So Wubetumi Adi Ahiade Titiriw Bi Ho Dwuma?
1 “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan.” Eyi yɛ Yesu Kristo nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho no fã. So ɛrenya mmamu? Ɛdenam Yehowa Adansefo a wɔreyɛ adu ɔpepem abiɛsa a wɔreyɛ adwuma wɔ nsase 203 no so no, mmuae no yɛ Yiw kɛse! Ɛno te saa wɔ Ghana nso. Wɔ mfirihyia aduosia a atwam no mu no na Yehowa ɔdansefo Kristoni biako pɛ na ɔrema Bible mu ɔkasa ahorow na ɔde Bible nhoma ahorow remema wɔ Accra. Ɛnnɛ nnipa a yɛn dodow reyɛ adu 28,000 rebɔ asɛmpa no dawuru wɔ asase yi so nyinaa.—Marko 13:10.
MMOA KƐSE HO HIA ARA
2 So ɛno kyerɛ sɛ adwuma no aba awiei? Ɛnte saa! Sɛ wususuw ho a, wɔ Ghana no, yɛyɛ asɛnka adwuma no fã kɛse no ara wɔ ɔman yi anafo fam nkutoo. Yɛntaa nyɛ ne fã kɛse a ɛka bom yɛ ɔmantifi no mu adwuma. Susuw eyi ho: Efi Firaw no ano wɔ Yeji kosi Paga, ne, efi Lawra kosi Bawku no, asase kɛse a ne tenten ne ne trɛw yɛ ɔkwansin 60,575 no nyinaa yɛ ɔmansin biako a asafo ahorow 12 pɛ na ɛwom. Sɛ yɛankan Yeji a ɛyɛ Brong Ahafo fã ankasa no anka ho a, adawurubɔfo 259 pɛ na wɔwɔ beae yi. Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no dodow yɛ 2,373,390 nti, sɛ wɔkyekyem a, ɔdawurubɔfo biako biara wɔ hɔ ma nnipa 9,164. Wɔ Ghana nyinaa no, sɛ wɔkyekyem a, ɔdawurubɔfo biako biara wɔ hɔ ma nnipa 440. So mmoa kɛse ho hia wɔ ɔmantifi hɔ? Yiw!
3 Wɔtaã ka sɛ nnipa pii nni ɔmantifi hɔ. Nanso, ɛte sɛ nea nnipa a wɔkan wɔn wɔ 1984 mu no daa no adi sɛ eyi yɛ nea wɔka ma ɛtra so dodo. Sɛ nhwɛso no, nnipa dodow a wɔwɔ Ghana no 51 biara nya asase a ne trɛw ne ne tenten reyɛ adu kwansin biako (1 sq. klm.) . Ɛyɛ nnipa 47 wɔ Atɔe mantam no mu, 58 wɔ Firaw mantam no mu ne 30 wɔ Brong Ahafo mantam no mu. Wɔ Upper East mantam no mu no, ɛyɛ nnipa 87! Ɛyɛ wo nwonwa? Nea yɛreka ne sɛ ɔmantifi a ɛyɛ yɛn asasesin a wɔde ahyɛ yɛn nsa no mu 41% a akra a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem 2.5 wom no yɛ nea wonni adanse pii wom sɛnea yɛpɛ no. Eyi yɛ ahiade titiriw, So wubetumi ayɛ nhyehyɛe adi ahiade yi ho dwuma, wɔ bere tiaa mu mpo?—Fa toto Yona 4:11 ho.
SO WUBETUMI DE WO HO AMA?
4 Wɔ mmere a atwam no mu no yɛyɛɛ nhyehyɛe maa daa akwampaefo ne adawurubɔfo a anyɛ yiye koraa no wobetumi ayɛ akwampaefo boafo adwuma no kɔɔ mmeae horow a wɔapaw wɔ hɔ, sɛ akuw ahorow, na wɔtra hɔ bɛyɛ asram abiɛsa na wɔyɛ asasesin no nyinaa mu adwuma. Wɔayɛ adwuma pa, na wɔaboa anigyefo binom mpo ma wɔagye asubɔ. Yɛreyɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ adwuma yi bio afe yi ne wɔ mfe a ɛda yɛn anim no mu. Enti, yɛreto nsa afrɛ daa akwampaefo ne asafo mu adawurubɔfo a wɔde wɔn ho bɛma. Wobetumi apaw asram a wɔpɛ sɛ wɔyɛ adwuma wom ne afe no mu bere biara, nanso yegye di sɛ July ne August ne November kosi March a nsu ntaa ntɔ wɔ hɔ no yɛ bere a eye ma adwuma yi.
5 So wubetumi? So wobɛpɛ sɛ wokɔ? ‘Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ma no yɛ anuanom mmarima a wɔwɔ ahoɔden a wobetumi ayɛ adwuma nnɔnhwerew pii, anantew mpɛn pii. Yennye nni sɛ ɛsɛ sɛ anuanom mmea bisa ho kwan. Nanso onua bi ne ne yere anaa mmusua dodow bi betumi de wɔn ho ama akɔyɛ nkurow akɛse te sɛ Tumu, Gambaga, Walewale ne nea ɛkeka ho no mu adwuma. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ma no nyinaa nya ɔpɛ sɛ wɔbɛtra asasesin no mu ɔsram biako. Sɛ wobetumi adi asram abien anaa abiɛsa wom a, ɛno nso ye. Wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔnnyɛ daa akwampaefo no bɛyɛ akwampaefo aboafo bere dodow a wɔwɔ asasesin no mu no. Wɔn ankasa na ɛsɛ sɛ wotua ka ahorow a wɔbɛbɔ, te sɛ nea ɛfa akwantu, aduan, ne nea ɛkeka ho ho no wɔ bere a wɔwɔ asasesin no mu no. Nanso, Asafo ti no bɛyɛ nhyehyɛe ma wɔn a wɔkɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ hɔ no nso agye nhoma na wɔama wɔakra nsɛmma nhoma wɔ akwampaefo bo so bere a wɔwɔ asasesin no mu no. Yegye di sɛ eyi bɛboa wɔn kakra wɔ sika fam.
SƐNEA WOBISA HO KWAN
6 Sɛ wubetumi de wo ho ama dwumadi titiriw yi a, kyerɛw Asafo ti no na ma wonhu ɔpɛ a wowɔ sɛ wode wo ho bɛma no. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛ nea edidi so yi wɔ krataa no mu: (1) Wo mfe, (2) bere a wugyee asubɔ, (3) sɛ woyɛ daa ɔkwampaefo anaa woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ akwampaefo boafo. (4) sɛ́ woyɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo mprempren, (6) bere ko, no bere tenten a woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ adwuma no ne sɛ ebia wopɛ sɛ woyɛ adwuma wɔ Northern, Upper East anaa Upper West mantam no mu. Sɛ woayɛ adwuma yi bi pɛn a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛka eyi wɔ wo krataa no mu na afei woakyerɛ faako a woyɛɛ adwuma ne sɛ ebia wobɛpɛ sɛ wɔsan de wo kɔ hɔ ara anaasɛ dabi. Sɛ woayɛ nhyehyɛe sɛ wo ne nnipa bi bɛyɛ adwuma a, kyerɛ wɔn din ne asafo ahorow a wɔwom. Mmusua dodow bi betumi abom de wɔn krataa aba, nanso ɛsɛ sɛ wɔbɔ kuw no mufo nyinaa din na wɔkyerɛ wɔn ho nsɛm.
7 Bere a wɔakyerɛw krataa no awie no, fa ma mo asafo ɔhwɛfo guamtrani no. Mpanyimfo kuw no besusuw ho na wɔde nea wɔwɔ ka aka ho de amana yɛn. Wɔ bere a atwam no mu no, yɛkae sɛ ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔn ani gye adwuma yi ho no di kan hwehwɛ wɔn a wɔne wɔn bɛkɔ ansa na wɔakyerɛw Asafo ti no. Afei de yɛreka akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho ma nyinaa sɛ, sɛ ɛyɛ nea wɔanya wɔn a wɔne wɔn bɛkɔ anaasɛ wonnyaa bi no, wɔnkyerɛw yɛn mfa wɔn asafo no so, Yɛbɛyɛ nea yebetumi biara ama wɔn a wobisa ho kwan no akɔ sɛ akuw horow, sɛnea dodow a wɔwɔ hɔ no te. Sɛ w’ani gye ho a, yɛsrɛ wo kyerɛw yɛn, anyɛ yiye koraa no aka asram abiɛsa na bere a wopɛ sɛ wufi ase no adu no.
8 Ampa, ɛho hia titiriw sɛ wɔka asɛmpa no wɔ Ghana ɔmantifi nyinaa. So wubedi ahiade titiriw yi ho dwuma? Susuw wo nsɛm tebea ho wɔ mpaebɔ mu. Ebia wubetumi aka sɛ, “Mini soma me,” na woama wo ‘anan ayɛ fɛ dɛn ara!’—Yes. 6:8; Rom. 10:13-15.