Asemmisa Afã
● Ɔkwan bɛn na wɔfa so bu obi a ofi akwampae adwuma ase wɔ ɔsom afe no mfiase akyi no nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no ho akontaa?
Sɛ daa akwampaefo yɛ adwuma wɔ ɔsom afe a efi ase September 1 na ɛba awiei August 31 no mu nyinaa a, ɛsɛ sɛ wonya nnɔnhwerew 1,000 a wɔhwehwɛ fi wɔn nkyɛn no. Ɛsɛ sɛ akwampaefo a wofi ase wɔ ɔsom afe no mfiase akyi no nya nea ɛne ɔsom afe no fã a aka no hyia. Sɛ nhwɛso no, ebedu August 31 a ɔsom afe no bɛba n’awiei no na obi a ofii daa akwampae adwuma ase March 1 no anya asram asia na anyɛ yiye koraa no ɛsɛ sɛ obu nnɔnhwerew 500 ho akontaa.
Ɔsram biara nnɔnhwerew 90 akontaabu no yɛ botae a yɛhyɛ akwampaefo nyinaa nkuran kɛse sɛ wɔmpere nnu ho a bere a wofii ase no mfa ho. Sɛ ɔkwampaefo de nnɔnhwerew 90 yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara a, ɛsɛ sɛ otumi kɔ nhyiam ahorow ne akwamma a ɛmma nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ afi ne nkyɛn wɔ afe no mu no so ntew kɛse koraa. Sɛ okura nnɔnhwerew 90 ɔsram biara nhyehyɛe no mu a, ne ho renkyere no bere a ɔsom afe no rekɔ awiei no esiane sɛ ɛsɛ sɛ onya nnɔnhwerew bi a ɛkɔ anim a aka nti.
Ebia akwampaefo binom tebea horow, te sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ mmere pɔtee bi mu, no bɛhwehwɛ sɛ wɔsakra ɔkwan a wɔfa so de nya afe no mu nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkwampaefo biara nya nhyehyɛe bi a ɛbɛma watumi anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no wɔ afe no awiei, sɛ́ ɛyɛ nnɔnhwerew 1,000 wɔ afe mũ no nyinaa mu anaasɛ nnɔnhwerew 1,000 no nkyem a ɛne asram dodow a ɔde yɛɛ akwampae adwuma wɔ ɔsom afe no mu no hyia no.