Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/80 kr. 1-3
  • Momma Yɛmmoa Yɛn Ho Yɛn Ho Na Yɛnsom Daa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momma Yɛmmoa Yɛn Ho Yɛn Ho Na Yɛnsom Daa
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monnodɔ Mo Ho Mo Ho”
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Monkɔ So Nhyɛ Mo Ho Mo Ho Den
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Kɔ Asɛnka Daa
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ɔsom Adwuma A Wɔyɛ Bere Nyinaa De Nhyira Ba
    Yɛn Ahenni Som—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 1/80 kr. 1-3

Momma Yɛmmoa Yɛn Ho Yɛn Ho Na Yɛnsom Daa

1 Asɛnka adwuma a obi yɛ daa no yɛ honhom mu ahoɔden ho sɛnkyerɛnne. Nanso, sɛ obi yare a ne nhyehyɛe yɛ basaa, ontumi nyɛ nneɛma a ɔyɛ, na mmoa ho hia.

2 Yehowa yɛ nhwɛso pa wɔ ne dwumadi ahorow mu kyɛfa daa a onya ho. Ɔma yɛn honhom fam ne honam fam nneɛma a ɛho hia daa. (Adi. 22:2; Mat. 6:11) Nkwa mu a yɛwɔ no ankasa gyina nneɛma a ɛkɔ so daa wɔ n’adebɔ mu so, na ɛwom sɛ yɛmfata de, nanso ne werɛ mfi yɛn, na mmom oyi ɔdɔ adi kyerɛ yɛn daa.​—Yak. 1:17.

3 Yɛn ani sɔ nneɛma a ɛho wɔ mfaso a Yehowa yɛ ma yɛn daa no, ɛnte saa anaa? Anisɔ a ɛte saa bɛka yɛn ma yɛayɛ saa ara, na yɛayɛ nhyehyɛe wɔ yɛn asetra a adagyew nni mu no mu asom no daa, a yɛmma ɔsram bi ntwam a yennya asɛnka adwuma no mu kyɛfa ɔkwan bi so mmu ho akontaa.

4 Ɛho hia nso sɛ yɛboa yɛn ho yɛn ho ma yenya ɔsom adwuma no mu kyɛfa daa, efisɛ nkontaabu kyerɛ sɛ afe a etwaam no mu no, nea edi kan no anuanom pii ankɔ asɛnka ɔsram biara, na afei wogyaee asɛnka koraa. Sɛ ebinom wɔ mo asafo no mu a, so munim nnipa ko? Na, nea ɛho hia kɛse no, dɛn na mubetumi ayɛ de aboa wɔn? Nea edi kan koraa no, mpanyimfo betumi adi kan akɔ wɔn nkyɛn, na ebia wɔde asafo mu asomfo bi a wobetumi asan akɔ wɔn nkyɛn de mmoa a efi ɔdɔ mu ama aka wɔn ho. Na sɛ́ ankorankoro nso no, yɛwɔ asɛyɛde wɔ eyinom a “wɔne yɛn bɔ abusua wɔ gyidi no mu” ho. (Gal. 6:10, NW) Enti, yɛhyɛ mo nkuran sɛ monyɛ nhyehyɛe sɛ mobɛkɔ akɔsra wɔn mu binom bere a mo ne mpanyimfo no asusuw ho akyi no.

5 Mpɛn pii no, nea ɛho hia ara ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn ho anigye na yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛde wɔn bɛka yɛn ho ne wɔn akɔ asɛnka, ma ebia yɛne wɔn akɔ sankɔhwɛ anaasɛ Bible adesua. Ebia eyi ankasa bɛkanyan anigye ne ɔdɔ a na anka wɔwɔ ma asɛnka adwuma no. Ebinom fam no, ebia ɛho bɛba mfaso sɛ yɛkanyan wɔn anisɔ ma honhom mu nneɛma. Yebetumi ayɛ eyi denam nsɛm atitiriw a ɛyɛ anigye a ɛwɔ nhoma horow no mu a yɛbɛka ho akyerɛ wɔn, anaa Kyerɛwsɛm mu asɛm bi a ɛyɛ anigye a yesuae wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase, anaa osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a yɛtee wɔ Ahenni Asa so anaa baabi foforo a yɛbɛka akyerɛ wɔn so. Ebia eyi bɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔaba nhyiam daa, na eyi akyi no, wobetumi aboa wɔn ma wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa.

6 Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa yɛbɛsom daa, ‘ayɛ pii Awurade adwuma no mu daa’ no, yɛn gyidi ‘betim’ a ‘enhinhim.’ Na eyi bɛma yɛatumi aboa afoforo a wɔntaa nkɔ asɛnka ɔsram biara anaasɛ wogyae asɛnka koraa no. Yebetumi anya ahotoso sɛ ‘yɛn brɛ nyɛ ɔkwa, Awurade mu.’​—1 Kor. 15:58.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena