Asemmisa Afã
● Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔde Kyerɛwsɛm mu nsemmisa kɔ Asafo ti no hɔ?
Afe biara Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Accra no nsa ka nsemmisa ɔhaha pii a ɛfa nsɛm ahorow anaa nea wɔde rebisa afotu wɔ sɛnea wobedi ɔhaw ahorow ho dwuma ho. Yɛn nsa ka eyi denam nkrataa, telefon ne nnipa no ankasa a wɔba ha so. Yɛn ani gye sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom bere a wohia mmoa. Nanso, eyi de adesoa a emu yɛ duru to adwumayɛfo no so. Nsemmisa a nsa ka no mu pii fa nsom a wɔakyerɛkyerɛ mu pefee wɔ yɛn nhoma horow no mu ho, na nsɛnnennen a wɔde ba no mu pii yɛ nea mpɛn pii mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu a wonim ɛhɔ tebea betumi adi ho dwuma yiye.—1 Pet. 1:10.
Enti yɛkamfo kyerɛ sɛ, sɛ wowɔ asemmisa bi a di kan hwehwɛ ho nsɛm wɔ Asafo nhoma horow no mu denam nsɛm ne Kyerɛwsɛm afã a ɛwɔ Watch Tower Publications Index mu no so anaa fa w’asemmisa no kɔ ɔpanyin bi a ɔwɔ w’asafo mu hɔ. Bio nso, sɛ wowɔ asɛnnennen bi a wuhia afotu a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubedi kan ahwehwɛ afotu afi w’asafo mu mpanyimfo hɔ. Sɛ mmɔden a wobɔ wɔ eyi mu no amma woannya nkyerɛkyerɛmu anaa afotu a wuhia a, ɛnde wubetumi de asɛm no aba dwumadibea ha. Yɛpɛ sɛ moyɛ eyi denam krataa a mobɛkyerɛw so na moda nsɛm no nyinaa adi pefee. Yɛsrɛ mo, mommfa telefon nnyɛ eyi gye sɛ ɛyɛ asɛm a egye ntɛmpɛ kɛse.
Ebia wobɛpɛ sɛ wokɔhwɛ Asemmisa Afa wɔ February 1975 Ahenni Som mu, sɛ wowɔ bi a, na woanya asemmisa: “Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya mmoa de adi ankorankoro nsɛnnennen ho dwuma?” no ho nsɛm foforo.