Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—A Wɔde Live Forever Nhoma Rema
1 February ne ɔsram a edi kan a yɛde You Can Live Forever in Paradise on Earth nhoma no mae wɔ asɛnka mu. Yɛn ani gyei sɛ yɛde nhoma yi redi dwuma na nokwarem, yenyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii. Yɛde nhoma fɛfɛ yi bɛma bio September mu bere a yɛka asɛmpa no kyerɛ afoforo no. Sɛ́ nea ɛbɛboa yɛn no, yɛanya Nkɔmmɔbɔ Asɛmti foforo: “So Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise?”
2 Bere a woada wo ho adi akyi no, wubetumi aka sɛ: “Migye di sɛ wubegye atom sɛ ɛte sɛnea yɛrentumi nnya anigye ankasa wɔ asase so bere tiaa bi mpo esiane ɔhaw ahorow nyinaa a yehyia, te sɛ ɔyare, onyin, ɔkɔm, nsɛmmɔnedi ne ehu nti. [Ma ofiewura kwan ma ɔnkasa.] Nanso ntease pa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wugye di sɛ ebetumi ayɛ yiye ankasa sɛ wobɛtra ase daa wɔ asomdwoe mu wɔ asase so. Nea enti a ɛte saa biako ne sɛ Onyankopɔn na ahyɛ ho bɔ. Hwɛ nea ɛka wɔ Dwom 37:29. [Kenkan nkyekyem.] Na nea ɛde awerɛhow ba a yɛbobɔɔ din no nso ɛ? Wɔ Adiyisɛm 21:4 no Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ obeyi afi hɔ. [Kenkan saa nkyekyem no.] Minim sɛ wobɛpɛ sɛ wusua ho ade pii na sɛnea ɛbɛboa wo ma woayɛ saa no, yɛde nhoma yi rema wo.” Afei fa Live Forever nhoma no kyerɛ.
3 Wunim nhoma yi mu nsɛm dedaw. Wode adi dwuma wɔ asɛnka mu na ebia wo ne obi resua. Ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wowɔ nsɛm atitiriw a ɛyɛ anigye wɔ w’adwene mu a wobɛka akyerɛ ofiewuranom bere a wode ma no. Ebia wobɛpɛ sɛ wokenkan nkyekyem 9 a ɛwɔ kratafa 10 no fa bi na afei wokyerɛ nsonsonoe a ɛda ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase ho mfonini horow a ɛwɔ nkratafa 8 ne 9, ne Paradise tebea horow a ɛwɔ nkratafa 11-13 ntam no. Sɛ bere ma kwan a wubetumi akyerɛ ti horow a wususuw sɛ saa ofiewura pɔtee no ani begye ho nsɛmti.
4 Ɔsatu ahorow a edi kan mu no, adawurubɔfo pii huu ofiewuranom a wɔkae sɛ wɔpɛ Live Forever nhoma no nanso wonni ɛho ntoboa no saa bere no. Eyinom mu binom gyee nhoma no bere a wɔsan kɔɔ wɔn hɔ bio no. Nanso ɛtɔ bere bi a yɛbɛsan akɔ no na anigye no asa, na wonnye nhoma no. Sɛnea ɛbɛyɛ a obenya biribi agyaw wɔn ma wɔakenkan wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu bere a wɔkyerɛ anigye no, ɔmansin sohwɛfo biako hui sɛ eye sɛ ɔde nhomawa Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no bɛma bere a ofiewura antumi antɔ nhoma no. Yebetumi ayɛ saa anaasɛ yebetumi de nsɛmma nhoma a aba foforo ama sɛnea ɛbɛyɛ a onipa no benya nhoma bi akenkan de akanyan anigye no ma akɔ so. Nanso yebetumi ayɛ nhyehyɛe de nhoma no asan akɔ bere a ofiewura no hwɛ kwan sɛ obetumi agye no.
5 Ampa, sɛ́ wobɛtra ase wɔ anigye mu wɔ asase so daa yɛ hokwan a ɛyɛ nwonwa a abue ama nnipakuw kɛse a wontumi nkan wɔn. (Adi. 7:9) Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa afoforo ma wɔne yɛn nya anidaso a ɛyɛ nwonwa no. Bere a yɛde Live Forever nhoma no ma wɔ asɛnka mu no, yɛpɛ sɛ eyi tra yɛn adwene mu na yɛbɔ mmɔden ne wɔn a wɔkyerɛ anigye wɔ bɔ a Yehowa hyɛ wɔn a wɔdɔ no mu yi nyinaa fi Bible adesua ase.