Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/87 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1987
Yɛn Ahenni Som—1987
km 9/87 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

● Nhoma a yɛde bɛma September: Life​—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? de agye ¢380.

● Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu September 1, anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Amanneɛbɔ a efi ɔmansin so ahwɛfo hɔ kyerɛ sɛ asafo ahorow pii nhwehwɛ wɔn sika akontaabu mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hwɛ sɛ wɔahwehwɛ mu ɔkwan biara so.

● Yɛsrɛ ɔsom boayikuw no sɛ wɔnhwɛ sɛ wɔahyehyɛ Literature Inventory ne Congregation Analysis Report (S-10) no pɛpɛɛpɛ na wɔmfa nea edi kan no mmana Asafo ti no ntɛm ansa na September 6 adu.

● Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo de nhoma a wɔn ankasa hia ho abisade ma nea ɔhwɛ nhoma so no sen sɛ wɔbɛkra afi Asafo ti no hɔ tẽẽ. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no ma wɔde nkaebɔ ma ɔsram biara ansa na wɔakra nhoma afi Asafo ti no hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔankasa hwehwɛ nhoma bi no betumi abɔ nea ɔhwɛ nhoma so no amanneɛ ntɛm. Nanso, wɔn a wɔba baa dwumadibea ha no betumi atɔ nea wohia wɔ baabi a wogye ahɔho no sɛnea wɔyɛ daa no.

● Anuanom mmerante ne mmabaa ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo pii a wɔwɔ ɔman yi mu taa kyerɛw Asafo baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ aburokyiri no sɛ wɔhwehwɛ nnamfo a wɔne wɔn bedi nkrataa kyerɛw anaasɛ Asafo ti no ntɔ nneɛma ahorow bi mmana wɔn anaasɛ wɔmfa wɔn nkɔ aburokyiri. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ Asafo ti no nyɛ nkrataa kyerɛw nnamfo ho nhyehyɛe biara mma wɔn a wɔhwehwɛ bi. Yɛmmfa wɔn a wɔakra nsɛmma nhoma anaa asafo ahorow address mma nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛkyerɛw wɔn ankasa nkrataa ahorow. Na saa ara nso na Asafo ti no rentumi mmfa obi nkɔ aburokyiri anaasɛ ɛntotɔ nneɛma mma obi. Sɛ nea wuhia ne Bible ne ● Bible nhoma ahorow a, yɛsrɛ wo kra fa w’asafo no so.

● ƆMANSIN NHYIAM HOROW

September 5, 6: Ɔmansin 3B wɔ Nungua

September 5, 6: Ɔmansin 15 wɔ Tarkwa

September 12, 13: Ɔmansin 3C wɔ Madina

September 12, 13: Ɔmansin 17A wɔ Takoradi

September 19, 20: Ɔmansin 17B wɔ Aiyinasi

September 26, 27: Ɔmansin 2B wɔ Legon

● Mpanyimfo nhyɛ no nsow: Morentumi nsan nkra Asafo ti no baguam ɔkasa a ɛwɔ krataa so no na saa ara nso na wɔrentumi nnya bi nhyɛ ananmu bio. Sɛ mpanyimfo no siesie wɔn ɔkasa ahorow no wie a, ɛsɛ sɛ wɔsan de kɔma ɔhwɛfo guamtrani no, sɛ wɔrenyɛ no saa nso a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ photocopy na wɔde moma wɔn a wɔde ɔkasa ahorow ahyɛ wɔn nsa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena