Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/86 kr. 2
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 2
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 9
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 16
  • DAPƐN A EFI ASE MARCH 23
Yɛn Ahenni Som—1986
km 3/86 kr. 2

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE MARCH 2

Dwom 31

10 min: Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ne asafo mu de. Hyɛ dapɛn yi nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran. Ɔwɛn-Aban kra no rekɔ so ara March yi. Kyerɛ nea aba foforo mu nsɛm a wobetumi de adi dwuma. Yɛ ho ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.

8 min: “Nkaedi no Kwan a Yɛbɛhwɛ.” Ɔkasa a ɛyɛ anigye a egyina asɛm no so a atiefo nya mu kyɛfa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma (1) wɔnkyerɛw nnipa pɔtee a wɔde wɔn bɛba Nkaedi no ase no din wɔ ɛho nsaano nkrataa a wɔbɛkyekyɛ ama nnipa nyinaa wɔ asasesin mu no akyi. (2) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛnka nhyehyɛe mu kɛse wɔ Nkaedi bere no mu. (3) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Ahenni Asa so a wobesiesie ama Nkaedi mu. (4) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ Bible akenkan a wɔahyɛ ho nyansa no mu.

17 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Reasoning from the Scriptures Nhoma no Mmoa So.” Nsemmisa ne Mmuae. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiaa a egyina nkyekyem 2 so a akwampaefo baanu resiesie nnianim asɛm a etu mpɔn a wɔde Reasoning nhoma redi dwuma.

10 min: So Wubetumi Ayɛ Akwampaefo Boafo? Ɔkasa a ɛyɛ anigye a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Bere a aka adapɛn awiei anan wɔ March mu no, ɛnkaa akyi dodo sɛ wobɛyɛ bi. Sukuufo benya akwamma na adwumayɛfo pii renkɔ adwuma fi Fida March 28 kosi Dwoda March 31. Enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn mu pii sɛ yɛde nnɔnhwerew 60 bɛyɛ adwuma March mu. Wɔhyɛ adawurubɔfo nkumaa ne wɔn a wɔyɛ honam fam adwuma nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ bi. Sɛ worentumi nyɛ bi a, ɛnde wo ne akwampaefo no nyɛ adwuma sɛnea wubetumi.

Dwom 150 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 9

Dwom 216

10 min: Asafo mu nkaebɔ ne sika akontaabu. Sɛ asafo de baa dwumadibea foforo no ho ntoboa kɔe a, bɔ din na kamfo anuanom.

20 min: “Monyɛ Eyi . . . ” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde di asɛm ho dwuma. Ma wɔnkenkan nkyekyem no. Ɛsɛ sɛ nkyekyem 3 kosi 6 ho nsemmisa no ma adawurubɔfo, mpanyimfo, ne asafo mu asomfo kyerɛ nea wɔbɛyɛ de adi akwankyerɛ no ho dwuma. Oguamtrani hyɛ asɛnka adwuma kɛse a wɔbɛyɛ wɔ April mu ho nkuran.

15 min: “So Wuyi Ayamye a Ɛte sɛ Onyankopɔn De Adi?” Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ September 15, 1985, Watchtower, nkratafa 10-12 so.

Dwom 156 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 16

Dwom 133

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ dapɛn yi nsɛmma nhoma dwumadi ho nkuran. Afei nso, “Teokrase Nsɛmmansɛmma,” Ghana Ɔsom Akontaabu ne “Ɛrekɔ So Dɛn?”

15 min: Hyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ April mu ho nkuran. Ka akwampaefo aboafo dwumadi wɔ April a etwaam no mu ho asɛm. Bisabisa ebinom a wɔyɛɛ bi nsɛm. Ɔkwan bɛn so na abusua mufo boae? Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ ankorankoro ne abusua asɛyɛde ho nhyehyɛe ma wotumi yɛɛ eyi? So mmofra betumi de sukuu akwamma ayɛ bi? Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa. Fa ɛho akwammisa nkratasin kyerɛ.

20 min: “‘Nguan Foforo’ ne Awurade Anwummeduan No.” (February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 23-29.) Simma 13 ɔkasa a ɔpanyin a ne ho akokwaw, ebia Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo, ma de bɔ asɛm no mũa a simma-5 ɔyɛkyerɛ di akyi. Ɔdawurubɔfo a ne ho akokwaw de asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa, “Hia a Ɛho Hia sɛ Obi Bɛhwehwɛ Ne Ho Mu” ase boa obi a ɔreto nsa afrɛ no wɔ wɔn a wotumi di bi no ho. Ɔkenkan nkyekyem 20 ne 21 de ma onigyefo nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛba. Fa simma 8 a aka no hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya ho adwempa na wɔnhyɛ da nto nsa mfrɛ nnamfo, abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo ne sukuufo, Bible adesuafo​—obiara​—sɛ ɔmmra.

Dwom 181 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE MARCH 23

Dwom 143

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa Nkaedi dwumadi mu osuahu titiriw biako anaa abien ka ho. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so mmoa wɔn a wɔbaa Nkaedi ase no.

17 min: Mo ankasa monyɛ ho nhyehyɛe.

20 min: “So Moreyɛ Adwuma sɛ Abusua wɔ Honhom Mu Botae Ahorow Ho?” Asemmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ. Ma wɔnkenkan nkyekyem ne kyerɛw nsɛm sɛnea bere ma kwan.

Dwom 157 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena