Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
(MONHYƐ NO NSOW: Nnwom no nyinaa fi 1966 nnwom nhoma no mu.)
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 5
8 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a ɛfata ne asafo mu de. Fa nyansahyɛ ntiantia ma a ɛfa sɛnea wɔde nsɛmma nhoma a aba foforo ma ho. Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ nsɛmma nhoma adwuma mu dapɛn yi awiei ho nkuran. Kae atiefo ma wɔmfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam.
15 min: “Monkɔ So Nhwɛ Kristofo Ade a Wɔde Ahyɛ Yɛn Nsa no So.” Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Bisa anuanom nea enti a wɔte nka sɛ (1) nokware no, ne (2) ɔsom adwuma no, yɛ ade pa a wɔde ahyɛ yɛn nsa.
17 min: “Yɛn Nkyerɛkyerɛ a Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Mfatoho a Yɛde Bedi Dwuma Yiye So.” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Wobetumi adi nkyekyem 4-6 ho dwuma sɛ Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo ne ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw ntam nkɔmmɔbɔ a wɔda School Guidebook, Adesua 34 mu nsɛm adi. Ɛsɛ sɛ wɔde nsɛm no di dwuma wɔ Bible adesua mu nkyerɛkyerɛ ahorow mu wɔ Wubetumi Atra Ase Daa ne United in Worship nhoma mu.
Dwom 51 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 12
8 min: Asafo mu nkaebɔ.
22 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Bere a Woanya Adwuma mu Akwamma.” Nsemmisa ne mmuae Bisabisa binom ma wɔnka sɛnea wofi nkɔmmɔbɔ ase wɔ bɔnnɔ so adansedi mu ne sɛnea wɔde anidahɔ di abusuafo adanse nkyerɛ. Ma wɔnka osuahu ahorow a ɛfa nneɛma pa a afi wɔn a wonni fie nkyɛn a wɔsan kɔ ne sankɔhwɛyɛ mu aba nkyerɛ, sɛnea bere ma kwan.
15 min: Organized to Accomplish Our Ministry, efi ti 8 mfiase, kratafa 81, kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 87 so. Ɔkasa a ɛyɛ anigye a ɔpanyin a ne ho akokwaw ma. Si hia a ɛho hia sɛ yebeyi Yesu su wɔ asɛnka adwuma ho adi so dua. Twe adwene si nsɛm a ɛwɔ kratafa 83 nkyekyem 2 so titiriw. Ma atiefo nsan mfa Our Ministry nhoma mmra dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam.
Dwom 110 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 19
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Afei nso ɔpanyin ma ɔkasa a ɛfa “Bere a Yɛn Koma Ka Yɛn sɛ Yɛnyɛ Nea Yebetumi Nyinaa” mu nsɛm a ɛwɔ December 1, 1983 Ɔwɛn-Aban mu, nkratafa 20 kosi 23 ho. Fa asafo sika akontaabu ka ho.
15 min: “Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di ho dwuma, ebetumi a momfa mma Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo a onim ɔkyerɛkyerɛ. Fa adesua so ahwɛfo baanu a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ ho a wodi kan siesie ne kyerɛw nsɛm ahorow a wɔkenkan ho nkuran nkɔmmɔbɔ tiaa ka ho. Ma atiefo nnya Our Ministry nhoma, nkratafa 74-6 nkɔmmɔbɔ mu kyɛfa.
15 min: “Ɔsom Adwuma a Wɔyɛ Bere Nyinaa De Nhyira Ba.” Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɛbɛboa obiara ma ɔde ne ho ahyɛ asɛnka mu. Si kyerɛwsɛm mu asɛyɛde a Yehowa nkurɔfo nyinaa wɔ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ ɔsom adwuma mu bere nyinaa so dua. Ma atiefo nka nea enti a wohu sɛ ɛho hia sɛ wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa bere nyinaa, ne nhyehyɛe pa a wɔayɛ a ɛma wɔyɛ saa, nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wommu asɛnka adwuma ho akontaa August awiei na wɔde aka 1984 ɔsom afe akontaabu a etwa to no ho.
Dwom 23 ne mpaebɔ a wɔde wie.
DAPƐN A EFI ASE AUGUST 26
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
30 min: Muntĩ “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam dwumadi mu nsɛm mu. Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe. Momfa nhyehyɛ anuanom nsa ansa na moakɔ nhyiam. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔrekɔ nhyiam wɔ Koforidua ne Cape Coast di eyi ho dwuma September mu.
10 min: Hyɛ ho a wɔde bɛhyɛ afie afie adwuma mu Kwasida, September 2 a nea yɛde rema mprempren no ka ho ho nkuran. Ka mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti ho asɛm tiaa a nhoma a yɛde rema mu nsɛntitiriw a ɛfata ka ho.
Dwom 105 ne mpaebɔ a wɔde wie.