Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Nnipa Ahorow Nyinaa
1 Yɛn botae atitiriw wɔ asɛnka adwuma no mu no biako ne sɛ yebekanyan wɔn a yɛkasa kyerɛ wɔn no koma. Ɔsomafo Paulo bɔɔ mmɔden kɛse wɔ eyi fam. Bible kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ ɛnyɛ nnipa pii nko na otumi boaa wɔn ma wogyee asubɔ, na mmom otumi hyehyɛɛ asafo horow pii nso.
2 Dɛn na ɛma otumi yɛɛ eyi? Wɔ 1 Korintofo 9:22, 23 no, yɛkenkan nneɛma a ɔyɛe a ɛsɛ sɛ ɛho ba yɛn mfaso no mu biako. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na . . . magye ebinom nkwa.” Ɔmaa n’asɛm no yɛɛ nea ɛfata nipa ko a ɔne no rekasa no, sɛ́ ɔyɛ Yudani, anaasɛ Amanaman muni.
3 Ohui sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ ɔbɛsakra n’asɛm no mu ma ɛne obiara ahiade ahyia. Saa kwan no so no n’atiefo de wɔn adwene bɛkɔ asɛm no so yiye. (Mmeb. 25:11) Yebetumi ama yɛn mmɔdenbɔ wɔ asɛnka adwuma no mu no atu mpɔn kɛse denam Paulo nhwɛso akyi a yebedi no so.
DI KAN SIESIE WO HO
4 Ansa na wɔbɛkɔ asɛnka no, adawurubɔfo bi di kan susuw kwan a wɔbɛfa so asakra wɔn nnianim asɛm no mu bere a wɔne mmarima, mmea, mmofra, mpanyin, Nkramofo, Protestantfo, Katolekfo, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni, adannandifo, ne ade ahyia no. Wosusuw nea wobetumi aka a ebia ofiewura no ani begye ho, a ɛrenhyɛ no abufuw sɛnea ɛmfata ho. Wosiesie wɔn ho sɛ wobebue nhoma a wɔde rema no nkratafa ahorow bi de aboa ofiewura no ma wahu sɛ nhoma no ho wɔ mfaso ampa.
5 Esiane eyi nti, ebinom ahu sɛ ɛho wɔ mfaso sɛ wobenya nhoma ahorow ahorow a nsɛm a nnipa ahorow ani begye ho wom. Nhoma ahorow te sɛ Evolution, Family Life, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Happiness, Nokware, ne afoforo ka ho. Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wode nhoma pɔtee bi bɛma bere a wuhu sɛ ekura nsɛm pɔtee bi a ofiewura no ani begye ho titiriw no.
6 Sɛ nhwɛso no, ebia na wowɔ Kingdom Come nhoma no wɔ wo bag mu, ɛwom sɛ ɔsram yi yɛde New World Translation Bible no ne Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no na ɛredi dwuma. Sɛ wiase nsɛm tebea ho asɛm haw ofiewura no a, wubetumi akɔ Kingdom Come nhoma no mu na wo ne no asusuw nsɛm a ɛfata a ɛwɔ kratafa 6 ne 7 ho. Sɛ ahaw onii no esiane sɛ Onyankopɔn ama nsɛmmɔnedi ho kwan a, yebetumi adan akɔ ti 5 na yɛde nsɛm atitiriw a wɔasi so dua wɔ kratafa 44 atifi hɔ no adi dwuma. Sɛ yɛredi mmofra adanse a, yebetumi de mfonini a ɛwɔ ti 1 mfiase hɔ no adi dwuma aka nkyekyem a edi kan no mu nsɛm.
DANNAN WO NSƐM MU
7 Bere a woredi adanse akyerɛ nnipa ahorow nyinaa no, eye sɛ wobɛhwehwɛ biribi a mo nyinaa mubetumi agye atom, na woakwati akyinnye bere biara a ɛbɛyɛ yiye. Sɛ wuhyia obi a ɔyɛ Katolek ni a, ebia wobɛpɛ sɛ wode w’asɛnka a efi Kyerɛwsɛm mu no si Mateo 6:9, 10 so, na wodan adwene kɔ “Yɛn Agya a ɔwɔ soro” mpaebɔ no so, na wode saa asɛm no di dwuma de kanyan saa nnipa no adwene. Sɛ wo ne Kramoni rebɔ nkɔmmɔ a, ɛtaa yɛ nea eye sɛ wode asɛnka a egyina Hebri Kyerɛwnsɛm no so bedi dwum, te sɛ Genesis 1:28, Dwom 37:9-11 ne Daniel 2:44. Wubehu wɔ 1 Korintofo 9:19-21 sɛ ɔsomafo Paulo susuw wɔn a ɔne wɔn kasae no su ahorow ho yiye na ɔyɛɛ nsakrae wɔ n’asɛnka no mu sɛnea ɛfata. Yɛn mmɔdenbɔ ne yɛn anigye wɔ Yehowa som mu bɛkɔ anim bere a yɛda ayamhyehye a ɛte saa ara adi wɔ wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu nnɛ no ho no.