Nkaebɔ Ahorow
● NHOMA A YƐDE BƐMA: November: New World Translation of the Holy Scriptures ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no, ¢26. December ne January: Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa a yɛbɛma wɔakra. February: You Can Live Forever in Paradise on Earth, ¢20. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ asasesin a wɔmfaa nhyɛɛ asafo biara nsa mu adwuma no ma wɔkra Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! anaa n’abien nyinaa. Monyɛ eyi a ɛmfa ho sɛ asram bɛn mu na moreyɛ asasesin a ɛnyɛ asafo biara de mu adwuma.
● Asafo horow betumi akra 1983 Afe Nhoma no mprempren. Wɔ kratasin a mode kra no so no, monhwɛ sɛ mobɛkyerɛ dodow a ɛyɛ asafo mu adawurubɔfo de, a biako yɛ ¢8, ne dodow a ɛyɛ akwampaefo de, a biako yɛ ¢2. Akwampaefo a wofii ase ansa na July 1, 1982 reba no benya Afe Nhoma no biako kwa. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo kra nea wɔde bɛma akwampaefo a wɔfata yi kwa no wɔ Order blank—S-14, foforo so. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ da kyerɛw eyi so: NEA WƆDE MA AKWAMPAEFO KWA. Ɛdefa nea wɔkra ma adawurubɔfo, a nea wɔde ma wɔ akwampaefo bo so ka ho no ho no, ɛsɛ sɛ wode ɛho sika pɛpɛɛpɛ ka nea wɔkra no ho, sɛnea ɛte wɔ nneɛma a wɔde sika ka ho kra no ho no.
● Ɛsɛ sɛ asafo horow kra Medical Alert nkratasin mprempren ma afe a efi ase January 1, 1983 no.
● Asafo horow betumi akra 1982 Engiresi Ɔwɛn-Aban ne Awake! a wɔaka abom no mprempren. Biako ye ¢32. Ɛsɛ sɛ wɔde sika ka nea wɔkra no ho.
● Mpanyimfo bɛyɛ wɔn asram abiɛsa biara nhyiam no December mfiase hɔ. Yɛsrɛ mo, munsusuw nnansa yi ɔmansin sohwɛfo amanneɛbɔ ne gyinaesi biara a ɛretwɛn sɛ mubedi ho dwuma ho.
● November Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ yɛn kasa mu no ne nea etwa to a Kingdom Approach mu nsɛm a yɛde yɛ Asafo Nhoma Adesua no bepue mu. Eyi kyerɛ sɛ nhoma no ti a etwa to, ti 19, a wobesua December mu no, rempue wɔ yɛn kasa mu.
● Efi January, 1983 no, asafo horow besua nhoma Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye Saa nhoma yi bi wɔ Baa Dwumadibea ha wɔ Engiresi ne Twi mu. Hwɛ sɛ wowɔ bi.