Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/86 kr. 4
  • Asɛmpa Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Adwempa Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa Wɔbɛka Akyerɛ—Wɔ Adwempa Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AFOFORO A WO NE WƆN BENYA ADWEMPA
  • Monna Kristo Adwene Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkurɔfo Nkyɛn A Yɛde Adwempa Bɛkɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Kura Adwempa Mu
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Tɔ Wo Bo Ase Twɛn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1986
km 6/86 kr. 4

Asɛmpa Wɔbɛka Akyerɛ​—Wɔ Adwempa Mu

1 Sɛ́ nnipa a yekura Ahenni ho asɛmpa no, ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya yɛn som adwuma no ho adwempa. Dɛn ntia? Efisɛ wiase a ɛwɔ Satan tumi ase yi ani abere sɛ ɛbɛma ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛno nti na Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnnwen ade koro wɔ wɔn mu. sɛnea Yesu Kristo kwan te no.’ (Rom. 15:5) Ɛwom, ohyiaa ɔsɔretia pii de, nanso okuraa adwempa mu bere nyinaa. ɔde ahotoso kasae, na ɔmaa ne nsɛm yɛɛ nea egyina tumi a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no so. (Mat. 7:28, 29) Wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔde hokwan biara a obenya no bɛka Ahenni anidaso no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔne wɔn nam no den honhom mu, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonni n’anammɔn akyi. So yebetumi ada adwempa a ɛte saa ara adi wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho nnɛ?

2 Ebia ɛtɔ bere bi a yebenya adwene a enye wɔ asasesin a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ho esiane sɛ ɛte sɛ nea ɛnsow aba nti. Asɛm no a yebegyae ka no kyerɛ afoforo ho a yensusuw. Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ nnipa kakraa bi na wobegye asɛmpa no atom de, nanso ne “yam hyehyee no” maa wɔn a ɔkaa asɛm kyerɛɛ wɔn no ara. Bere a ɔkɔɔ so ara de akokoduru kaa asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnsrɛ Agya no na ɔmma “adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu.” (Mat. 9:36-38) Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ anidaso bere nyinaa. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔwɔ ne ho no.

3 Wɔ afie pii mu no, okunu ne ɔyere de wɔn bere nyinaa yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so atra ase wɔ asetra gyinapɛn a wɔpɛ no mu anaasɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nea wobedi ara kwa. Mpɛn pii yɛnto obiara wɔ fie. Ebia adwempa a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛasusuw nsakrae a yɛbɛyɛ wɔ yɛn nhyehyɛe ho no ho na ama nneɛma pa afi mu aba. So woasusuw anwummere adansedi ho nhyehyɛe a wobɛyɛ no ho? Nneɛma pa afi mu aba ama ebinom a wɔkɔ ofiewuranom nkyɛn bere a wɔadidi awie annwummere a ɛtaa yɛ bere a wɔregye wɔn ahome a wɔwɔ tebea a ɛbɛma wɔatie asɛm no kɛse mu no.

AFOFORO A WO NE WƆN BENYA ADWEMPA

4 Afoforo a wo ne wɔn bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu no betumi ama woanya anigye kɛse. Eyi te saa titiriw bere a wo nkɔmmɔbɔ da adwempa adi no. Akyinnye biara nni ho sɛ nsɛm a enye a wɔka de abasamtu ba. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Israelfo bere so no, akwansrafo du a wonni gyidi de ‘amanneɛbɔ bɔne’ a ɛmaa ehu kɛse kaa ɔman mu no nyinaa mae. (Num. 13:32-14:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Salomo kyerɛwee sɛ: “Atesɛm pa ma nnompe mu ba hon.” (Mmeb. 15:30) Osuahu a esi nneɛma pa so dua a wɔka kyerɛ hyɛ afoforo den na ɛkanyan wɔn ma wɔkɔ so yɛ nnam wɔ ɔsom adwuma no mu.

5 So ɛtɔ bere bi a yɛtaa bu anigye a obi yi adi no adewa, bere a yɛne no abɔ Kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye mpo no? Ebia ebinom bɛtwentwɛn wɔn nan ase wɔ wɔn nkyɛn a wɔbɛsan akɔ no ho a wosusuw sɛ anigye a woyii adi no nyɛ nea ɛdɔɔso, anaasɛ ɛnyɛ anigye ankasa. Mma wo werɛ mfi sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Heb. 4:12) Yɛn nuanom aka osuahu ahorow pii a ɛkyerɛ sɛnea asɛntiaa bi a wɔka anaasɛ asɛm biako pɛ a wɔkenkan wɔ nsɛmma nhoma mu ama nnipa koma pafo ani agye kɛse no akyerɛ. Bere a ba a eyi betumi aba saa wɔ yɛn adwene mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsan akɔhwɛ anigyefo biara a yenyaa wɔn.

6 Yesu kuraa adwempa mu efisɛ na ogye di yiye sɛ ɔwɔ nokware a ebetumi ama nnipa ade wɔn ho. (Yoh. 8:32) Owiee ne som adwuma no koraa a akwanside ahorow nyinaa, a gye a afoforo nnye nni, anibiannaso, ne ɔtaa mpo, mfa ho. Ɛsɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa a efii mu bae a bɔ a wahyɛ sɛ ɔbɛka yɛn ho bere nyinaa no ka ho no ma yenya akokoduru a ehia a yɛde bɛkɔ yɛn anim wɔ adwempa mu no a yenim sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛn nso yebetumi awie yɛn som no koraa.​—Mat. 28:20; 2 Tim. 4:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena