Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/83 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 4
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 11
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 18
  • DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 25
  • DAPƐN A EFI ASE JANUARY 1
Yɛn Ahenni Som—1983
km 12/83 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 4

Dwom 28

10 min: Asemmisa Afã ne Nkaebɔ Ahorow. Hyɛ mmusua horow nyinaa nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda, December 10.

18 min: “Onyankopɔn Ahenni Akyigyinafo a Wɔyɛ Biako.” Nsemmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyem 4 ne 5 ho a, hyɛ asafo no nkuran ma wɔnka osuahu ahorow a wɔn ankasa anya afi adansedi a wɔhyɛ da kɔ ne bɔnnɔ so adansedi mu bere a wɔkɔ nhyiam akɛse no nkyerɛ.

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nsɛmma Nhomakra So.” Nsemmisa ne mmuae ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Ma onua a ne ho akokwaw nkenkan nkyekyem ahorow a woapaw. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a wɔasiesie no yiye biako anaa abien a wɔde Nkɔmmɔbɔ Asɛmti “So Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise?” no redi dwuma. Kyerɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma mu asɛm tõa Asɛmti no mu na afei wɔaka nsɛmma nhomakra ho asɛm. Ma bere ma atiefo nka ɔyɛkyerɛ ahorow no ho asɛm.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 11

Eyi yɛ “Ahenni Biakoyɛ” ɔmantam Nhyiam dapɛn.

Nkaebɔ Titiriw: Dapɛn a efi ase January 1 nhyiam no yɛ nea wɔde ne nyinaa bɛyɛ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam dwumadi no mu ntimu. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani yɛ dwumadi no ho nhyehyɛe ntɛm na ama wɔatumi asiesie wɔn ho yiye.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 18

Dwom 38

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Kae asafo no ma mmusua ahorow nsiesie wɔn ho na wɔmfa wɔn ho nhyɛ nsɛmma nhoma dwumadi mu Memeneda a ɛto so anan dapɛn awiei yi.

17 min: “‘. . . Ɛbɛyɛ Dɛn na Wɔbɛte?’” Nsemmisa ne mmuae. Ma bere ma wɔmfa nkenkan kyerɛw nsɛm atitiriw ne nkyekyem ahorow a woapaw na munsusuw ho.

20 min: Munsusuw asɛm a ɛwɔ Organized to Accomplish Our Ministry nhoma no mu ho mfi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 8 no so nkosi ti no awiei wɔ kratafa 12. Nsemmisa ne mmuae.

Dwom 31 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE DECEMBER 25

Dwom 97

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ mmusua horow nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn yi mu (a afie afie dwumadi wɔ January 1 ka ho) efisɛ adwumayɛfo pii renkɔ adwuma dapɛn no.

15 min: Yɛn Nsɛmma Nhoma Horow no a Yɛde Bedi Dwuma Yiye. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa nsɛmma nhoma a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a asafo no de ma ɔsram biara toto nsɛmma nhoma dodow a mokra no ho. So nsɛmma nhoma abebu so wɔ asafo no mu anaasɛ wɔ fie? Munsusuw nneɛma ahorow a ama aba saa no ho: hia a ɛho hia sɛ wosusuw dodow a wɔkra no ho, gye a adawurubɔfo mmegye nsɛmma nhoma no, adwempa a wonnya wɔ nsɛmma nhoma bo a akɔ soro no ho, ne ade (hwɛ asɛm “Nsɛm a Yɛka wɔ Nsɛmma Nhoma Da” no nkyekyem 1 wɔ November, 1983 Yɛn Ahenni Som no kratafa 1) . Si hia a ɛho hia sɛ obiara kɔ asɛnka daa na wofi anigye ne adwempa mu de nsɛmma nhoma ma wɔ ɔpon biara ano so dua.

12 min: Siesie Wo Ho sɛ Wobɛma Mmuae. Munsusuw nsɛm a wɔtaa hyia wɔ asɛnka mu ho na yɛ ho ɔyɛkyerɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdan yɛn wɔ yɛn atirimpɔw a ɛne nokware asɛm a ɛma nkwa a yɛbɛka akyerɛ no mu. Bere a woatie atiefo nsɛm akyi no, yɛ nyansahyɛ ahorow a eye ho ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye. Fa osuahu ntiantia a ɛfa nneɛma pa a efi nsɛm yi a wodi so nkonim mu ba ho ka ho.

13 min: “Nsiesiei Pa a Ɛkyɛn So.” Nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a nhoma adesua sohwɛfo ne ne boafo bɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho yiye mma adesua no nyinaa na wɔmmra daa. Hyɛ asafo nkuran ma wɔnto nsa mfrɛ anigyefo afoforo. Fa nyansahyɛ ahorow a efi School Guidebook kratafa 36, nkyekyem 11 mu nsɛm ka ho tiaa.

Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie

DAPƐN A EFI ASE JANUARY 1

Dwom 85

5 min: Asafo mu nkaebɔ. Adekyee mu asɛm ho nkɔmmɔbɔ tiaa ne Afe Nhoma mu asɛm.

40 min: “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam mu nsɛm mu ntimu, mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.

Dwom 110 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena