Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a yɛde bɛma: August ne September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. October: Happiness—How to Find It wɔ Engiresi mu ne Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye wɔ Twi mu.
● Literature Inventory: Yɛde nkratasin a wɔde bu nhoma ho akontaa amana asafo ahorow no. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo hwɛ sɛ wɔbɛyɛ eyi September 1 na wɔde nkratasin a wɔahyehyɛ no biako amana Asafo ti no ntɛm ara. Ebia eyi a morenyɛ no remma mo nsa nka nhoma a moakra no.
● Nhoma Bo Nsakrae: Ɛdefi September 1, 1984 no, yebenya nhoma bo foforo. Yɛde nhoma bo foforo nkratasin no bi remana asafo biara. Wobegyina asafo ahorow September 1, nhoma akontaabu no so abu bo dedaw ne foforo no ho akontaa.
● Asɛnka Adwuma Akontaabu: Eyi ne ɔsram a etwa to wɔ ɔsom afe no mu. Hwɛ sɛ wubenya asɛnka adwuma mu kyɛfa na wode w’akontaabu aba ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ akyerɛwfo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn asafo akontaabu bɛmana ansa na Yawda, September 6 adu.
● Dodow a wɔbaa Nkaedi ase: 104,151
● Wɔn a wodii bi: 14