Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Nsɛntitiriw A Yɛbɛma Ada Adi So
1 “Ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo,” saa na Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo no. (Heb. 5:12) Ɛno yɛ nokware saa ara nnɛ, bere a ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a Yesu de mae no rebɛn n’awiei no. Ade biako a ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ akyerɛkyerɛfo a wɔn ho akokwaw kɛse ne ntease ankasa wɔ nea yɛkenkan na yɛde kyerɛkyerɛ afoforo no mu. Eyi fa nhoma mũ a moresua no nyinaa ne ti pɔtee bi ne nkyekyem ahorow a ɛwom no ho.
2 Nhoma asɛmti da asɛntitiriw bi a wɔreka ho asɛm adi. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo rekyerɛkyerɛ wɔ saa nhoma no mu a, ɛsɛ sɛ osua sɛ ɔde ti biara asɛmti no bɛtoto nhoma no asɛmti no ho. Boa osuani no ma onhu abusuabɔ a ɛda abien no ntam. Mpɛn pii biribi a wɔaka ho asɛm wɔ ti pɔtee bi mu kyerɛkyerɛ asɛm no nyinaa fã pɔtee bi mu anaasɛ ɛka ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ti a ese “Tra a Mo ne Mo Ho Mo Ho Bɛtra wɔ Ɔdɔ Mu” ne “Abusua Asetra a Wɔbɛma Ayɛ Yiye” no boa osuani no ma ohu nea wɔhwehwɛ ansa na watumi atra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.
3 Nsɛmti nketewa a ɛwɔ asɛm anaa ti bi mu boa ma nsɛntitiriw da adi. Nkyekyem biara a ɛwɔ ti bi ase fa ti no asɛmti ho wɔ ɔkwan bi so. Sua sɛ wobɛhwehwɛ asɛm pɔtee a ɛwɔ nkyekyem biara mu a ɛfa asɛmti no ho kɛse. Eyi na ɛbɛyɛ asɛntitiriw a wobɛpɛ sɛ ɛka osuani no adwene mu bere a worekyerɛkyerɛ no. Hwɛ asɛmti ketewa a ɛwɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma mu, kratafa 120, nkyekyem 4 ne 5 a edidi so no.
4 Sɛ worekyerɛkyerɛ afi nhoma a nsemmisa ka ho mu a, mpɛn pii wubehu sɛ wunya mmuae no wɔ asɛntiaa biako, ne ɛtɔ bere bi a wɔ asɛmfua biako mu. Kyerɛ osuani no ma ontwa saa asɛmfua anaa asɛntiaa biako no nkutoo ase. Eyi ye wɔ nneɛma pii mu. Obetumi ahu mmuae no ntɛm ara a ɛho nhia sɛ ɔsan kenkan nkyekyem no fã bi pii bio. Hyɛ no nkuran ma ɔmma mmuae wɔ n’ankasa kasa mu sen sɛ ɔbɛkenkan afã atenten bi a ebia watwitwa ase. Ɛdenam nsɛmfua kakraa bi a watwitwa ase a ɔbɛhwɛ so no, obetumi anya nea asɛm no fa ho nyinaa ho adwene bi ntɛm ara.
5 Nea ɛsom bo titiriw ma ɔkyerɛkyerɛfo ne osuani no nyinaa ne afã bi a wɔahyɛ da akyeakyea nkyerɛwee no, a esi nsɛmfua ne nsɛm atitiriw so dua wɔ nkyekyem anaa kyerɛw nsɛm mu afã atitiriw mu no. Hwɛ sɛ osuani no te nea wɔde nsɛm a wɔakyeakyea no no rekyerɛ no ase. Eyi bɛboa no bere a ɔrekyerɛkyerɛ ne gyidi mu akyerɛ afoforo no.
6 Sɛ́ obi rekyerɛkyerɛ sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo, Nhoma Adesua sohwɛfo anaa ɔreyɛ ofie Bible adesua, anaa nso sɛ́ ɔrekyerɛkyerɛ mmofra no, Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛyɛ asuafo, na yɛkyerɛkyerɛ wɔn.’ (Mat. 28:19, 20) Saa asɛm a ɛfa nsɛntitiriw ho yi yɛ nea obetumi de adi dwuma. Sɛ́ yebesua sɛ yɛbɛma nsɛntitiriw ada adi no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa adwuma no.