Nkaebɔ Ahorow
● Nhoma a Yɛde Bɛma: September: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase so anaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm. October: Happiness—How to Find It wɔ Borɔfo mu ne Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye wɔ Twi mu.
● LITERATURE INVENTORY: Yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka mo Literature Inventory biako a moahyehyɛ awie wɔ Baa Dwumadibea ha ansa na September 15 adu. Yɛsrɛ mo mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ eyi ansa na da no adu.
● NHOMA BO NSAKRAE: Yefii ase de nhoma bo foforo yɛɛ adwuma fi September 1, 1984. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo hwɛ sɛ adawurubɔfo de bo foforo no reyɛ adwuma.
● CONGREGATION ANALYSIS REPORT (S-10) : Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo hyehyɛ Congregation Analysis Report (S-10) no na wɔde mana Asafo ti no ntɛm ara bere a wɔn nsa aka asafo no August akontaabu na wɔahyehyɛ awie no. Yɛsrɛ mo, kratasin a wɔakyerɛw so “S-10 8/84” no nkutoo na momfa nyɛ eyi. Eyi yɛ foforo a wɔde manaa mo ɔsram a etwaam no. Mommmfa nkratasin a wɔde dii dwuma wɔ mfe a atwam no mu a ebia mowɔ bi wɔ mo asafo no mu no nni dwuma, anyɛ saa a mo akontaabu no bɛyɛ nea nsɛm atitiriw bi a ɛho hia no nka ho. Ansa na mobɛhyehyɛ kratasin no, munni kan nkenkan akwankyerɛ a ɛwɔ akyi no yiye na momfa nni dwuma bere a morehyehyɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ a mode nsɛm a yɛabisa no ho amanneɛbɔ bɛma pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ mu yiye sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ. Momfa biako nto asafo no mu.