Dɛn Na Yɛyɛe Wɔ June Mu?
Ɛkaa nnipa 827 ansa na yɛadu adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara wɔ May mu a ɛne 25,755 no ho. Nanso yenyaa nsɛmma nhomakra dodow a ɛsen biara wɔ 1984 ɔsom afe no mu wɔ June mu a ɛyɛ 730. Daa akwampaefo dodow no rekɔ anim ara ma wɔadu 1,571. So wubetumi aka wɔn ho? Wo nhyira bɛdɔɔso!