Ɔsom Adwuma A Wɔyɛ Bere Nyinaa De Nhyira Ba
1 Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi yɛn honam fam yiyedi ho dwuma. Sɛ yebu yɛn ani gu eyinom so a, ɛde ɔhaw ahorow pii ba. Saa ara na sɛ yɛanni yɛn honhom fam ahiade horow ho dwuma bere nyinaa a, yɛn gyidi betumi ayɛ mmerɛw na yebetumi ayɛ nnipa a wɔmfa wɔn ho nhyɛ yɛn teokrase dwumadi no mu bere nyinaa. So yɛkɔ nhyiam horow bere nyinaa na yekura kokoam adesua nhyehyɛe a ɛma yɛyɛ den honhom mu na esiesie yɛn ma yɛyɛ asɛmpa no ho asomfo pa mu? (2 Tim. 3:16, 17; 2 Kor. 3:5, 6) So yɛyɛ nhyehyɛe pa ma yenya asɛnka adwuma mu kyɛfa bere nyinaa?
2 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Monka ne nkwagye da biara da.” (Dw. 96:2) Ebia yɛn mu pii rennya asɛnka adwuma no mu kyɛfa da biara de, nanso so ɛrenyɛ nea eye sɛ yɛbɛyɛ bere nhyehyɛe bi ama ɔsom adwuma no dapɛn biara sɛnea ebetumi? Ɛwom, Paulo hui sɛ ‘etwa sɛ ɔka asɛmpa no’ na ɔde ahoɔden nyinaa kaa Ahenni ho asɛmpa no. (1 Kor. 9:16; Rom. 1:15) So yɛn nso yemmu ɔsom adwuma no mu kyɛfa a yebenya dapɛn biara sɛ etwa sɛ yɛyɛ, ne sɛ ɛyɛ hokwan kɛse? So yɛte nka te sɛ Petro ne Yohane a wɔkaa no anibere so sɛ, “Yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate” no?—Aso. 4:20.
3 Esiane nneɛma ahorow nti yɛn nuanom binom ama asram bi atwam a wɔamfa dɔnhwerew biako mpo anyɛ asɛnka adwuma. Eyi yɛ nea ɛhaw, efisɛ ɛyɛ yɛn gyidi adi a yɛbɛda denam asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ afoforo no so nkutoo na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya honhom mu ahoɔden. (Rom. 10:9, 10) Sɛnea nipadua hia adwumayɛ bere nyinaa na akɔ so anya ahoɔden no, saa ara na ɛho hia sɛ yɛda yɛn gyidi adi na akɔ so ayɛ den. Sɛ yɛkɔ so ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo a, yɛma nokware no ase tim kɛse wɔ yɛn komam.
4 Ade foforo nso nti a ɛsɛ sɛ yɛda yɛn gyidi adi baguam bere nyinaa ne sɛ ɛyɛ ahobammɔ, ɛban a yɛde siw Satan mmɔden a ɔkɔ so bɔ sɛ ɔde ne mɛmma a ɛredɛw no behwirow yɛn honhom mu akode no mu ano. (Efe. 6:16) Akode a wɔmfa nni dwuma na wɔnhwɛ no yiye betumi awe nkannare na ɛrentumi mmɔ obi ho ban bio. Bere a wakyerɛ akode a ɛbɔ yɛn ho ban no akyi no, Paulo se: “Momfa . . . honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm.” (Efe. 6:17) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi yɛ nea ɛremma ontumi yɛn—honhom fam ahobammɔ akode ne honhom mu nkrante.
5 Asafo biara fi ɔdɔ mu bɔ mmɔden sɛ ɛde mmoa bɛma wɔn a esiane nneɛma ahorow nti wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka adwuma mu bere nyinaa no. (Efe. 4:11-15) Ɛsɛ sɛ ɔsram biara asafo ɔkyerɛwfo de wɔn a wɔwɔ nhoma adesua kuw bi mu a wommuu asɛnka adwuma ho akontaa din ma kuw no so hwɛfo. Nhoma adesua so ahwɛfo bɛyɛ wɔn fam de denam ma a wɔbɛma wɔn ani aku eyinom honhom fam ahiade ho titiriw, de wɔn ho ama sɛ wɔbɛboa wɔn wɔ ɔsom adwuma no mu anaasɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma obi foforo ayɛ saa no so. Na, ampa, ɔsom adwuma sohwɛfo a ɔyɛ adwuma denam nhoma adesua so ahwɛfo no so no, bedi anim wɔ mmoa a wɔde ma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔnkɔ asɛnka bere nyinaa wɔ asafo no mu no dodow bɛkɔ fam no mu. Mommma yɛn werɛ mfi sɛ yɛn mu biara wɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ yebenya kyɛfa wɔ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu bere nyinaa.—Fa toto Dwom 61:8 ho.
6 Sɛ yekura nhyehyɛe a ɛma yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa bere nyinaa mu a yenya nhyira pii. Nneɛma pa befi mu aba efisɛ asɛnka adwuma a yɛyɛ no daa boa ma yɛn ho kokwaw wɔ asɛm a yɛka kyerɛ no mu. Anigye a eyi de ba no ma yenya ɔpɛ sɛ yebedu hokwan afoforo ho. Ebia woyɛ obi a obetumi ayɛ akwampaefo boafo na bere a ɛsɛ mu no wayɛ daa ɔkwampaefo. Wɔ bere a ɛsɛ mu no ebia wɔbɛto nsa afrɛ anuanom mmarima a wonya asɛnka adwuma mu kyɛfa kɛse ɔsram biara no ma wɔaso asɛyɛde afoforo mu wɔ asafo no mu. Ampa, asɛnka adwuma a wɔyɛ bere nyinaa de nhyira ba.—Aso. 20:35; Mat. 24:13.