sɛ dua biako pɛ na Onyankopɔn aka sɛ: “Munnni bi nso mommfa mo nsa nnka na moanwu.” Ɛno na Satan totoo Yehowa ano tẽẽ sɛ ɔredi atoro, na ose Hawa nkwa anaasɛ Adam de nnyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no so. Ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn de biribi pa bi rekame n’abɔde—tumi a wɔde besisi wɔn ankasa gyinapɛn ahorow wɔ asetra mu. Satan kae sɛ: “Ɛnyɛ owu na mobewu: na Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” (Genesis 3:1-5) Satan maa Hawa gye dii sɛ ebesi no yiye akyɛn so sɛ ɔbesisi n’ankasa gyinae horow. Ɔnam saayɛ so twaa hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi so ne Ne kwan a ɔfa so di tumi no mpoa. Nokwarem no, na nea ɛwɔ ɔsɛmpɔw no mu no fa amansan tumidi ho.
2. Dɛn na na anka ebetumi abɔ adesamma baanu a wodi kan no ho ban?
2 Ná anka ɔdɔ a Hawa wɔ ma Yehowa betumi abɔ ne ho ban. Ná anka obu a ɔwɔ ma ne kunu tiyɛ no nso betumi asianka no afi bɔneyɛ ho. Nanso nea na ɛte sɛ nea ɛbɛyɛ mfaso ntɛm ara no nko ho na osusuwii. Nea na wɔabara no bɛyɛɛ nea ɛyɛ n’aniwa fɛ. Bere a Satan nsusuwii no adaadaa no koraa no, ɔtoo Onyankopɔn mmara. Afei ɔde Adam baa mu. Satan atoro no annaadaa no de, nanso ɔno nso kyerɛɛ Onyankopɔn dɔ ho anisɔ a onni a enye koraa. Wammu Yehowa tiyɛ na ɔpawee sɛ ɔbɛkɔ akɔka ne yere otuatewfo no ho.—Genesis 3:6; 1 Timoteo 2:13, 14.
3. (a) Ɔsɛmpɔw foforo bɛn na ɛbɛn Satan sɔre a ɔsɔre tiaa Yehowa tumidi no pɛɛ? (b) Henanom na ɛka wɔn?
3 Satan ntua a ɔde baa Yehowa tumidi so no anso nea ɛbae wɔ Eden no ara so anyae. Afoforo nokwaredi ma Yehowa ho akyinnyegye na edii nkonim a ɛda adi sɛ odii wɔ hɔ no akyi bae. Afei eyi bɛyɛɛ ɔsɛmpɔw a ɛtɔ so abien a ɛtõa mu pɛɛ. Ne mpoatwa no kɔɔ akyiri kɔkaa Adam mma ne Onyankopɔn mma a wɔyɛ ahonhom nyinaa a Yehowa Abakan a ɔdɔ no yiye no mpo ka ho. Hiob nna no mu no, Satan gyee akyinnye sɛ ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no dɔ Onyankopɔn ne ne kwan a ɔfa so di tumi no nti na wɔyɛ saa, na mmom pɛsɛmenkominya nneɛma horow bi nti. Ogyee akyinnye sɛ, sɛ wɔde amanehunu ba wɔn so a, wɔn nyinaa begyae mu ama pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ahorow. So na n’asɛm no yɛ nokware?—Hiob 1:6-12; 2:1-6; Adiyisɛm 12:10.
Sɛnea Wɔyɛɛ Wɔn Ade Wɔ Ɔsɛmpɔw No Ho
4. Dɛn nti na adesamma pii nnyee Yehowa tumidi no ntoom?
4 Yehowa anka sɛ entumi mma sɛ afoforo de wɔn ho bɛbɔ Satan wɔ atuatew no mu. Ampa, bere a na Onyankopɔn rebu atɛn wɔ Eden no, ɔkaa wɔn a na wɔbɛyɛ ‘ɔwɔ no asefo’ ho asɛm. (Genesis 3:1-15) Ná Farisifo a wotuu agyina sɛ wobekum Yesu ne Yuda Iskariot a oyii Yesu mae no ka eyinom ho. Wɔannyɛ mfomso bi ara kwa ansa na wɔn ani reba wɔn ho so. Ná wonim nea ɛteɛ, nanso wɔboapa sɔre tiaa Yehowa ne ne nkoa. Nanso afoforo pii a wontumi nkan wɔn dodow a wɔanyɛ ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde anhyia no yɛɛ ade wɔ onim a wonnim mu.—Asomafo no Nnwuma 17:29, 30.
5. (a) Nea ɛnte sɛ Hawa no, wɔn a wɔadi nokware ama Yehowa no abu n’asɛm dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Noa daa ne nokwaredi adi, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ne nhwɛso no mu mfaso?
5 Nea ɛne eyinom nyinaa bɔ abira no, na mmarima ne mmea gyidifo a wonyaa wɔn Bɔfo no ho nimdeɛ a wodii no nokware sɛ Ɔhene no wɔ hɔ. Wogyee Onyankopɔn dii. Na wonim sɛ wɔn nkwa gyina tie a wobetie no na wɔayɛ osetie ama no no so. Ná Noa yɛ onipa a ɔte saa. Enti, bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, “Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim . . . Yɛ adaka” no, Noa brɛɛ ne ho ase hyɛɛ Yehowa akwankyerɛ ase. Afoforo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kɔɔ so traa ase yeyɛɛ nneɛma a wɔyɛ daa no te sɛ nea na biribi a ɛyɛ soronko biara remma wɔ kɔkɔbɔ a wɔde mae nyinaa akyi. Nanso Noa pam adaka kɛse bi na ɔkɔɔ so ara a wannya ne ho adagyew koraa kaa Yehowa akwan trenee ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no, “Noa yɛɛ saa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”—Genesis 6:13-22; hwɛ Hebrifo 11:7 ne 2 Petro 2:5 nso.
6. (a) Ade foforo bɛn nso na wɔde ahu mudi mu kurafo? (b) Ɔkwan bɛn so na Sara daa su ahorow yi adi, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya ne nhwɛso no mu mfaso?
6 Obu kɛse a wɔwɔ ma tiyɛ ho nnyinasosɛm a ɔdɔ a obi ankasa dɔ Yehowa ka ho nso ada nsow wɔ mudi mu kurafo mu. Wɔanyɛ sɛ Hawa a ɔyɛɛ ntɛm dii ne kunu anim no. Ná wɔnte sɛ Adam a obuu ani guu Yehowa mmara so no. Abraham yere Sara yii su pa ahorow yi adi kyerɛe. Ɛnyɛ ne kasa mu nko, na mmom ne koma mu nso, na Abraham yɛ ne “wura.” Bio nso, na n’ankasa dɔ Yehowa na na ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ gyidi. Na ɔka Abraham ho retwɛn “kurow [Onyankopɔn Ahenni] a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn.”—1 Petro 3:5, 6; Hebrifo 11:10-16.
7. (a) Tebea ahorow bɛn mu na Mose gyinaa Yehowa tumidi no afã? (b) Ɔkwan bɛn so na ne nhwɛso no ho betumi aba yɛn mfaso?
7 Abraham fii ne kurom akyi bɛyɛ mfirihyia 430 no, Mose gyinaa Yehowa tumidi afã ne Misraim Farao dii aperepere anim ne anim. Ɛnyɛ sɛ na Mose gye ne ho di. Nea ɛne no bɔ abira no, wannye anni sɛ obetumi akasa yiye. Nanso otiee Yehowa. Ɛdenam Yehowa akyigyina ne ne nua Aaron mmoa so no, Mose kaa Yehowa asɛm kyerɛɛ Farao mpɛn pii. Na Farao aso yɛ den. Israel mma no mu binom mpo kasa tiaa Mose denneennen. Nanso Mose de nokwaredi yɛɛ biribiara a Yehowa hyɛɛ no no, na wɔnam ne so yii Israel fii Misraim.—Exodus 7:6; 12:50, 51.
8. (a) Ɔkwan bɛn so na nokwaredi ma Yehowa no kyerɛ pii sen nea Onyankopɔn ahyɛ da akyerɛw ato hɔ no ho osetie a wɔbɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na nokwaredi ho anisɔ a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛde 1 Yohane 2:15 adi dwuma?
8 Wɔn a wodii Yehowa nokware no ansusuw sɛ na nea wɔhwehwɛ nyinaa ne sɛ wɔbɛyɛ nea wɔakyerɛw mmara no mu no pɛpɛɛpɛ, sɛ wobetie nea na Onyankopɔn akyerɛw no nkutoo. Bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef ma ɔne no ada de asɛe aware no, na mmara nsɛm a efi Onyankopɔn a wɔakyerɛw a ɛbara awaresɛe pɔtee biara nni hɔ. Nanso esiane nea na Yosef nim wɔ aware nhyehyɛe a Yehowa de sii hɔ wɔ Eden no ho nti, na onim sɛ ɔbarima foforo yere a ɔne no bɛda no rensɔ Onyankopɔn ani. Na Yosef ani nnye ho sɛ ɔbɛsɔ ahwɛ ahu nea Onyankopɔn bɛma no kwan ma wasɛ Misrifo akodu. Ɔnam Onyankopɔn ne adesamma nsɛnni ho nsusuwii so penee Yehowa akwan so, na afei ofii ahonim pa mu de nea ohui sɛ ɛyɛ Yehowa apɛde dii dwuma.—Genesis 39:7-12; fa toto Dwom 77:11, 12 ho.
9. Ɔkwan bɛn so na wɔama Satan ayɛ ɔtorofo bere nyinaa wɔ asɛm a ɔmaa so wɔ Hiob bere so no mu?
9 Sɛ wɔsɔ wɔn a wonim Yehowa nokwarem no hwɛ denneennen mpo a, wɔnnan wɔn ho mfi ne ho. Satan bɔɔ sobo sɛ sɛ Hiob hwere n’ahode anaasɛ wɔyɛ ne nipadua bɔne a, oyi a Yehowa kamfoo no kɛse no mpo begyaw Onyankopɔn. Nanso Hiob maa Ɔbonsam yɛɛ ɔtorofo, na ɔyɛɛ saa a na onnim nea ama amanehunu no nyinaa aba ne so no mpo. (Hiob 2:3, 9, 10) Akyiri yi wɔ mmɔden a Satan bɔe ara sɛ ɔbɛkyerɛ sɛ nea ɔka no yɛ nokware mu no, ɔmaa Babilon hene bi a na ne bo afuw hunahunaa Hebrifo mmerante baasa sɛ sɛ wɔankotow ansɔre ohoni bi a na ɔhene no de asi hɔ no a, wobewuwu wɔ ogya fononoo mu. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmpaw ɔhene ahyɛde ne Yehowa mmara a etia abosonsom no mu biako mfa no, wogyinaa pintinn ma wohui sɛ wɔsom Yehowa ne sɛ na ɔne wɔn Hene Pumpuni. Nea na ne bo yɛ wɔn den koraa sen nkwa ne nokware a wobedi ama Onyankopɔn.—Daniel 3:14-18.
10. Ɔkwan bɛn so na yɛn adesamma a yɛnyɛ pɛ yi tumi kyerɛ sɛ yedi nokware ma Yehowa ampa?
10 So yefi eyi mu bɛka sɛ sɛ obi bedi Yehowa nokware a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ pɛ, ma enti obi a ɔyɛ mfomso no adi nkogu koraa anaa? Ɛnte saa koraa! Bible ka mmere horow a Mose tɔɔ sin ho asɛm pɔtee kyerɛ yɛn. Yehowa bo fuwii, nanso wampow Mose. Ɛwom sɛ asomafo no yɛɛ nhwɛso pa nneɛma bebree mu de, nanso na wɔwɔ wɔn mmerɛwyɛ ahorow. Nokwaredi hwehwɛ koma mu a wobefi ayɛ osetie bere nyinaa. Nanso, bere a Yehowa susuw pɛ a yɛnyɛ fi awo mu no ho no, sɛ yɛanhyɛ da ammu yɛn ani angu n’apɛde so wɔ biribiara mu a, n’ani gye. Sɛ mmerɛwyɛ nti yɛyɛ adebɔne a, ehia sɛ yenu yɛn ho nokware mu na yɛnam saayɛ so amma anyɛ yɛn su. Yɛnam saayɛ so di adanse sɛ nokwarem no, yɛdɔ nea Yehowa se eye na yɛtan nea ɔkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne. Ɛdenam bɔne mpata bo a yɛwɔ no so no, yebetumi anya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim.—Amos 5:15; Asomafo no Nnwuma 3:19; Hebrifo 9:14.
11. (a) Hena na otumi kuraa Onyankopɔn som pa ahofama a ɛyɛ pɛ mu wɔ nnipa mu, na dɛn na ɛno daa no adi? (b) Ɔkwan bɛn so na nea ɔyɛe no betumi aboa yɛn?
11 Nanso, so ebetumi aba sɛ ɛrentumi nyɛ yiye mma nnipa sɛ wobenya Onyankopɔn som pa ahofama a ɛyɛ pɛ anaa? Bɛyɛ mfirihyia 4,000 bi de, na eyi ho mmuae yɛ “ahintasɛm kronkron.” (1 Timoteo 3:16) Ɛwom sɛ wɔbɔɔ Adam no na ɔyɛ pɛ de, nanso wannyɛ Onyankopɔn som pa ahofama a ɛyɛ pɛ ho nhwɛso. Na hena na obetumi? Ampa ara sɛ ɛnyɛ ne mma a wɔyɛ nnebɔneyɛfo no mu biara. Na Yesu Kristo nkutoo ne onipa a ɔbɛyɛ saa. Nea Yesu yɛe no kyerɛe sɛ na anka Adam a onyaa tebea horow a na eye kyɛn so no betumi akura mudi a ɛyɛ pɛ mu sɛ ɔpɛe sɛ ɔyɛ saa a. Na na ɛnyɛ Onyankopɔn adebɔ adwuma mu na mfomso no wɔ. Enti Yesu Kristo na ɔyɛ nhwɛso a yɛpɛ sɛ yedi akyi wɔ nea ɛnyɛ ɔsoro mmara no ho osetie a woyi adi nko mu na mmom wɔ yɛn ankasa ho a yɛde ma Yehowa, Amansan Sodifo no mu.
Yɛn Ankasa Ma Mmuae Dɛn?
12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ bere nyinaa wɔ su a yeyi adi wɔ Yehowa amansan tumidi ho no ho?
12 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hyia amansan ɔsɛmpɔw no nnɛ. Yɛrentumi nguan mfi ho. Sɛ yɛada yɛn ho adi sɛ yegyina Yehowa afã a, Satan de yɛn yɛ ne botae. Ɔde nhyɛso fi mmeae ahorow biara a obetumi asusuw ho ba na ɔbɛkɔ so ayɛ saa ara de akosi sɛ ne nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Ɛnsɛ sɛ yegow wɛn a yɛwɛn no mu. (1 Petro 5:8) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no kyerɛ faako a yegyina wɔ saa ɔsɛmpɔw titiriw yi mu.
13. (a) Dɛn na ɛfa atorodi ne korɔnbɔ mfiase ho a ɛsɛ sɛ ɛma yɛkwati eyinom? (b) Bua nsemmisa ahorow a ɛfa tebea horow a ɛma ebinom yɛ bɔne a ɛte saa ho a ɛwɔ nkyekyem yi ase no, biako wɔ bere koro mu.
13 Yɛrentumi mmu abrabɔ a nokwaredi nnim sɛ nea ɛho nhia esiane sɛ abu so wɔ wiase no mu nti. Mudi mu a yebekura no hwehwɛ sɛ yɛde Yehowa trenee akwan no di dwuma wɔ asetra mu biribiara mu. Sɛ nhwɛso no, susuw nea edidi so yi ho:
(1) Satan de atorodi na ɛtwee yɛn awofo a wodi kan no kɔɔ bɔne mu. Ɔbɛyɛɛ “atoro agya.” (Yohane 8:44)
Tebea ahorow bɛn mu na ɛtɔ da a mmofra nka nokware nkyerɛ wɔn awofo? Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo mmofra kwati eyi? (Mmebusɛm 6:16-19)
Adwuma mu nneyɛe ahorow bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ obi ne “atoro agya” no na ɛbɔ mmom sen sɛ anka ɔne nokware Nyankopɔn no bɛbɔ? (Mika 6:11, 12)
Sɛ yɛkeka nsɛm bi a ɛmma wonhu sɛnea yɛte ankasa a, so mfomso wom bere a empira obi foforo biara no? (Dwom 119:163; fa toto Asomafo no Nnwuma 5:1-11 ho.)
Sɛ obi de ne ho ahyɛ bɔne bi a anibere wom mu a, dɛn nti na ɛho hia sɛ ɔremmɔ mmɔden sɛ ɔde atorodi bɛkata so? (Mmebusɛm 28:13)
(2) Bere a Hawa ne afei Adam yɛɛ ade wɔ Satan ɔhyɛ ase sɛ wɔn ankasa nsisi wɔn gyinae wɔ papa ne bɔne ho no, ade a edi kan a wɔyɛe ne sɛ wɔfaa biribi a ɛnyɛ wɔn de. Wɔbɛyɛɛ awifo.
So korɔnbɔ bɛyɛ nea ɛteɛ bere a ahia obi anaasɛ onii a wɔfa n’ade no wɔ pii no? (Mmebusɛm 6:30, 31; 1 Petro 4:15)
Sɛ adeyɛ a ɛte saa no abu so wɔ faako a yɛte no anaasɛ dekode a wɔfae no sua a, so ɛma ɛbɛyɛ nea anibere nnim biara anaa? (Romafo 12:2; Efesofo 4:28; Luka 16:10)
14, 15. (a) Sɔhwɛ bɛn na adesamma nyinaa behyia wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no awiei? (b) Ɔkwan bɛn so na nea yɛyɛ mprempren no bɛka nea ebefi mu aba ama yɛn saa bere no?
14 Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wɔde Satan ne n’adaemone no bɛto bun mu, na wɔrentumi nhyɛ adesamma so bio. Ahotɔ bɛn ara na ɛno bɛyɛ sɛɛ yi! Nanso wɔ mfirihyia apem no akyi no, wobegyaa wɔn kakra. Satan ne wɔn a wodi n’akyi no de nhyɛso bɛba “akronkronfo,” adesamma a wokura wɔn mudi mu no so. Obetu akɔ “kurow a wɔdɔ no,” Yerusalem Foforo no so, te sɛ nea ɔrekɔ ɔsa, denam mmɔden a ɔbɛbɔ sɛ ɔbɛpopa trenee a wɔde asi hɔ wɔ asase so no afi hɔ no so.—Adiyisɛm 20:7-10.
15 Ɛda adi yiye sɛ, te sɛ tete no, Satan de nnaadaa ne nea ɛkanyan pɛsɛmenkominya ne ahantan su bedi dwuma de anya adesamma na wɔanni nokware amma Yehowa. Sɛ yenya hokwan tra ase saa bere no a, yɛn sɛ ankorankoro no, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn? Ɛhe na yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn koma wɔ wɔ amansan ɔsɛmpɔw no mu? Esiane sɛ saa bere no na adesamma nyinaa ayɛ pɛ nti, ade biara a nokwaredi nnim a yɛbɛyɛ no bɛyɛ nea yɛboapa na ɛde daa ɔsɛe na ɛbɛba. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi adi nokware saa bere no nti no, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebenya saa su a ɛne sɛ yɛde ntɛmpɛ ne adwempa bɛyɛ akwankyerɛ biara a Yehowa de ma yɛn no ho adwuma sɛ ɛyɛ nea ɛnam n’Asɛm anaasɛ n’ahyehyɛde no so no mprempren! Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ nokware ahofama a yɛde ma no sɛ Amansan Sodifo.
Asɛm No Mu Nti̇̃mu
● Dɛn ne ɔsɛmpɔw kɛse a ɛsɛ sɛ abɔde nyinaa hyia no? Ɛyɛɛ dɛn na yɛn ho baa mu?
● Dɛn na ɛda nsow wɔ akwan horow a mmarima ne mmea a wɔwɔ kratafa 49 no mu biara faa so kuraa ne mudi mu maa Yehowa no ho?
● Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye da biara sɛ yɛde yɛn abrabɔ bɛhyɛ Yehowa anuonyam?
[Kratafa 49 mfonini ahorow]
WOGYINAA YEHOWA TUMIDI AFÃ
Noa
Sara
Mose
Yosef
Hiob
Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi Anya Wɔn Nhwɛso No Mu Mfaso?