Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den
1 Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ, “Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyee mma.” Ɔka kyerɛ yɛn bio sɛ yɛnwɛn, yɛmma yɛn ani nna hɔ, na yɛnkɔ so nhyɛ yɛn akode no. Dɛn ntia? “Efisɛ Onyankopɔn [yii] yɛn sɛ Awurade Yesu Kristo nti yemmenya nkwagye. Enti obiara mpia ne yɔnko, sɛ moreyɛ no.” (1 Tes. 5:5-11) Yɛte bere a mpofirim ɔsɛe bɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so mu. Enti yɛwɔ ntease pa a ɛsɛ sɛ ɛma yɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
DENAM ASƐNKA MU KYƐFA A YEBENYA SO
2 Ɔkwan biako ne sɛ yɛne anuanom ahorow ahorow bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Ɛho hia sɛ yehu yɛn ho yɛn ho yiye. Asɛnka adwuma a mobɛbom ayɛ no ma munya hokwan fɛfɛ ka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran kyerɛ mo ho mo ho. Afei nso, ebetumi ama yɛaboa yɛn ho yɛn ho ma yɛayɛ ɔsom adwuma no. Enti bere a yɛredi yɛn asɛyɛde titiriw a ɛne asɛm a yɛbɛka na yɛayɛ asuafo no ho dwuma no, ebetumi ayɛ nea yɛde rehyɛ yɛn nuanom den nso. (Mal. 3:16; Mat, 28:19, 20) Dɛn nti na wonyɛ nhyehyɛe mprempren ara sɛ wo ne obi a ebia wo ne no nyɛɛ adwuma nnansa yi bɛyɛ adwuma?
DENAM NHWƐSO SO
3 Ɔsomafo Paulo hui sɛ ne nhwɛso pa no nyaa afoforo so tumi na ɛma ɔbɛyɛɛ nkuranhyɛ fibea kɛse maa ne nuanom. (Fil. 1:13, 14) Bere a yɛyɛ nhwɛso pa wɔ nneɛma nketewa mpo mu no, enya tumi a ɛte saa ara. Sɛ nhwɛso no, so wo ne mo kuw no hyia bere nyinaa bere a wunya asɛnka mu kyɛfa no? So wusiesie wo ho yiye a woakenkan nhoma ahorow a wode bɛma no? So wususuw ɔkwan a wobɛfa so de ama no ho yiye? Saa a wobɛyɛ no bɛyɛ nhwɛso pa ama afoforo na ɛbɛma w’asɛm no atu mpɔn kɛse nso.
AFOFOROFO, WƆN A WƆNKƆ ASƐNKA DAA, NE WƆN A WOAGYAE ASƐNKA KƆ
4 Sɛnea ebia wobɛkae no, afoforofo ne ebinom a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ pii baa Nkaedi no ase April mu. Eyinom hia mmoa ne nkuranhyɛ na ama wɔne yɛn abɔ bere nyinaa na wɔatumi anya honhom mu ahoɔden a ehia.—Heb. 10:24, 25.
5 Na afoforo a ebia wɔnkɔ asɛnka daa anaasɛ wɔntaa mma adesua no nso ɛ? So ebia ɔhaw ahorow a wɔrehyia ama wɔn aba mu abu? So wubetumi ato nsa afrɛ onipa a ɔte sɛɛ ma ɔne wo ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu anaasɛ waka wo ho wɔ Bible adesua yɛ mu? So wubetumi de onipa yi aka asafo dwumadi afoforo ho? Mpɛn pii nsɛm a ɛda ayamye ne ntease adi a wɔka wɔ ne bere mu ara ne nea ehia na aboa wɔn a wɔn aba mu abu no.—Mmeb. 25:11.
6 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛkɔ so ahyɛ yɛn honhom mu akode no na yɛaboa yɛn nuanom ma wɔayɛ saa no, na yɛretie ɔsomafo Paulo afotu a ese ‘yɛmmoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw’ no, na yebehu sɛ Kristo asɛm no abam wɔ yɛn ho sɛ “ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Aso. 20:35.