Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/83 kr. 3-4
  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan Na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Munsiw Ɔbonsam Kwan Na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • SIW A YEBESIW WƆN KWAN MA AYƐ YIYE
  • MONHYƐ AKODE NO
  • MONHWƐ SATAN NNƐƐDƐƐ AHOROW YIYE
  • ƆKWAN A WOBƐFA SO ADE WO HO
Yɛn Ahenni Som—1983
km 5/83 kr. 3-4

“Munsiw Ɔbonsam Kwan Na Obeguan Afi Mo Nkyɛn”

1 Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ ɔko a ɛnyɛ yɛne mogya ne honam, na mmom sɛnea Paulo ka no, ‘yɛne . . . ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.’ (Efe. 6:12) Nanso esiane sɛ yentumi nhu ahonhommɔne yi na wɔwɔ ahoɔden sen nnipa nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi ne wɔn ako, adi wɔn so nkonim?

2 Nea edi kan no, ɛho hia sɛ yehu yɛn atamfo no ne wɔn akwan ahorow no yiye. Nea ɛto so abien, ɛho hia sɛ yehu yɛn akode ahorow no. Nea ɛto so abiɛsa, ɛsɛ sɛ yehu ɔkwan a yɛbɛfa so de akode ahorow no adi dwuma yiye.

3 Asɛm a edi kan a ɛsɛ sɛ yebisa ne sɛ, So ahonhommɔne wɔ hɔ ampa, bere a yenhu wɔn no? Bible no ka eyi ho asɛm pefee. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan.” (1 Pet. 5:8, 9) Osuani Yakobo kae sɛ: “Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.” (Yak. 4:7) Yɛwɔ adanse a emu da hɔ nso wɔ Hiob kyerɛwtohɔ no mu (Hiob 1 ne 2) ne wɔ Yesu som adwuma mfiase wɔ asase so ha no mu. (Luka 4:5-8) Enti, asemmisa yi ho mmuae yɛ, Yiw! Ɔkwan biako a Satan Ɔbonsam, ahonhommɔne dɔm yi sodifo no, fa so ne sɛ ɔbɛma yɛanya adwene no sɛ ɔno anaa ahonhommɔne biara nni hɔ. Enti Petro tu yɛn fo sɛ “mo ani nna hɔ, monwɛn.”

4 Asemmisa foforo ne sɛ, So wobetumi anya nnipa so nkɛntɛnso anaa tumi? Bible no bua eyi nso pefee. Kae sɛnea bere pii wɔ Yesu som adwuma no mu no, otuu adaemone pii a na wɔanya nnipa no so tumi bɔne na wɔma wohuu amane pii no. (Mat. 8:28-32; Marko 1:32-34) Na wɔ asomafo no bere so nso, yɛkenkan nkɛntɛnso a wonyae wɔ nkurɔfo so no ho asɛm. (Aso. 16:16-18; 19:13-16) Enti, sɛ́ Kristofo a yegye Bible no di no, ɛnsɛ sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn naa wɔ wɔ a ahonhommɔne wɔ hɔ ne tumi a wɔwɔ sɛ wobenya nkurɔfo so nkɛntɛnso na wɔapira wɔn no ho.

SIW A YEBESIW WƆN KWAN MA AYƐ YIYE

5 Eyi nti na ɛsɛ sɛ yesiw ahonhommɔne dɔm no kwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma wɔn nkɛntɛnso ne tumi bɔne no ase. Nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi ma ayɛ yiye? Nea edi kan no, twe wo ho fi fekubɔ biara a wɔne wɔn nya ho. Wɔwɔ akwan pii a wɔnam so ne nnipa di nkitaho. Ɛdenam akwan ahorow yi a yebehu so no, yebetumi atwe yɛn ho afi wɔn ho. Wɔ tete Israel no, Yehowa hyɛɛ ne man no sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wɔn ho, sɛ: “Mma wonhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.” Dɛn ntia? Efisɛ eyinom ne akwan ahorow a ahonhommɔne no fa so nya nkurɔfo so nkɛntɛnso ne tumi no bi.​—Deut. 18:10-12.

6 Ɛnsɛ sɛ Kristoni ma ne ho kwan ma ahonhommɔne de no di dwuma ma ɔbɛyɛ obi a otumi de kaberɛ kyekyere afoforo anaa ɔbayifo. Esiane nea Deuteronomium 18:10-12 ka no nti, ɛnsɛ sɛ Kristoni kɔ ɔdebisafo hɔ kɔhwehwɛ nea ebia ɛno na ɛrehaw no anaa n’abusua, anaasɛ ɔkɔhwehwɛ nea ɛbɛba daakye. Obiara a ɔba bɛyɛ osumanni, te sɛ ntafoayifo, ɔbayifo, obi a ɔka nea ɛbɛba daakye, kaberɛkyerefo, anaasɛ obi a obisa ahonhommɔne hɔ ade wɔ ɔkwan biara so anaasɛ obiara a ɔde ne ho bɔ saa nnipa yi anaa ɔboa wɔn no yɛ obi a Yehowa kyi no na ɔbɛsɛe no wɔ ɔkwan biara so.​—Gal. 5:19-21; Adi. 22:15; 21:8.

7 Wɔ ahyɛde a efi Yehowa hɔ wɔ Deuteronomium 18:10-12 yi mu no, ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne ahonhommɔne no nya nkitahodi biara. Enti ɛyɛ akyide wɔ Yehowa ani so sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi wɔn hɔ, sɛ́ ɛdenam ayaresa anaa ahobammɔ so, anaasɛ wobɛpɛ sɛ wuhu nea ɛbɛba daakye denam dae ahorow asekyerɛ, nsoromma mu hwɛ, ne nea ɛtete saa so.

8 Ɛsɛ sɛ Kristoni hwɛ yiye bere a ɔyare na ɔhwehwɛ ayaresa no, sɛ nhwɛso no, wɔ yare bi a aduyɛ mu nyansahu ntumi nhu nea ɛde yare no aba na ɔkɔ odunsini bi hɔ no. Sɛ obisa sɛ wɔmfa aboa bi ho biribi, nserewa, ɔbosomaketew, akyekyere anaa nneɛma foforo bi a ɛte saa mmra na ɔmfa nyɛ aduru a, so eyi ankasa betumi asa wo yare? Ɛtɔ bere bi a ebia odunsini no bɛka sɛ ahonhom a aniwa nhu wɔn na ɛde yare no aba, enti na ɔrebisa saa nneɛma yi. Nanso so saa nneɛma yi ankasa betumi asiw ahonhommɔne ano? Odunsini no ankasa nni ahonhommɔne no so tumi na saa ara na nneɛma ahorow a ɔrebisa no nso te. Esiane sɛ ebehia sɛ odi ahonhommɔne no so nti, ɛhe na wususuw sɛ obenya mmoa no afi? Ampa, efi ahonhommɔne no hɔ. Enti, nneɛma a ɔrebisa no ne nea ɔnam so ne ahonhommɔne no di nkitaho. Anaa, ebia ɔbɛka sɛ ɔbɛma wo kawa bi, ahene bi anaasɛ biribi foforo bi a wode bɛto wo kɔn mu anaa wo ho baabi anaasɛ wo dan mu anaa baabi foforo na apam ahonhommɔne. So nneɛma a ɛte sɛɛ betumi anya tumi bi wɔ honhom abɔde a wɔwɔ ahoɔden sen nnipa so? Dabi! Saa nneɛma yi yɛ nea obi a ɔde di dwuma no nam so ne ahonhommɔne di nkitaho.

9 Ɛyɛ nea ɛne Kyerɛwsɛm nhyia sɛ Kristoni begye aduru anaa biribi afi obi a ɔne adaemone di nkitaho hɔ sɛ nea ɔnam so bɔ ne ho ban fi ahonhommɔne ho. Ɛyɛ nea nyansa nnim nso sɛ obegye akyɛde bi afi obi a ɔne adaemone di nkitaho hɔ. Ebia eyi bɛma wo ne adaemone adi nkitaho.

MONHYƐ AKODE NO

10 Afei, ɔkwan bɛn so na yebetumi asiw ahonhommɔne dɔm yi kwan ma ayɛ yiye? Yebetumi ayɛ saa denam ‘Onyankopɔn akode no nyinaa a yɛbɛhyɛ’ no so. Wɔde nneɛma ahorow a ɛka bom yɛ akode no nyinaa ama wɔ Efesofo 6:14-18: “Enti munnyina hɔ, momfa NOKWARE nkyekyere mo asen, na monhyɛ TRENEE nkatabo, na momfa ASOMDWOE ASƐMPA no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan; na ne nyinaa akyi no, munkura GYIDI kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa, na momfa NKWAGYE dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne ONYANKOPƆN ASƐM, na . . . mommɔ MPAE daa.”

11 Enti bere a yɛahyɛ akode no nyinaa no, ɛnsɛ sɛ yɛma ahonhommɔne no wɔ a wɔwɔ hɔ ne tumi a wɔwɔ no yi yɛn hu. Wɔ nea ebia wobetumi ayɛ biara, kosi owu mu mpo no, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ wɔn ase anaasɛ yɛne wɔn yɛ adwene wɔ ɔkwan biara so. Yɛyɛ atamfo, na gyae a yebegyae mu biara bɛkyerɛ nkogu a yɛadi. Kae Hiob. Wampa abaw da.​—Hiob 2:6-9; 27:5.

12 Bere a yɛne ahonhommɔne dɔm yi redi ako no, ɛsɛ sɛ yɛde honhom mu akode no di dwuma yiye de bɔ yɛn ho ban na yɛde ako atia ɔtamfo no. Ɛsɛ sɛ yɛde “gyidi kyɛm” no di dwuma de dum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw a ɔde akyerɛ yɛn so sɛ ɔde rebɛsɛe yɛn no nyinaa. Na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi? Ɛdenam suro a yɛrensuro ahonhommɔne no na mmom yɛanya gyidi sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ a ɔne ahonhommɔne a wɔhaw yɛn no bedi no so. Ntie nsusuwii anaa adwene biara a efi ahonhommɔne adwumayɛmafo a ɛte sɛnea wɔpɛ sɛ wɔboa wo hɔ, te sɛ biribi a wɔbɛma wo na wode abɔ wo ho ban wɔ ahonhommɔne ho anaa nea wode bɛsa yare bi a wosusuw sɛ aba wo so denam ahonhommɔne no tumi so no. Kae, “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo.”​—2 Kor. 11:14.

MONHWƐ SATAN NNƐƐDƐƐ AHOROW YIYE

13 Ɛtɔ bere bi a, Satan ma nnipa a wokura adwemmɔne hyɛn yɛn mu sɛ wommeyi yɛn hu na wɔnsɛe biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no sɛnea ɛbɛyɛ a obenya binom ma wɔaba ne nkɛntɛnso ne ne tumi ase. (1 Pet. 5:8) Ebia wɔbɛma nsusuwii bɔne akɔ so wɔ anuanom mu denam ka a wɔbɛka sɛ onipa yi anaa oyi yɛ ɔbayifo anaa biribi foforo no so. Sɛ nhwɛso no, saafo no bi aka sɛ obiara a ɔda wɔ nhyiam horow ase no yɛ ɔbayifo. Eyi atrɛw akɔ asafo ahorow kakra mu wɔ ɔman yi mu na ahaw adwene ankasa.

14 Ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobegye adi sɛ obi yɛ ɔbayifo esiane sɛ ɔda wɔ nhyiam horow ase esiane ɔbrɛ anaa tebea foforo bi ara kwa nti. Ɛnsɛ sɛ Kristoni nya adwene a ɛte sɛɛ a ɛbɛma wanya adwene a ɛnteɛ wɔ ne yɔnko Kristoni ho. Yegye yɛn nuanom mmarima ne mmea no di kosi bere a nokwasɛm ahorow ne adanse bɛda adi sɛ wadan afi nokware kwan no so. (1 Kor. 13:4-8; 1 Pet. 4:8) Yegye akwankyerɛ fi Onyankopɔn Asɛm no mu na ɛnyɛ nnipa a wɔn ankasa ka sɛ wɔwɔ honhom ahorow bi hɔ. Ɛyɛ nea ɛne Kyerɛwsɛm nhyia sɛ yebegye nsɛm a efi nnipa a wɔte sɛɛ hɔ no atom bere a yennyaa ho adanse foforo biara a efi adansefo baanu anaa baasa a wobetumi agye wɔn adi hɔ wɔ ahonhonsɛmdi ho adeyɛ bi a ɛda adi pefee ho sɛ nea wogyina so ka sɛ onua anaa onuawa bi yɛ ahonhonsɛmdifo no.​—2 Kor. 13:1.

ƆKWAN A WOBƐFA SO ADE WO HO

15 Nanso dɛn, sɛ woba ahonhommɔne ntoa, nkɛntɛnso anaa tumi ase, sɛ ebia ɔbayifo anaa nea ɛtete saa a woaba abɛyɛ, nso ɛ? Tetew wo ho! Nanso ɔkwan bɛn so? Nea edi kan no, guan kɔ Yehowa hɔ wɔ mpaebɔ mu kɔhwehwɛ guankɔbea ne ahobammɔ, na bɔ ne din. (Dw. 118:5-9; Mmeb. 18:10) Afei, hu mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no na wɔmmoa wo, na ka biribiara a ɛfa ahonhom yi nkɛntɛnso nka a wote ho asɛm kyerɛ wɔn pefee. Afei hwehwɛ biribiara a wɔnam so ba a ebia ɛwɔ wo nkyɛn, sɛ́ ɛwɔ wo ho anaa wo fi anaa wo dan mu, na fa ogya hyew no, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Afei nso, wo ne nnipa a wɔwɔ ahonhom bi a ɛte sɛɛ nnyae nkitahodi biara a ebia mowɔ.

16 Wɔ asomafo no bere so no, wɔn a na wɔne ahonhommɔne wɔ nkitahodi no hyew wɔn nhoma horow, nea wɔne wɔn de di nkitaho no, na wonyaa ahotɔ. (Aso. 19:18, 19) Saa nso na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ ahonhommɔne nkɛntɛnso ase na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho no hyew nneɛma ahorow a wɔne wɔn de di nkitaho no. Afei fa honhom mu akode a “honhom mu nkrante” no ka ho di dwuma, ɛno kyerɛ, Onyankopɔn Asɛm no a wubesua na wode adi dwuma wɔ ahonhommɔne a wubesiw wɔn ano no mu, bere a wode “mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa” bɔ Yehowa Nyankopɔn “mpae daa” no.​—Efe. 6:18.

17 Bere a yenim sɛ nnansa yi ara, wɔ “ahohiahia kɛse” no mu no, wɔbɛsɛe wɔn a wɔne ahonhommɔne wɔ nkitahodi biara nyinaa no, ɛyɛ nea ɛho hia yiye na egye ntɛmpɛ sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi wɔn ho, asɔre atia ahonhommɔne no na yɛako atia wɔn.​—Adi. 18:1-5.

18 Fa wo ho fam Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho kɛse na ma wo ne ne nkurɔfo fekubɔ no nyɛ nea ɛho tew. Hyɛ wo honhom mu akode no bere nyinaa, na fa wo ho to Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no so daa. Bere a woyɛ saa no, wubedi nkinom.​—Dw. 91:1-8. Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya eyi ho nsɛm foforo no, hwɛ Happiness​—How to Find It, nkratafa 121-130; afei nso January 15, 1983, Engiresi Ɔwɛn-Aban nkratafa 18-27.

19 Sɛ́ nea ɛbɛboa yɛn bio ma yɛatwe yɛn ho afi Ɔbonsam ne ahonhommɔne dɔm no ho no, Sodikuw no apene so sɛ yensua Ahonhom a Aniwa Nhu Wɔn nhomawa no wɔ June ne July, 1983 mu. Munsua no yiye na abɔ mo ho ban na asiesie mo ama ɔko a wɔde tia ahonhommɔne dɔm no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena