Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/87 kr. 1
  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 7
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 14
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 21
  • DAPƐN A EFI ASE JUNE 28
Yɛn Ahenni Som—1987
km 6/87 kr. 1

Nhyiam Horow A Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Asuafo

DAPƐN A EFI ASE JUNE 7

Dwom 20

10 min: Yɛn Ahenni Som mu nkaebɔ ahorow a ɛfata ne asafo mu de. Hyɛ nsɛmma nhoma dwumadi wɔ saa dapɛn yi mu ho nkuran.

15 min: “Anigye a Yebekura mu wɔ Yɛn Som Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Sɛ moresusuw nkyekyem 5 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien. Wɔ ɔyɛkyerɛ a edi kan no mu no, fa mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no di dwuma na ma wɔnkra Ɔwɛn-Aban a ofiewura pene so kra. Wɔ ɔyɛkyerɛ a ɛto so abien no mu no, ofiewura no ka sɛ “Minni adagyew” de twa asɛm no mu. Afei ɔdawurubɔfo de mmuae a wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no mu wɔ asɛmti a ɛne “Conversation Stoppers” ase no di dwuma na ɔde nsɛmma nhoma foforo a aba ma a ɔde asɛm pɔtee bi a ɛwom di dwuma.

20 min: “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Ofie Bible Adesua a Wofi Ase.” Nsemmisa ne mmuae. Wɔ nkyekyem 3 no, yɛ ɔdawurubɔfo a ɔrebisa ɔkwampaefo anaasɛ ɔdawurubɔfo foforo bi a ne ho akokwaw mmoa wɔ fi a obefi Bible adesua ase ho no ho ɔyɛkyerɛ. Kyerɛ sɛnea wobesiesie wɔn ho denam “Look!” brochure a wɔde bedi dwuma no so. Wɔ ɔyɛkyerɛ no akyi no, oguamtrani da no adi sɛ ɛsono ofiewura biara ne sɛ obiara wɔ n’ahiade pɔtee ne nea n’ani gye ho. Si hia a di a wodi kan sua ade ne mpaebɔ ho hia so dua. Wɔ nkyekyem 5 no, ma adawurubɔfo no ara nyɛ sankɔhwɛ na womfi Bible adesua ase denam “Look!” brochure no nkyekyem 1-4 a wɔde di dwuma so.

Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 14

Dwom 157

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika akontaabu. Ka ntoboa biara a mode manae wɔ May mu a Asafo ti kyerɛ sɛ ne nsa aka no ho asɛm. Teokrase Nsɛmmansɛmma ne Ɛrekɔ So Dɛn? (Hwɛ borɔfo no mu.)

18 min: “Yehowa Dɔ a Wobɛyɛ ho Biribi wɔ Mmofraaberem.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho. Wubetumi abisabisa ɔdawurubɔfo kumaa bi a ɔyɛ nhwɛso pa a wayɛ akwampaefo boafo adwuma pɛn wɔ bere a atwam no mu anaasɛ ɔreyɛ nhyehyɛe ayɛ bi wɔ akwamma mu no nsɛm.

10 min: Nea Mmofra Reyɛ wɔ Yehowa Ahyehyɛde No Mu. Ma ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo bi a ne ho akokwaw yiye mmisabisa mmofra a wɔatetew wɔn yiye nsɛm anaasɛ ɔmma wɔmfa sɛnea Adansefo nkumaa a wɔwɔ wiase nyinaa reboa yiye wɔ Ahenni asɛmpaka no mu ho amanneɛbɔ mma. Wobetumi aka mo ankasa osuahu ahorow ho asɛm aka nea ɛwɔ 1987 Yearbook no nkratafa 12-13, 41-2, 51 ne 57-8 no bi ho.

7 min: Ɔpanyin ka Asemmisa Afã ho asɛm.

Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 21

Dwom 93

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya nsɛmma nhoma dwumadi mu kyɛfa Memeneda a ɛto so anan anaasɛ wɔ dapɛn no mu. Yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantia abien a mmofra ne afoforofo betumi de adi dwuma.

17 min: “Fa Reasoning Nhoma no Di Dwuma, wɔ Wo Som Adwuma Afã Horow Nyinaa Mu.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw asɛm ho a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a ne ho akokwaw di ho dwuma. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ntiantia abien. Biako kyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo di nsɛm a wɔka de yi wɔn ho ano a motaa hyia wɔ mo asasesin mu ho dwuma (rs nkr. 15, 24) na foforo no nso kyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo di asɛm a osuani a wɔaka akyerɛ no sɛ Yehowa Adansefo nyɛ wɔn a ‘wɔawo wɔn foforo’ bisa bere a ɔreyɛ Bible adesua ho dwuma. (Hwɛ rs nkr. 79, 80.)

20 min: “1987 ‘Yehowa Mu Ahotoso’ Ɔmantam Nhyiam.” Asemmisa-ne-mmuae a wɔde susuw krataa a ekura nkratafa abien a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som mu ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonni kan nyɛ nhyehyɛe na ama wɔakɔ nnansa no nyinaa. Kanyan Bolgatanga nhyiam a wɔbɛkɔ akɔboa ho anigye.

Dwom 116 ne mpaebɔ a wɔde wie.

DAPƐN A EFI ASE JUNE 28

Dwom 214

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhomawa dedaw a yɛde bɛma July a mowɔ ho asɛm kyerɛ asafo no. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnye bi dapɛn yi mu. Sɛ bere ma kwan a, yɛ sɛnea wɔde nhomawa no ma a wɔde mprempren Nkɔmmɔbɔ Asɛmti di dwuma ho ɔyɛkyerɛ tiaa.

15 min: “Bible Nnyinasosɛm Akyi a Wodi​—Ɔkwan a Eye Sen Biara.” Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina asɛm a ɛwɔ February 1, 1987 Watchtower mu so. Si asɛm a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Ahobrɛase​—Kodu He?” ase no so dua titiriw.

20 min: “Anigyefo a Yɛbɛkyerɛ Wɔn Kwan Aba Asafo no Mu.” Nkɔmmɔbɔ a atiefo nya mu kyɛfa a ɔyɛkyerɛ ahorow nso ka ho. Ɔdawurubɔfo biako betumi de asɛntitiriw a edi kan wɔ nkyekyem 3 adi dwuma wɔ adesua no akyi. Afei ɔdawurubɔfo yi ara betumi ayɛ nhwɛso a ɛto so abien a ɛwɔ nkyekyem 3 no ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 212 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena